Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Esiane sɛ tete Israel Hene Salomo anni Onyankopɔn nokware wɔ ne nkwakoraabere mu nti, yebetumi aka sɛ ɔrenya owusɔre?—1 Ahene 11:3-9.
Bible no bobɔɔ mmarima ne mmea gyidifo binom a akyinnye biara nni ho sɛ wobenya owusɔre din no, anka pɔtee sɛ ankorankoro biara a wɔbɔɔ ne din no benya owusɔre. (Hebrifo 11:1-40) Nanso, ɛdefa Salomo ho no, sɛ yɛde nea wɔyɛɛ Salomo wɔ ne wu mu toto nea wɔyɛɛ gyidifo binom wɔ wɔn wu mu ho a, yebetumi anya Onyankopɔn atemmu ho adwene.
Kyerɛwnsɛm no ka sɛ hokwan abien pɛ na ɛwɔ hɔ ma awufo—bere tiaa bi a wonni nkwa mu ne owu mu a wɔbɛka a wɔrensɔre bio. Wɔbɛtow wɔn a wobu wɔn atɛn sɛ wɔmfata owusɔre no agu “Gehenna” anaa “ogya tare” no mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔrensɔre bio koraa. (Mateo 5:22; Marko 9:47, 48; Adiyisɛm 20:14) Wɔn a wɔka eyinom ho ne nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, ɔfatwafo Yuda Iskariot, ne ebinom a wowuwui bere a Onyankopɔn atemmu baa wɔn so, te sɛ nnipa a na wɔwɔ Noa nna no mu ne Sodom ne Gomora nkurow mu no. * Wɔ owu mu no, wɔn a wɔde owusɔre bɛdom wɔn no kɔ adesamma nyinaa damoa—Sheol, anaa Hades—mu. Bible ka wɔn a wobenya owusɔre daakye no ho asɛm sɛ: “Na ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne Hades [damoa] yii emu awufo mae, na wobuu wɔn atɛn mmiako mmiako sɛnea wɔn nnwuma te.”—Adiyisɛm 20:13.
Ɛnde, na gyidifo a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no wɔ Sheol, anaa Hades, a wɔretwɛn owusɔre. Wɔn mu bi ne Onyankopɔn asomfo anokwafo Abraham, Mose, ne Dawid. Afei, susuw sɛnea Bible no ka wɔn wu ho asɛm no ho hwɛ. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Na wo de, wobɛkɔ w’agyanom nkyɛn asomdwoe mu, na wɔasie wo nkwakoraabere pa mu.” (Genesis 15:15) Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, wo ne w’agyanom rekɔda.” (Deuteronomium 31:16) Ɛdefa Salomo agya Dawid ho no, Bible ka sɛ: “Dawid ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Dawid kurow mu.” (1 Ahene 2:10) Enti, asɛm ‘ɔne n’agyanom kɔdae’ no yɛ kwan foforo a wɔfa so ka sɛ onipa no kɔɔ Sheol.
Bere a Salomo wui no, dɛn na ɛbaa no so? Bible no bua sɛ: “Na nna a Salomo de dii hene Yerusalem Israel nyinaa so si mfirihyia aduanan. Na Salomo ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu.” (1 Ahene 11:42, 43) Enti, ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Salomo wɔ Sheol anaa Hades a ɔretwɛn owusɔre.
Nea yɛaka yi kyerɛ sɛ owusɔre hokwan wɔ hɔ ma wɔn a Kyerɛwnsɛm no ka wɔn ho asɛm pɔtee sɛ, ‘wɔne wɔn agyanom kɔdae,’ no. Nokwarem no, ɛwom sɛ ahene pii a wobedii ade Salomo akyi no anni nokware de, nanso wɔka wɔn ho asɛm saa ara. Ntease wɔ eyi mu efisɛ, “bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Nokwarem no, sɛ wɔnyan “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa” wie a na yebehu wɔn a wɔadom wɔn anyan wɔn afi awufo mu no yiye. (Yohane 5:28, 29) Enti, sɛ anka yebesi pi aka nnipa pɔtee bi a wɔtraa ase tete mmere mu wusɔre ho asɛm no, yɛtwɛn Yehowa gyinaesi a ɛyɛ pɛ a yɛwɔ mu ahotoso no.
[Ase hɔ asɛm]
^ nky. 4 Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, June 1, 1988, kratafa 30-1.