Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kapadokia Beae a na Nkurɔfo Tete Abodan a Mframa ne Nsu Ayɛ Mu

Kapadokia Beae a na Nkurɔfo Tete Abodan a Mframa ne Nsu Ayɛ Mu

Kapadokia Beae a na Nkurɔfo Tete Abodan a Mframa ne Nsu Ayɛ Mu

ƆSOMAFO Petro kaa Kapadokia ho asɛm. Ɔkaa ‘amamfrafo a wɔabɔ ahwete Kapadokia’ no ho asɛm kaa afoforo ho wɔ ne krataa a edi kan a efi honhom mu no mu. (1 Petro 1:1) Na Kapadokia asase no te dɛn? Dɛn nti na na ɔmanfo no tete abodan mu? Na ɛyɛɛ dɛn na wohuu Kristosom?

Britain kwantuni W. F. Ainsworth a ɔkɔɔ Kapadokia nsrahwɛ wɔ 1840 mfe no mu no kae sɛ: “Mpofirim ara na yekopuee asase bi a abo akɛse a atifi yɛ feafeaa pii te sɛ kwae wowɔ so so, na na yenhu baabi a yɛwɔ mpo.” Sɛnea asase a ɛda hɔ no yɛ soronko no da so ara ma wɔn a ɛnnɛ wɔkɔ saa beae a ɛwɔ Turkey mantam mu nsrahwɛ no ho dwiriw wɔn. Abo “atenten a esisi hɔ” a ɛyɛ nwonwa a ɛtoatoa so sisi hɔ kyerebenn te sɛ asraafo wɔ Kapadokia abon no mu. Abotan no bi te sɛ ade a etua dan so a wusiw fa mu a ne tenten yɛ mita 30 anaa nea ɛboro saa. Afoforo nso sisi hɔ te sɛ mfɔte-siw akɛse tenten, nkaedum, anaa mmire.

Hwɛ sɛnea owia hann a ɛtɔ abo no so ma ɛhyerɛn yi kɔla a ɛsonsonoe no ma ɛyɛ fɛ fa! Sɛ edu anɔpa tutuutu a na ayɛ kɔkɔɔ. Sɛ edu awiabere a na ayɛ fitaa, na sɛ owia no rekɔtɔ a, na ayɛ sɛ akokɔsrade. Dɛn na ɛmaa “abo a ɛte sɛ mfɔte-siw ne abotan a esisi hɔ pii yi bae”? Na dɛn nti na nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no de hɔ ayɛ wɔn afie?

Nsu ne Mframa na Etutuu Abotan no Mu Ntokuru No

Kapadokia da Anatolia asase a aka kakraa bi ma Nsu atwa ho ahyia a ɛhyɛ Asia ne Europa ntam no mfinimfini. Sɛ ɛnyɛ ogya mmepɔw abien a ɛwɔ hɔ no a, anka asase no yɛ tɛtrɛɛ. Mfe mpempem a abɛsen kɔ no, saa ogya mmepɔw yi paee maa abotan soronko abien yii wɔn ho adi—ɔbotan a ɛyɛ den, ne ɔbotan a ɛnyɛ den a ɛyɛ ɔbotan fitaa a ogya bepɔw no nsõ a ɛyɛ den na ɛma ɛbae no.

Bere a nsubɔnten yiri faa abo a ɛnyɛ den no so, na osu tɔ guu so, na mframa nso bɔ faa so nkakrankakra no, ɛmaa abon donkudonku yiyii wɔn ho adi wom. Bere kɔɔ so no, abotan no nkyɛnkyɛn fii ase dwiriw nkakrankakra ma ɛbɛdanee abotan pii a ɛte sɛ mfɔte-siw akɛse, na ɛmaa ɛhɔ asase no so yɛɛ fɛ na ɛmaa wonyaa adwini a ebi nni asase so baabiara wɔ hɔ. Abotan a ɛte sɛ mfɔte-siw akɛse no bi ho atutu ntokuru pii ma ayɛ sɛ ɛwokyɛm mu ntokuru. Kurom hɔfo no buee abotan a ɛnyɛ den no mu de hɔ yɛɛ wɔn afie, na bere a wɔn mmusua no dɔɔso no, wɔyɛ adan no pii kaa ho. Saa adan yi mu tumi dwo bere a owia bɔ na emu yɛ hyew wɔ awɔw bere mu ma wɔn.

Anibuei Baa Faako a Wɔte Hɔ

Sɛ ɛnyɛ sɛ Kapadokiafo na wɔtraa abodan mu beae titiriw maa anibuei baa hɔ a, anka wɔrennya nnipa pii ne wɔn mmɔ. Na Silk Road (Sirikyi Kwan), a na agye din kɛse, a ɛyɛ aguadi kwan a ne tenten yɛ kilomita 6,500 a efi Roma Aheman no mu kɔ China no twam wɔ Kapadokia. Sɛ yɛde aguadifo a na wɔfa hɔ no to nkyɛn a, Persiafo asraafo, Helafo asraafo ne Romafo asraafo sen fa saa kwan yi so. Saa akwantufo yi de nyamesom ho adwen horow a wokura ba hɔ.

Eduu afeha a ɛto so abien A.Y.B mu no, na wɔanya Yudafo atrae wɔ Kapadokia. Na Yudafo a wofi Kapadokia no kɔɔ Yerusalem wɔ afe 33 Y.B mu. Wɔkɔɔ hɔ kodii Pentekoste Afahyɛ no. Enti, bere a wohwiee honhom kronkron no gui akyi no, ɔsomafo Petro kaa asɛm no kyerɛɛ Yudafo a na wofi Kapadokia no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-9) Ɛdaa adi sɛ wɔn mu binom gyee asɛm no toom na wɔde wɔn gyidi foforo a wɔanya no kɔɔ wɔn kurom. Ɛno nti na Petro kaa Kristofo a wɔwɔ Kapadokia ho asɛm wɔ ne krataa a edi kan no mu no.

Nanso, bere kɔɔ so no, abosonsomfo nyansapɛ fii ase nyaa Kristofo a wɔwɔ Kapadokia no so nkɛntɛnso. Asɔre akannifo atitiriw baasa a na wɔwɔ Kapadokia asɔre no mu wɔ afeha a ɛto so anan mu no mpo taa Baasakoro nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no akyi denneennen. Wɔn ne Gregory a ofi Nazianzus, Basil Ɔkɛseɛ, ne ne nua Gregory a ofi Nyssa.

Basil Ɔkɛseɛ no hyɛɛ ahotua asetra nso ho nkuran. Na abodan a wɔabue mu a Kapadokiafo no tete mu no bɛyɛɛ beae a ɛfata yiye maa ahotua asetra a ɔkamfoo kyerɛe no. Bere a ahotuafo a wɔwɔ hɔ no dɔɔso no, wɔde abodan akɛse no bi yeyɛɛ asɔredan ahorow. Eduu afeha a ɛto so 13 mu no, na wɔadan abodan bɛyɛ ahasa ayɛ no asɔredan. Wɔakora asɔredan no pii so abesi nnɛ.

Ɛwom sɛ wɔmfa asɔredan ne nkokorafi ahorow nni dwuma de, nanso mfe pii a abɛsen kɔ no wonhuu nsakrae titiriw biara wɔ ɔmanfo a wɔwɔ hɔ no asetram. Wɔda so tete abodan no pii mu. Nnipa a wɔkɔ Kapadokia nsrahwɛ no mu dodow no ara ho dwiriw wɔn wɔ sɛnea ɔmanfo no de wɔn nyansa ayɛ abotan a nsu ne mframa atutu mu ntokuru a wɔde ayɛ adan tete mu no ho.

[Asase mfonini wɔ kratafa 24, 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

KAPADOKIA

CHINA (Cathay)