Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Anwonwade No—Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

Yesu Anwonwade No—Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

Yesu Anwonwade No—Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

“WƆDE wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no [Yesu Kristo]; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.” (Mateo 8:16) “Na [Yesu] sɔre teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.” (Marko 4:39) Wubu saa nsɛm yi dɛn? So wugye di sɛ ɛka nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu ankasa ho asɛm, anaasɛ wote nka sɛ ɛyɛ ayɛsɛm, anansesɛm ara kwa?

Ɛnnɛ, nnipa pii adwenem yɛ wɔn naa yiye wɔ nokware a Yesu anwonwade ahorow no yɛ wɔ abakɔsɛm mu no ho. Ɛte sɛ nea afiri a wɔde hwɛ akyirikyiri ade ne nea wɔde hwɛ nneɛma nketenkete, wim nhwehwɛmu a wɔyɛ ne awosu mu nkwaadɔm mu nhwehwɛmu a wɔyɛ nnɛ no mma wɔnte Onyankopɔn anwonwa nnwuma ho asɛm kɛse.

Ebinom te nka sɛ anwonwade ahorow ho kyerɛwtohɔ no yɛ nsusuwii hunu anaa ayɛsɛm. Sɛnea nhoma bi a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ “nipa ko ankasa” a Yesu yɛ ho nhwehwɛmu no kyerɛwfo kyerɛ no, nsɛm a ɛfa Kristo anwonwade ahorow ho no nyɛ biribiara sɛ “aguadi ho dawurubɔ” a ɔde trɛw Kristosom mu.

Afoforo bu Yesu anwonwade ahorow no sɛ amimdi koraa. Ɛtɔ mmere bi a, wɔbɔ Yesu ankasa sobo sɛ ɔdaadaafo. Sɛnea Justin Martyr a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien Y.B. mu kyerɛ no, “wɔn a wɔkasa tia” Yesu no “bɔɔ mmɔden mpo so wɔbɛfrɛ no nkonyaayifo ne nea ɔdaadaa nkurɔfo.” Ebinom kyerɛ sɛ Yesu “anyɛ n’anwonwade ahorow no sɛ Yuda diyifo, na mmom, sɛ nkonyaayifo, obi a osisii abosonnan.”

Dɛn na Biribi a Entumi Nyɛ Yiye Kyerɛ?

Ebia wobɛte nka sɛ wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn naa no wɔ ntease titiriw bi nti a wɔmpɛ sɛ wogye anwonwade ahorow di. Wohu sɛ ɛyɛ den ma wɔn kɛkɛ, na entumi nyɛ yiye mpo sɛ wobegye nsusuwii a ɛne sɛ tumi a ɛboro nnipa de so na ɛyɛ anwonwade a ɛte saa no atom. Aberantewaa bi a ose ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no kae sɛ: “Anwonwade biara nni hɔ.” Afei ɔfaa afeha a ɛto so 18 mu Scotlandni nyansapɛfo David Hume nsɛm a ɔkyerɛwee no kae sɛ: “Anwonwade yɛ biribi a etia abɔde mu mmara.”

Nanso, nnipa pii yɛ ahwɛyiye kɛse sɛ wɔbɛka sɛ anwonwade bi ntumi nsi. The World Book Encyclopedia ka anwonwade ho asɛm sɛ “adeyɛ bi a wontumi nnyina abɔde ho mmara ahorow a wonim so nkyerɛkyerɛ mu.” Sɛ yegyina saa nkyerɛkyerɛmu no so a, ɛnde anka nnipa dodow no ara bebu ahunmu akwantu, radio so nkitahodi ne afiri a wɔde kyere TV so dwumadi no sɛ “anwonwade” a esii afeha a etwaam no ara mu. Ɛda adi sɛ nyansa nnim sɛ yɛbɛka sɛ anwonwade ahorow ntumi nsi esiane sɛ yentumi nnyina nnɛyi nimdeɛ so nkyerɛkyerɛ mu nti.

Sɛ yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛfa anwonwade ahorow a Yesu Kristo yɛe ho no mu a, dɛn na yebehu? So Yesu anwonwade ahorow no yɛ nokwasɛm anaa atosɛm?