Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | ƐHE NA WUBETUMI ANYA AWERƐKYEKYE?

Awerɛkyekye Wɔ Ahohia Da Mu

Awerɛkyekye Wɔ Ahohia Da Mu

Ɔhaw deɛ, ɛdɔɔso. Yɛrentumi nka ne nyinaa ho asɛm mmaako mmaako wɔ ha. Enti ma yensusuw emu nnan a yɛadi kan aka ho asɛm no ho nhwɛ. Wubehu sɛnea Onyankopɔn akyekye nnipa bi a wɔrefa ahohia ahorow mu no werɛ.

BERE A W’ADWUMA AFI WO NSA

“Adwuma biara a me nsa bɛka no, na meyɛ, na yegyaee nneɛma atotɔatotɔ.”​—Jonathan

Seth * ka sɛ, “Bere a m’adwuma fii me nsa no, saa bere no ara mu na me yere nso adwuma sɛee. Mfe mmienu deɛ, yɛn abusuafo na esusoo yɛn mu, na ɛwom ara nso a, na yenya fam fam adwuma kakra yɛ de twitwa yɛn ho. Ɛno maa me yere Priscilla yɛɛ basaa, na metee nka sɛ me so nni mfaso biara.

“Ɛyɛɛ dɛn na yetumi gyinaa ano? Priscilla werɛ amfi Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:34 no da. Ɛhɔ no, Yesu kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yedwennwen ɔkyena ho, efisɛ da biara mu bɔne ankasa dɔɔso ma da no. Na mpae a ofi ne komam bɔe no ma onyaa ahoɔden de kɔɔ so ara gyinaa mu. Me deɛ, Dwom 55:22 na ɛkyekyee me werɛ. Sɛnea Odwontofo no de n’adesoa too Yehowa so no, saa ara na me nso meyɛe, na osoo me mu. Ɛwom sɛ seesei manya adwuma deɛ, nanso sɛnea Yesu kaa wɔ Mateo 6:20-22 no, yɛayɛ yɛn ho awiɛmfoɔ. Ne korakora no, yɛabɛn Onyankopɔn paa, na me ne me yere nso abɛn yɛn ho paa.”

Jonathan ka sɛ, “Ná yɛn abusua no wɔ yɛn ankasa adwuma kakra a yɛyɛ de hwɛ yɛn ho. Bere a yɛbɔɔ ka buburoo no, na yesuro nea ebesi daakye. Ɔman no mu den a na ayɛ nti, mfe 20 a yɛde birii yɛn mogya ani yɛɛ adwuma no nyinaa ankosi hwee. Sikasɛm a na ayɛ basaa nti, na me ne me yere taa ko sika ho. Yɛantumi mpo amfa credit card antɔ adeɛ, efisɛ na yesuro sɛ anhwɛ a na wɔannye.

“Nanso Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom boaa yɛn ma yetumi sisii gyinae pa. Adwuma biara a me nsa bɛka no, na meyɛ, na yegyaee nneɛma atotɔatotɔ. Yɛn nuanom Yehowa Adansefo nso boaa yɛn. Wɔmaa yehuu sɛ yɛn so wɔ mfaso, na wɔboaa yɛn wɔ ahohia da mu.”

BERE A W’AWARE AGU

Raquel anom asɛm ni: “Bere a me kunu gyaw me hɔ mpofirim no, ɛhaw me paa na me bo fuwii. Nanso, mitwiw bɛn Onyankopɔn na ɔkyekyee me werɛ. Daa sɛ mebɔ Onyankopɔn mpae a, na minya akomatɔyam. Ɛba saa a, na ɛyɛ me sɛ wasiesie me koma a na abubu no.

“Esiane Onyankopɔn Asɛm Bible nti, matumi adi abufuw a na ahyɛ me so no so. Mekaee ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo 12:21 yi: ‘Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.’

“Ɛtɔ mmere bi a, ‘yɛbɛhwere ade.’ . . . Seesei, mede botae foforo asisi m’ani so.”​—Raquel

“Me yɔnko bi ma mihui sɛ ɛnyɛ m’awiei ara ne no. Ɔkenkan Ɔsɛnkafo 3:6 kyerɛɛ me, na ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛtɔ mmere bi a, ‘yɛbɛhwere ade.’ Saa afotu no, ɛwom sɛ na ano yɛ den deɛ, nanso na ɛno ara na na mihia. Seesei, mede botae foforo asisi m’ani so.”

Nea Elisabeth nso wɔ ka ni: “Sɛ w’aware gu a, wuhia mmoa. Me fam no, m’adamfo bi na ɔboaa me. Sɛ meresu a, na osu bi boa me, ɔkyekyee me werɛ, na ɔma metee nka sɛ mewɔ adɔfo. Migye di paa sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔde no maa me. Ɔmaa me ho tɔɔ me paa.”

BERE A WOYARE ANAA WO MFE AKƆ ANIM

“Mebɔ Onyankopɔn mpae a, mihu sɛ ne honhom kronkron no hyɛ me den.”​—Luis

Luis a yɛadi kan aka ne ho asɛm no wɔ koma yare a ɛyɛ hu paa. Bere a yare no kaa ne ho ne mprenu so no, ɛkaa dɛ, anka owui. Seesei, wɔde oxygen si ne so nnɔnhwerew 16 da biara. Ɔka sɛ, “Mebɔ Yehowa mpae daa. Na sɛ minya bɔ Onyankopɔn mpae saa a, ɛyɛ a mete nka sɛ ne honhom kronkron no ama manya ahoɔden. Mpaebɔ ma minya akokoduru de gyina yare no ano efisɛ mewɔ Onyankopɔn mu gyidi, na minim sɛ odwen me ho.”

Petra adi mfe 80, na ɔno nso ka sɛ, “Minyae a, anka mitumi yɛ nneɛma pii nanso mintumi. M’ahoɔden resa na ɛyɛ me yaw paa. Mete nka sɛ mayɛ mmerɛw na daa aduru nko ara na menom. Ɛyɛ a metaa dwen sɛnea Yesu ka kyerɛɛ ne Papa sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ɔmma ɔhaw bi mpa ne ho no ho. Saa bere no Yehowa hyɛɛ Yesu den, na me nso, ɔhyɛ me den. Sɛnea menom aduru daa no, saa ara nso na mebɔ mpae daa. Sɛ mene Onyankopɔn kasa wie a, na me ho atɔ me.”​—Mateo 26:39.

Sɛnea Petra te nka no, saa ara na Julian nso te nka. Ɔde bɛyɛ sɛ mfe 30 na ako yare bi a ama wabubu. Ɔka sɛ, “Obi a na anka mete akongua papa mu no, seesei deɛ, mete mmubuafo akongua mu. Nanso mihu sɛ me so wɔ mfaso efisɛ meboa nkurɔfo. Sɛ wosom afoforo a, ɛma w’amanehunu so tew. Yehowa nso, wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ahohia da mu, na onnii yɛn huammɔ da. Metumi aka asɛm a Ɔsomafo Paulo kae yi bi: ‘Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.’”​—Filipifo 4:13.

BERE A WO HO NIPA BI AWU

Antonio ka sɛ: “Bere a kar bɔɔ me papa ma owui no, ɛyɛɛ me sɛ mereso dae. Ná ɛyɛ yaw paa, obi a ɔnam ne baabi ɛnna kar abɔ no akum no kwa. Nanso anya aba awie. Ɔtɔree mum nnanum ansa na ɔrewu. Ɛyɛ a mempɛ sɛ me maame behu sɛ meresu, nanso sɛ ɛka me nko ara a, na matue su mu. Ɛyɛ a metaa bisa me ho sɛ, ɛbaa no sɛn?

“Saa bere no nyinaa, mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me ma mintumi nhyɛ me ho so na m’annwennwene pii. Nkakrankakra m’adwennwen no baa fam. Minim sɛ Bible ka sɛ ‘asiane to yɛn nyinaa bere a yɛnhwɛ kwan.’ Esiane sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro nti, mewɔ awerɛhyem paa sɛ mehu me papa wɔ owusɔre no mu.”​—Ɔsɛnkafo 9:11; Yohane 11:25; Tito 1:2.

“Ɛwom sɛ wimhyɛn akwanhyia no kum yɛn babarima no deɛ, nanso yɛda so ara kae nneɛma pa a yɛne no bom yɛe no.”​—Robert

Yɛadi kan aka Robert ho asɛm, ɔno nso ka biribi a ɛte saa. Ɔka sɛ: “Bere a me ne me yere, Maribel bɔɔ Yehowa mpae no, yenyaa asomdwoe a Bible ka ho asɛm wɔ Filipifo 4:6, 7 no bi. Akomatɔyam a yenyae no boaa yɛn maa yetumi ne nsɛm ho amanneɛbɔfo bɔɔ owusɔre anidaso no ho nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ wimhyɛn akwanhyia no kum yɛn babarima no deɛ, nanso yɛda so ara kae nneɛma pa a yɛne no bom yɛe no, na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn adwene besi ɛno so mmom.

“Bere a yɛn nuanom Adansefo kaa sɛ wohuu yɛn wɔ TV so sɛ yɛde ntoboase rekyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu no, yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔn mpaebɔ ka ho bi na ɛma yetumi yɛɛ saa. Migye di paa sɛ, awerɛkyekyesɛm bebree a wɔde menaa yɛn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Yehowa reboa yɛn.”

Nea yɛaka yi nyinaa kyerɛ sɛ, ɔhaw biara a nnipa refa mu no, Onyankopɔn betumi akyekye wɔn werɛ. Wo nso ɛ? Ɔhaw biara a wubehyia wɔ w’asetenam daakye no, obetumi akyekye wo werɛ. * Enti fa wo ho to Yehowa so ma ɔmmoa wo. Ɔno ne “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.”​—2 Korintofo 1:3.

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 23 Sɛ wopɛ sɛ wutumi bɛn Onyankopɔn na ɔkyekye wo werɛ a, hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no, anaa kyerɛw wɔn adwumayɛbea a ɛbɛn wo no.