Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Yare bi a emu yɛ den bɔɔ Pamela, enti okohuu adɔkotafo. Nanso wamfa anso hɔ ara. Ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no mma onnyina ne haw no ano. Mpae a ɔbɔe no, ɛboaa no anaa?

Pamela kaa sɛ: “Ná meyare kokoram, na bere a merehwɛ me ho yare no, na me yam taa hyehye me paa. Nanso bere biara a mɛbɔ Yehowa Nyankopɔn mpae no, na mihu sɛ me ho adwo me fɔmm, na na ɛmma ehu nkyekyere me. Ɛwom, me ho da so ara tutu me de, nanso mpaebɔ boa me paa. Ɛmma memfa m’adwene nsi me haw no so pii. Sɛ nkurɔfo bisa me sɛnea me ho te a, meka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me ho nhyɛ da nye, nanso m’ani gye!’”

Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma yare huhuuhu bi bɔ yɛn anaasɛ asɛm kɛse bi to yɛn ansa na yɛabɔ mpae. Yɛn nyinaa hyia ɔhaw. Ɔhaw no bi wɔ hɔ a, ɛso, ebi nso sua. Nanso ne nyinaa mu no, ɛyɛ a yetumi hu sɛ yehia mmoa. Ɛba saa a, mpaebɔ betumi aboa yɛn anaa?

Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.” (Dwom 55:22) Saa asɛm yi ka koma paa! Enti sɛn na mpaebɔ betumi aboa wo? Sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae wɔ ɔkwampa so a, ɔbɛboa wo ama woatumi agyina wo haw ano.—Hwɛ adaka a wɔato din “ Wobɔ Mpae a, Dɛn Na Wubenya?