Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 61

Yesu Tuu Ahonhommɔne Fii Abarimaa Bi So

Yesu Tuu Ahonhommɔne Fii Abarimaa Bi So

MATEO 17:14-20 MARKO 9:14-29 LUKA 9:37-43

  • NÁ WƆHIA GYIDI KƐSE ANSA NA WƆATUMI ATU AHONHOMMƆNE

Bere a Yesu, Petro, Yakobo, ne Yohane fi bepɔ no so bae no, wɔbɛtoo nnipadɔm bi. Wɔhuu sɛ biribi nkɔ yie. Ná akyerɛwfo bi abɛtwa asuafo no ho ahyia ne wɔn regye akyinnye denneennen. Nkurɔfo no huu Yesu no, ɛyɛɛ wɔn dɛ na wɔtuu mmirika kɔkyeaa no. Yesu bisaa sɛ: “Ɛdeɛn ho na mo ne wɔn redi anobaabaeɛ?”—Marko 9:16.

Ɔbarima bi fi nnipa no mu bɛkotoo Yesu nan ase kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mede me babarima a mum honhom wɔ ne soɔ brɛɛ wo; na baabiara a ɛbɛba ne soɔ no ɛtwa no hwe fam, n’ano pu ahuro na ɔtwɛre ne sẽ na ɔyɛ mmerɛ. Na meka kyerɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu, nanso wɔantumi.”—Marko 9:17, 18.

Ebia nea ɛkɔfaa anobaabae no bae ne sɛ, akyerɛwfo no kasa tiaa asuafo no, na ebi mpo a wɔserew wɔn sɛ wɔantumi ansa abarimaa no yareɛ. Ná abofra no papa ayɛ basaa, nanso Yesu anka hwee ankyerɛ no. Mmom ɔka kyerɛɛ nnipakuw no sɛ: “O awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔnni gyidie, berɛ tenten sɛn na me ne mo ntena? Mennya mo ho aboterɛ nkɔsi da bɛn?” Yɛbɛtumi aka sɛ na saa animka no kɔ ma akyerɛwfo a Yesu wɔ bepɔ no so no, wɔteetee n’asuafo no. Afei Yesu danee n’ani kyerɛɛ abofra no papa kaa sɛ: “Fa no brɛ me ha.”—Mateo 17:17.

Abarimaa no reyɛ adu Yesu nkyɛn no, honhommɔne no twaa no hwee fam wosoo no biribiribiri. Ɔmunimunii wɔ fam na n’ano twaa ahuro. Yesu bisaa abofra no papa sɛ: “Ɛfiri berɛ bɛn na yei ayɛ no?” Ɔkaa sɛ: “Ɛfiri ne mmɔfraase pɛɛ; na ɛtaa twa no hwe egya ne nsuo mu ma no pira.” Afei ɔsrɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn.”—Marko 9:21, 22

Ná abofra no papa nhu nea ɔnyɛ efisɛ Yesu asuafo no mpo antumi ammoa no. Bere a Yesu huu sɛnea ɔbarima no asɛm ayɛ awerɛhoɔ no, ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ no. Ɔkaa sɛ: “Wose, ‘Sɛ wobɛtumi ayɛ ho biribi a’? Hwɛ, sɛ obi wɔ gyidie a, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie ama no.” Ɛhɔ ara na papa no kaa sɛ: “Mewɔ gyidie! Baabi a mehia gyidie no boa me!”—Marko 9:23, 24.

Afei Yesu huu sɛ nnipadɔm no agye bum reba ne nkyɛn. Wɔbɛgyinagyinaa hɔ hwɛɛ nea ɛrekɔ so. Ɛnna Yesu teateaa honhommɔne no sɛ: “Mum ne asotire honhom, mehyɛ wo sɛ firi ne mu na mma ne mu bio.” Bere a honhommɔne no refiri abarimaa no mu no, ɛmaa no teateaam, na ɔsensene maa ne ho wosoo biribiribiri. Afei ɔdaa hɔ a wankeka ne ho. Bere a nkurɔfo huu nea asi no, wɔn mu bebree kaa sɛ: “Wawu!” (Marko 9:25, 26) Nanso bere a Yesu sɔɔ abofra no nsa no, ɔsɔree na ne “ho tɔɔ no dɔn no ara mu.” (Mateo 17:18) Nea Yesu yɛe no maa nkurɔfo no ho dwirii wɔn, na na ɛdi saa.

Bere bi a Yesu somaa asuafo no, wɔtumi tuu ahonhommɔne. Nanso saa bere yi deɛ anyɛ yie, enti wɔkɔɔ fie no, wɔbisaa Yesu sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antuo?” Yesu kyerɛɛ mu sɛ gyidi a wɔnni nti na ɛbaa saa. Ɔkaa sɛ: “Yei deɛ, sɛ ɛnyɛ mpaebɔ a, biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi atu no.” (Marko 9:28, 29) Ansa na obi bɛtumi atu honhommɔne a ɔyɛ den saa no, gye sɛ ɔnya gyidi kɛse na ɔbɔ mpae ma Onyankopɔn boa no.

Yesu toaa so sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tu firi ha kɔ do,’ na ɛbɛtu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yie mma mo.” (Mateo 17:20) Enti gyidi tumi yɛ nneɛma pii.

Ɛtɔ da a, nneɛma bi tumi yɛ ɔbotantim siw Yehowa som adwuma no kwan. Nanso sɛ yɛnya gyidi a, yɛbɛtumi atutu ɔhaw a ɛte sɛ mmepɔ no agu.