Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

Yesu asetenam nsɛm a ɛwɔ Bible mu no, kenkan ne nyinaa ho asɛm wɔ nwoma yi mu.

NNIANIM ASƐM

Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nneyɛe a ɛwɔ Nsɛmpa no mu bɛtumi asesa w’asetena.

TI 1

Onyankopɔn De Amanneɛbɔ Mmienu Bi Too Dwa

Ɔbɔfo Gabriel de amanneɛbɔ bi a obiara ntee bi da too dwa.

TI 2

Biribi Sii a Ɛkyerɛ Sɛ Yesu Bɛyɛ Onipa Kɛse

Ɛkwan bɛn so na Elisabet ne ne ba a ɔhyɛ yafunu mu nyinaa hyiraa Yesu?

TI 3

Wɔwoo Obi a Ɔbɛsiesie Kwan Mu

Bere a Sakaria kasaa wɔ anwonwakwan so no, ɔde nkɔmhyɛ bi a ɛho hia too dwa.

TI 4

Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree

Bere a Maria kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ ɔbarima bi na ahyɛ no nyem, na mmom Onyankopɔn honhom na ama wanyinsɛn no, so Yosef gyee no dii?

TI 5

Ɛhe na Wɔwoo Yesu na Bere Bɛn na Wɔwoo No?

Yɛyɛ dɛn hu sɛ wɔanwo Yesu wɔ December 25?

TI 6

Abofra a Wɔhyɛɛ Ne Ho Nkɔm

Bere a Yosef ne Maria de Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, Israelfo mmienu a wɔn mfe akɔ anim hyɛɛ Yesu daakye ho nkɔm.

TI 7

Nsoromma Mu Ahwɛfo Kɔsraa Yesu

Adɛn nti na nsoromma a wɔhuu wɔ Apuei no amfa wɔn ankɔ Yesu nkyɛn, na mmom ɛdii kan de wɔn kɔɔ owudifo Ɔhene Herode hɔ?

TI 8

Wɔdwanee Ɔhene Tirimmɔdenfo Bi

Yesu yɛ abofra no, Mesia no ho nkɔmhyɛ mmiɛnsa bi a ɛwɔ Bible mu baa mu wɔ ne so.

TI 9

Yesu Nyinii wɔ Nasaret

Na Yesu nuanom dodow yɛ sɛn?

TI 10

Yesu ne N’abusuafo Tuu Kwan Kɔɔ Yerusalem

Bere a Yosef ne Maria rehwehwɛ Yesu a wɔanhu no no, wɔn ho yeraw wɔ, nanso Yesu deɛ, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wɔanhu baabi a na ɔwɔ.

TI 11

Yohane Suboni Siesiee Kwan Mu

Bere a Farisifo ne Sadukifo bi baa Yohane nkyɛn no, ɔkaa wɔn anim. Adɛn ntia?

TI 12

Wɔbɔɔ Yesu Asu

Yesu anyɛ bɔne da, nanso adɛn nti na ɔkɔ ma wɔbɔɔ no asu?

TI 13

Nea Yɛsua Fi Yesu Sɔhwɛ Mu

Sɔhwɛ a ɛbaa Yesu so no ma yɛhu Ɔbonsam ho nokwasɛm mmienu bi.

TI 14

Yesu Fii Ase Pɛɛ Asuafo

Dɛn na ɛmaa Yesu asuafo nsia a wɔdi kan no gye dii sɛ wɔahu Mesia no?

TI 15

Ɔyɛɛ Anwonwade a Ɛdi Kan

Yesu maa ne maame huu sɛ ne soro Agya na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ no nea ɔnyɛ na ɛnyɛ ɔno.

TI 16

Yesu De Nnamyɛ Yɛɛ Onyankopɔn Apɛde

Yɛnim sɛ Onyankopɔn Mmara maa kwan sɛ ne nkurɔfo tumi tɔ mmoa wɔ Yerusalem bɔ afɔre. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na Yesu bo fuu Yerusalem adwadifoɔ no saa?

TI 17

Ɔkyerɛkyerɛɛ Nikodemo Anadwo

Yɛka sɛ ‘wɔasan awo obi bio’ a, dɛn na ɛkyerɛ?

TI 18

Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee

Yohane Suboni asuafo no huu sɛ Yesu asuafo rebɔ asu no, wɔn bo annwo so, nanso Yohane deɛ, anhaw no.

TI 19

Ɔkyerɛkyerɛɛ Samariani Baa Bi

Yesu kaa asɛm bi kyerɛɛ ɔbaa no, na na ɔnkaa saa asɛm no nkyerɛɛ obiara da.

TI 20

Ɔsan Yɛɛ Anwonwade Wɔ Kana

Yesu saa abofra bi yareɛ. Ɛfiri baabi a na Yesu wɔ rekɔ baabi a abofra no wɔ bɛyɛ kilomita 26.

TI 21

Ɔkɔɔ Nasaret Hyiadan Mu

Asɛm bɛn na Yesu kae a ɛmaa ne kuromfo yɛɛ sɛ wɔbɛkum no?

TI 22

Asuafo Nnan Bi Bɛyɛɛ Nnipa Yifo

Ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔnnyae mpataayi na wɔmmɛyɛ nnipa yifo.

TI 23

Yesu Yɛɛ Anwonwade Akɛse wɔ Kapernaum

Bere a Yesu tuu ahonhommɔne no, wamma wɔn kwan amma wɔanka sɛ ɔno Yesu nyɛ Onyankopɔn Ba. Adɛn nti na Yesu yɛɛ saa?

TI 24

Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu

Nkurɔfo baa Yesu hɔ ma ɔsaa wɔn yareɛ, nanso ɔkyerɛɛ sɛ ɛnyɛ ayaresa nti na ɔbae.

TI 25

Ɔde Ayamhyehye Saa Kwatani Bi Yareɛ

Asɛm tiawa bi Yesu kae no ma yɛhu sɛ ɔdwene wɔn a ɔsaa wɔn yareɛ no ho paa.

TI 26

“Wɔde Wo Bɔne Afiri Wo”

Yesu asɛm no ma yɛhu sɛ twaka bɛn na ɛwɔ bɔne ne yareɛ ntam?

TI 27

Ɔfrɛɛ Mateo

Adɛn nti na Yesu ne abɔnefo didii?

TI 28

Adɛn Nti Na Yesu Asuafo No Anni Mmuada?

Yesu de nsã kotokuo yɛɛ mfataho de kyerɛkyerɛɛ mu.

TI 29

Enti Obi Bɛtumi Ayɛ Adepa Homeda?

Dɛn na ɛmaa Yudafo no tuu wɔn ani sii Yesu so sɛ wasa obi a wayare mfe 38 yareɛ?

TI 30

Yesu ne N’Agya Ntam Te Sɛn?

Ɛyɛɛ Yudafo no adwene sɛ Yesu reyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ, nanso Yesu kaa sɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen no.

TI 31

Wɔtetee Ayuo Homeda

Adɛn nti na Yesu se ɔyɛ “Homeda Wura”?

TI 32

Dɛn na na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

Na Sadukifo ne Farisifo nka koraa, ɛha yi deɛ wɔyɛɛ baako tiaa Yesu.

TI 33

Ɔmaa Yesaia Nkɔmhyɛ Baa Mu

Wɔn a Yesu saa wɔn yare no, adɛn nti ɔkaa kyerɛɛ wɔn sɛ mmma wɔnka nea wayɛ no ne onipa ko a ɔyɛ nkyerɛ obiara?

TI 34

Yesu Yii Asomafo Dumienu

Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ɔsomafo ne ɔsuani ntam?

TI 35

Bepɔ So Asɛnka A Agye Din

Nya nsɛntitiriw a na ɛwɔ Yesu asɛnka no mu nkyerɛkyerɛmu.

TI 36

Ɔsraani Panyin Bi Nyaa Gyidi Kɛse

Dɛn na ɔsraani panyin yi yɛe a ɛyɛɛ Yesu nwonwa?

TI 37

Yesu Nyanee Okunafo Bi Ba

Wɔn a wɔhuu anwonwade no huu sɛ ɛkyerɛ biribi.

TI 38

Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm

Dɛn nti na Yohane soma kɔbisaa sɛ Yesu ne Mesia no anaa? So na Yohane adwenem yɛ no naa?

TI 39

Awo Ntoatoaso Asoɔdenfo Nnue

Yesu kaa sɛ Atemmu Da no, ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom asene Kapernaum. Kapernaum na na Yesu taa soɛ.

TI 40

Bɔne Fafiri Ho Mfatoho

Yesu kaa sɛ wɔde ɔbaa bi a ebia ɔyɛ oguamanfo bɔne afiri no. Ɛno kyerɛ sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ yɛbɛto Onyankopɔn mmara anaa?

TI 41

Tumi A Ɔde Yɛɛ Anwonwade No Fi He?

Yesu nuanom no susuu sɛ n’adwene asɛe.

TI 42

Yesu Kaa Farisifo No Anim

Dɛn ne “odiyifoɔ Yona sɛnkyerɛnne no”?

TI 43

Ahenni No Ho Mfatoho

Yesu de mfatoho nwɔtwe na ɛkyerɛkyerɛɛ ɔsoro Ahenni no mu.

TI 44

Yesu Maa Ahum Yɛɛ Dinn

Bere a Yesu maa mframa ne ahum yɛɛ dinn no, ɔma yɛhuu sɛnea asetena bɛyɛ ankasa wɔ n’Ahenni nniso ase.

TI 45

Ɔwɔ Tumi Mpo Wɔ Adaemone Bebree So

So ahonhommɔne bebree bɛtumi ahyɛ onipa baako so?

TI 46

Ɔde Ne Nsa Kaa Yesu Atade Nyaa Ayaresa

Yesu daa ne tumi ne ayamhyehye a ɔwɔ adi wɔ asɛm a ɛka koma paa yi mu.

TI 47

Ɔnyanee Abofra Bi A Wawu

Bere a Yesu kaa sɛ abaayewa no nwui na mmom wada no, nkurɔfo serew no. Dɛn na Yesu nim a nkurɔfo no nnim?

TI 48

Ɔyɛɛ Anwonwade Wɔ Nasaret Nanso Wɔpoo No

Ɛnyɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’anwonwade no na ɛmaa nnipa a ɛwɔ Nasaret no poo no, na mmom biribi foforo ntia.

TI 49

Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No

Asɛm ‘Ɔsoro ahennie no abɛn’ no kyerɛɛ dɛn ankasa?

TI 50

Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm No

Yesu kaa kyerɛɛ asomafo no sɛ mma wonnsuro sɛ wɔbɛkum wɔn. Sɛ saa a, dɛn nti na ɔkaa sɛ wonnwane nkɔ baabi foforo?

TI 51

Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase

Salome asaw no maa Herode ani gyei, enti ɔkaa ntam sɛ biribiara a ɔpɛ biara ɔde bɛma no. Ade a ɛyɛ hu bɛn na obisae?

TI 52

Ɔde Paanoo ne Mpataa Kakraa Bi Maa Mpempem Dii

Anwonwade a Yesu yɛe yi, sɛnea ɛka koma nti Nsɛmpa nnan no nyinaa kaa ho asɛm.

TI 53

Ɔhene a Ɔwɔ Tumi wɔ Abɔde So

Bere a asomafo no huu sɛ Yesu anante po so na wama mframa ayɛ dinn no, dɛn na wɔsua fii mu?

TI 54

Yesu Ne “Nkwa Paanoo No”

Nkurɔfo twaa kwan kɔhwehwɛɛ Yesu, nanso ɔkasa tiaa wɔn. Adɛn ntia?

TI 55

Yesu Asɛm no Yɛɛ Nnipa Pii Nwonwa

Yesu nkyerɛkyerɛ bi maa nkurɔfo ho dwirii wɔn, na ɛmaa n’asuafo bebree gyaee n’akyi di.

TI 56

Dɛn Paa na Ɛgu Onipa Ho Fi?

Nea ɛkɔ n’anom anaa nea ɛfiri ne mu ba?

TI 57

Yesu Saa Abayewa Bi ne Ɔsotifo Bi Yareɛ

Bere a Yesu de ɔbaa bi kuromfo totoo nkraman mma ho no, dɛn nti na anha ɔbaa no?

TI 58

Ɔmaa Nnipa Pii Paanoo na Ɔbɔɔ Asuafo no Kɔkɔ

Ɛduu baabi no, Yesu asuafo no huu mmɔreka a ɔreka ho asɛm no.

TI 59

Hwan Ne Onipa Ba no?

Dɛn ne Ahenni nsafoa no? Hwan na ɔde yɛɛ adwuma, na ɔde yɛɛ adwuma sɛn?

TI 60

Ahosakra no Yɛ Kristo Anuonyam Ho Mpopoe

Dɛn ne ahosakra no? Dɛn na na ɛkyerɛ?

TI 61

Yesu Tuu Ahonhommɔne Fii Abarimaa Bi So

Yesu kaa sɛ ahonhommɔne a wɔantumi antu no kyerɛ sɛ wɔn gyidi sua. Hwannom na na Yesu reka sɛ wɔn gyidi sua no? Ɛyɛ abarimaa no, ne papa, anaa Yesu asuafo no?

TI 62

Ahobrɛase Ho Asuade Kɛse

Mmarima mpanimfoɔ bi suaa biribi fii abofra kumaa hɔ.

TI 63

Yesu Afotu a Ɛfa Hintidua ne Bɔne Ho

Ɔkyerɛɛ akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so asiesie nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ anuanom ntam.

TI 64

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Bɔne Firi

Yesu de akoa tirimɔdenfo mfatoho no kyerɛɛ sɛ bɔne fafiri ho hia Onyankopɔn paa.

TI 65

Ɔrekɔ Yerusalem no, Ɔkyerɛkyerɛɛ Nkurɔfo

Yesu ne nnipa mmiɛnsa bi bɔɔ nkɔmmɔ kyerɛɛ wɔn nneɛma a obi yɛ a, ɛremma ɔntumi nni n’akyi.

TI 66

Ɔkɔɔ Asese Afahyɛ no Ase Wɔ Yerusalem

Dɛn na ebia ɛmaa wɔn a wɔretie Yesu no nyaa adwene sɛ ɔwɔ ahonhommɔne?

TI 67

“Obiara Nkasaa Saa Da”

Ɛkame ayɛ sɛ Yudafo Sanhedrin mufo nyinaa kasa tiaa Yesu, nanso wɔn mu baako nyaa akokoduru kaa bi maa no.

TI 68

Onyankopɔn Ba no Yɛ “Wiase Hann”

Yesu kaa sɛ “nokorɛ no bɛma moade mo ho.” Wɔbɛde wɔn ho afiri dɛn ho?

TI 69

Hwan ne Wɔn Agya​—Abraham Anaa Ɔbonsam?

Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo nea ɛma yɛhu Abraham mma, na ɔkyerɛɛ wɔn nea ɔyɛ n’Agya nso.

TI 70

Yesu Saa Obi a Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ

Asuafo no bisaa Yesu nea enti wɔwoo ɔbarima no onifuraefo. Ɔyɛɛ bɔne bi anaa? Anaa n’awofo na ɛyɛɛ bɔne? Yesu saa no yareɛ no, nkurɔfo no kekaa nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ na wɔn mu akyɛ.

TI 71

Farisifo no Yeree Onifuraefo a Yesu Saa no Yareɛ No

Ɔbarima a Yesu saa no yareɛ no kaa asɛm bi a ɛtɔ asom ma ɛhyɛɛ Farisifo no abufuo. Nea na ɔbarima no awofo suro sɛ Farisifo no de bɛyɛ wɔn no, ɛno ara na wɔde yɛɛ ɔbarima no; wɔtuu no fii hyiadan no mu.

TI 72

Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa

Yesu wɔ Yudea no, ɔyii asuafo 70 kyekyɛɛ wɔn mu mmienu mmienu somaa sɛ wɔnkɔka Ahenni no ho asɛm. Ɛhe na Yesu kaa sɛ asuafo no nkɔka asɛm no​—hyiadan mu anaa nkurɔfo afie mu?

TI 73

Samariani Bi Kyerɛɛ sɛ Ɔyɛ Yɔnko Pa

Samarini yɔnko pa mfatoho no, dɛn na Yesu kae a ɛma yɛnya asuade kɛse fi mu?

TI 74

Ahɔhoyɛ ne Mpaebɔ Ho Nkyerɛkyerɛ

Yesu kɔsraa Maria ne Mata wɔ wɔn fie. Ahɔhoyɛ ho ade bɛn na ɔkyerɛɛ wɔn? Akyiri yi, dɛn na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔrebɔ mpae a, wɔmmisa?

TI 75

Yesu Kyerɛɛ Nea Ɛde Anigye Ba

Yesu kaa “Onyankopɔn nsateaa” ho asɛm kyerɛɛ n’atamfo, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea Onyankopɔn ahenni anya ato wɔn. Afei ɔmaa nkurɔfo huu nea ɛbɛma wɔanya anigye ankasa.

TI 76

Ɔne Farisini Bi Didii

Yesu maa nkurɔfo huu sɛ Farisifo ne akyerɛwfo no yɛ nyaatwom. Nnesoa bɛn na wɔmaa nkurɔfo no soae?

TI 77

Yesu De Ahonyade Ho Afotu Maa Nkurɔfo

Yesu maa mfatoho bi sɛ ɔbarima bi sii asan akɛse. Afotu bɛn na Yesu tĩĩ mu kae a ɛma yɛhu sɛ, sɛ yɛdi ahonyade akyi a, asɛm bɛtumi ato yɛn?

TI 78

Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!

Yesu kyerɛɛ sɛ adamfofa a ɛda n’asuafo ne Onyankopɔn ntam no hia no paa. Adwuma bɛn na efiehwɛfoɔ nokwafoɔ no bɛyɛ ama wɔn honhom fam aduane adi? Afotu a wɔde maa wɔn sɛ wɔnsiesie wɔn ho no, adɛn nti na ɛho hia?

TI 79

Nea Enti a Ɔsɛe Da Hɔ Retwɛn Wɔn

Yesu kaa sɛ wɔn a ɔreboa wɔn no, sɛ wɔansakra a, ɔsɛe da hɔ retwɛn wɔn. Nea Yesu reyɛ de aboa wɔn ama wɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa no, na wɔbɛsua biribi afiri mu anaa?

TI 80

Odwanhwɛfoɔ Pa No ne Nnwammuo No

Sɛnea odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan no, ma yɛhu sɛnea Yesu nso ani ku ne n’asuafo no ho. Wɔbɛtie ne nkyerɛkyerɛ na wɔadi n’akyi anaa?

TI 81

Ɔne Agya No Yɛ Baako Nso Ɔnyɛ Onyankopɔn

Yesu atamfo binom bɔɔ no sobo sɛ ɔyɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. Nyansakwan bɛn na ɔfaa so bɔɔ wɔn asɛm no gui?

TI 82

Yesu Yɛɛ Asɛnka Adwuma wɔ Perea

Yesu kyerɛkyerɛɛ n’atiefo no maa wɔhuu nea ɛsɛ sɛ obi yɛ na wanya nkwa, na ɔmaa wɔhuu nea enti ebinom rentumi nyɛ saa. Saa bere no, na n’afotu no ho hia paa. Ɛnnɛ nso ɛ?

TI 83

Sɛ Onyankopɔn To Pono a, Hwannom na Ɔfrɛ Wɔn?

Bere bi a Yesu redidi wɔ Farisini bi fie no, ɔmaa mfatoho bi, na na ɛfa apontow kɛse bi ho. Asuade a ɛho hia ma Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa wɔ n’asɛm no mu. Asuade bɛn?

TI 84

Sɛ Obi Bɛyɛ Osuani a, Adɛn Nti na Ɛnsɛ sɛ Ɔtoto no Ase?

Sɛ obi ka sɛ ɔyɛ Kristo suani a, ɛnyɛ agorɔ. Yesu maa yɛhuu nea obi bɛyɛ ne suani a, ɛda hɔ retwɛn no. Nea ɔkae no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ebinom a afei na na wɔpɛ sɛ wɔbɛdi n’akyi no ho dwirii wɔn.

TI 85

Ɔbɔnefo Sakra a Ɛde Anigye Ba

Akyerɛwfo ne Farisifo no kasa tiaa Yesu sɛ ɔne ɔmanfo bɔ. Yesu maa mfatoho de kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn bu abɔnefo.

TI 86

Ɔba a Ɔyerae no San Bae

Ɔba hohwini mfatoho a Yesu mae no, dɛn na yɛbɛtumi asua afiri mu?

TI 87

Fa Wo Ho Adwene na Yɛ Nhyehyɛe Pa

Yesu de efiehwɛfoɔ daadaafo bi a ɔnka nokware yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ nokwasɛm bi.

TI 88

Nsakrae Baa Ɔdefo no ne Lasaro Asetenam

Sɛ wobɛtumi ate Yesu mfatoho yi ase a, gye sɛ woahu wɔn a ɔdefo no ne Lasaro gyina hɔ ma wɔn.

TI 89

Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Perea Ansa na Ɔrekɔ Yudea

Yesu maa yɛhuu su bi a ɛbɛtumi aboa yɛn na sɛ obi yɛ yɛn bɔne mpɛn pii mpo a, yɛatumi de akyɛ no.

TI 90

“Owusɔreɛ ne Nkwa”

Bere a Yesu kaa sɛ wɔn a wɔnya ne mu gyidi no “renwu da” no, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn?

TI 91

Ɔnyanee Lasaro

Anwonwade a Yesu yɛe yi, nnɛama mmienu bi wom a, Yesu atamfo no mpo antumi annye ho akyinnye.

TI 92

Akwatafo Du no, Baako na Ɔbɛdaa Ase

Ɔbarima a ɔnyaa ayaresa no, ɛnyɛ Yesu nko ara na ɔbɛdaa no ase; obi foforo ka ho.

TI 93

Onipa Ba no Bɛba

Dɛn na ɛbɛma Kristo mmae no ayɛ sɛ anyinam?

TI 94

Nneɛma Mmienu a Ɛhia Paa​—Mpaebɔ ne Ahobrɛase

Yesu mfatoho a ɛfa ɔtemmufo a ɔntene ne okunafo ho no, ɔsii su bi a ɛho hia so dua.

TI 95

Awaregyae ne Mmofra Ho Dɔ

Sɛnea na Yesu asuafo bu mmofra no, ɛnyɛ saa koraa na na Yesu bu mmofra. Adɛn ntia?

TI 96

Yesu ne Ɔdefo Bi Nkɔmmɔ

Dɛn na ɛmaa Yesu kaa sɛ ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu?

TI 97

Bobeturo Mu Adwumayɛfo Ho Mfatoho

Ɛbɛyɛ dɛn na adikanfo aka akyi na akyikafo abɛdi kan?

TI 98

Asomafo no Hwehwɛɛ Mpaninie

Yakobo ne Yohane srɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn dibea kɛse wɔ Ahenni no mu, nanso ɛnyɛ wɔn nko ara na na wɔpɛ saa hokwan no.

TI 99

Yesu Saa Anifuraefo Bi Yareɛ na Ɔboaa Sakeo

Bible ka sɛ Yesu saa onifuraefo bi yareɛ wɔ Yeriko baabi. Adɛn nti na wobɛka sɛ nea ɛsono sɛnea Nsɛmpa no biara kaa ho asɛm?

TI 100

Mmɛnnaa Du Mfatoho

Yesu kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.” Ɛno kyerɛ sɛn?

TI 101

Yesu Kɔɔ Betania Kɔdidii Simon Fie

Lasaro nuabaa Maria yɛɛ biribi a anyɛ nkurɔfo dɛ, enti wɔkasakasaa ho, nanso Yesu kaa bi maa no.

TI 102

Ɔhene no Tenaa Afurum Ba so Kɔɔ Yerusalem

Ɔmaa nkɔmhyɛ bi baa mu; wɔhyɛɛ saa nkɔm no, na adi mfe ahanum.

TI 103

Ɔtee Asɔrefie no Ho Bio

Wohwɛ a wobɛka sɛ nneɛma a adwadifoɔ no tɔn wɔ asɔrefie hɔ no, na asɛm biara nni ho, nanso adɛn na Yesu frɛɛ wɔn adwotwafoɔ?

TI 104

Yudafo no Tee Onyankopɔn Nne​—Wɔgye Dii Anaa?

Sɛ obi ka sɛ ɔgye Yesu di a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na ɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ ampa ɔgye no di?

TI 105

Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade

Yesu kyerɛkyerɛɛ asuafo no maa wɔhuu sɛ gyidi tumi yɛ nneɛma pii, na ɔkyerɛɛ wɔn nea enti Onyankopɔn ne Israel man twaa abusua mu.

TI 106

Bobeturo Ho Mfatoho Mmienu

Kenkan na hu nea Yesu mfatoho mmienu bi kyerɛ. Nea ɛdi kan, agya bi somaa ne mma sɛ wɔnkɔ ne bobeturo mu nkɔyɛ adwuma. Nea ɛtɔ so mmienu, bobeturo wura bi de ne bobeturo gyaa akuafo bi sɛ wɔnyɛ mu adwuma, nanso na wɔyɛ nnipa bɔne.

TI 107

Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia Ase

Yesu mfatoho no yɛ nkɔmhyɛ.

TI 108

Wɔyɛɛ sɛ Wɔbɛma Yesu Ho Akyere no Nso Anyɛ Yie

Ɔmaa Farisifo no kaa wɔn ano toom, na akyiri yi ɔmaa Sadukifo nso nsɛm kaa wɔn tirim. Bere a atamfo kaa wɔn ntoma bɔɔ ano na wɔbae no, wɔantumi no.

TI 109

Ɔbɔɔ Nyamesom Mpanimfoɔ no Akyi

Adɛn nti na Yesu ampene so sɛ ɔsom ahorow nyinaa yɛ?

TI 110

Da a Ɛtwa To a Yesu Kɔɔ Asɔrefie Hɔ

Yesu de nea okunafo hiani no yɛe no yɛɛ asuade kɛse.

TI 111

Asomafo no Kaa sɛ Yesu Mma Wɔn Sɛnkyerɛnne

Ne nkɔmhyɛ no bi baa mu asomafo no bere so. Nea aka no nyinaa bɛba mu wɔ wiase nyinaa anaa?

TI 112

Mmaabun Mfatoho no Ho Adesuade

Yesu mfatoho no, ɛkyerɛ sɛ n’asuafo no, na emu fã yɛ nkwaseafo na fã yɛ anyansafo anaa?

TI 113

Adesuade a Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho no Mu

Yesu mfatoho no kyerɛ asɛm a ɛdi so yi mu: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka.”

TI 114

Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie Atɛn

Yesu de mfatoho a ɛka koma kyerɛkyerɛ nea wɔbɛgyina so abu atɛn daakye; atemmu a obiara bɛnya no bɛtena hɔ daa.

T 115

Twam Afahyɛ a Yesu Dii a na Ɔrenni Bio

Nyamesom mpanimfoɔ no penee so sɛ wɔbɛma Yuda nnwetɛbona 30 na wayi Yesu ama wɔn. Dɛn na na na wɔtɔn gye saa boɔ no?

TI 116

Ɔkyerɛɛ Asomafo no Ahobrɛase Wɔ Twam no Ase

Ɔyɛɛ adwuma a nkoa na ɛsɛ sɛ wɔyɛ maa asomafo no ho dwirii wɔn.

TI 117

Awurade Anwummeduane

Yesu de nkaedi bi sii hɔ sɛ afe biara n’akyidifo nyɛ no Nisan 14 mfa nkae no.

TI 118

Wɔgyee Nea Ɔyɛ Wɔn Mu Kɛse Ho Akyinnye

Yesu kyerɛɛ Asomafo no ahobrɛase ho ade saa anwummere no, nanso ankyɛ koraa na wɔn werɛ fii.

TI 119

Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa

Yesu kyerɛɛ asomafo no ɛkwan paa a wɔbɛtumi afa so akɔ Onyankopɔn nkyɛn.

TI 120

Dua Nkorabata a Ɛso Aba ne Yesu Nnamfo

Ɛkwan bɛn so na Yesu asuafo ‘so aba’?

TI 121

“Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Madi Wiase So Nkonim”

Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu adi wiase no so nkonim bere a wiase no kum no?

TI 122

Yesu Mpae a Ɔde Wiee Afahyɛ No

Ɔmaa wɔhuu sɛ wayɛ ade kɛse bi a ɛkyɛn daa nkwa a ɔbɛma nnipa anya koraa.

TI 123

Ɔde Awerɛhoɔ Bɔɔ Mpae

Adɛn nti na Yesu bɔɔ mpae sɛ: “Yi kuruwa yi firi me so”? Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛwu de ne nkwa abɔ afɔre ama nnipa bio anaa?

TI 124

Yuda Yii Kristo Mae na Wɔkyeree no Kɔe

Ná ɛyɛ dasuom, nanso Yuda tumi huu Yesu.

TI 125

Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De no Kɔɔ Kaiafa Hɔ

Sɛnea wɔdii Yesu asɛm no ma yɛhu sɛ wɔbuu no atɛnkyea.

TI 126

Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu

Ná Petro yɛ obi a ɔwɔ gyidi na ɔmfa ne som nni agorɔ. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔno ampa ara, ɔtumi kaa sɛ ɔne Yesu nni hwee yɛ?

TI 127

Sanhedrin no Dii N’asɛm De no Kɔmaa Pilato

Afei Yudafo nyamesom mpanimfoɔ no kaa biribi a ɛma yɛhu nea na ɛwɔ wɔn komam paa.

TI 128

Pilato ne Herode Huu sɛ Asɛm Nni Yesu Ho

Adɛn nti na Pilato de Yesu kɔmaa Herode sɛ ɔnni n’asɛm? Ná Pilato nni tumi sɛ ɔdi Yesu asɛm anaa?

TI 129

Pilato Kaa Sɛ: “Hwɛ! Onipa no Nie!”

Suban pa a Yesu daa no adi no yɛɛ Pilato mpo fɛ.

TI 130

Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No

Mmaa a na wɔdi Yesu akyi resu no, adɛn nti na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsu mma wɔn ho ne wɔn mma?

TI 131

Ɔhene a Ɔnyɛɛ Bɔne Biara Huu Amane wɔ Dua So

Abɔnefo a na wɔsɛn Yesu nkyɛn no, Yesu hyɛɛ ɔbaako bɔ, na na ɛnyɛ bɔhyɛ ketewa.

TI 132

“Ampa Ara, Onipa Yi Yɛ Onyankopɔn Ba”

Esum a ɛduruu asase so awia ketee, asase a ɛwosoe ne asɔrefie hɔ ntwamutam no a emu suan mmienu no, ne nyinaa kɔsi asɛm baako so.

TI 133

Wɔsiesiee Yesu Amu Kɔsiee No

Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔsie Yesu ansa na awia akɔtɔ?

TI 134

Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!

Yesu nyanee no, ɛnyɛ asomafo no na ɔdii kan yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn; mmom ɔyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo mmaa no baako.

TI 135

Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nnipa Pii

Dɛn na Yesu yɛe a ɛmaa n’asuafo no huu sɛ ampa wanyane?

TI 136

Galilea Mpoano

Yesu bisaa Petro asɛm bi mprɛnsa maa ɔhuu nea ɔyɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Yesu.

TI 137

Pentekoste Reyɛ Adu Hɔ no, Nnipa Pii Huu No

Wɔnyanee Yesu no, ɔkaa nea asomafo no nsa bɛka ne dwuma a wɔde bɛdi ho asɛm kyerɛɛ wɔn mpɛn pii ansa na ɔrekɔ soro.

TI 138

Kristo Kɔtenaa Onyankopɔn Nsa Nifa

Bere a Yesu retwɛn wɔ soro akɔsi sɛ ɔbɛkɔ akɔdi n’atamfo so nkonim no, dɛn na ɔyɛe?

TI 139

Yesu De Paradise Bɛba na Wawie N’Adwuma

Adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yesu yɛ ansa na ɔde Ahenni no ama ne Nyankopɔn ne n’Agya.

Suasua Yesu na . . .

Su ahorow nnwɔtwe bi wɔ hɔ a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi wɔ ne biribiara mu.

Bible Mu Nsɛm a Yɛahyehyɛ

Nsɛmpa nnan no, sɛ wopɛ sɛ wohu nwoma yi mu baabi pɔtee a wɔaka ne fã bi ho asɛm a, hwɛ Bible mu nsɛm a yɛahyehyɛ yi.

Baabi a Wobɛhu Mfatoho no Biara

Yɛakyerɛ eti a mfatoho no biara wɔ wɔ nwoma yi mu.

Mesia Ho Nkɔmhyɛ Ahorow Bi

Bible nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no, fa toto nsɛm a ɛsisii n’asetenam no ho. Afei kenkan ɛho asɛm wɔ nwoma yi mu hwɛ.

Mmeae a Yesu Tenae na Ɔyɛɛ Ne Nkyerɛkyerɛ Adwuma No

Map yi kyerɛ mmeae a Yesu ne n’asɛnka adwuma no.