Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 109

Ɔbɔɔ Nyamesom Mpanimfoɔ no Akyi

Ɔbɔɔ Nyamesom Mpanimfoɔ no Akyi

MATEO 22:41–23:24 MARKO 12:35-40 LUKA 20:41-47

  • HWAN BA NE KRISTO NO?

  • NYAMESOMFO NYAATWOMFO NO, YESU MAA WƆN SUBAN DAA ADI

Nyamesom mpanimfoɔ no antumi angu Yesu anim ase, na bere a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma Yesu akasa atia Romafo no nso, anyɛ yie. (Luka 20:20) Ná Yesu da so wɔ asɔrefie hɔ Nisan da a ɛtɔ so 11 no. Saa da no deɛ, Yesu na ɔde asɛm bi pem n’atamfo no na ama wɔahu onipa ko a ɔyɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Adwene bɛn na mowɔ wɔ Kristo no ho? Ɔyɛ hwan ba?” (Mateo 22:42) Ná obiara nim sɛ Kristo anaa Mesia no bɛfiri Dawid abusua mu na aba. Enti bere a nyamesom mpanimfoɔ no rema mmuaeɛ no, saa ara na wɔkae.—Mateo 9:27; 12:23; Yohane 7:42.

Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ afei adɛn nti na honhom no maa Dawid frɛɛ no ‘Owura,’ kaa sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase”’? Enti sɛ Dawid frɛɛ no ‘Owura’ a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”— Mateo 22:43-45.

Farisifo no amma mmuaeɛ biara; wɔn deɛ na wɔn ani da so sɛ Dawid aseni bi bɛba abɛgye wɔn afiri Romafo no nsam. Nanso Yesu de Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 110:1, 2 no kyerɛɛ wɔn sɛ Mesia no nyɛ ɔdasani bi kɛkɛ. Mmom ɔyɛ Dawid Wura, na ɔbɛtena Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro, na akyiri yi ɔbɛdi tumi. Yesu mmuaeɛ no maa Farisifo no kaa wɔn ano toom.

Ná asuafo no ne nnipa pii retie Yesu. Afei Yesu de n’adwene kɔɔ wɔn so bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ akyerɛwfo ne Farisifo no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ saa mmarima no te “Mose adwa so,” enti wɔn na wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara. Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Enti deɛ wɔka kyerɛ mo nyinaa, monni so na monyɛ, nanso monnyɛ wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔka nanso wɔnyɛ.”—Mateo 23:2, 3.

Afei Yesu kaa nneɛma bi a na wɔreyɛ a ɛkyerɛ sɛ ampa wɔyɛ nyaatwom. Ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ twerɛsɛm kotokuo a wɔde bɔ wɔn ho ban no atɛtrɛtɛ.” Saa bere no, na Yudafo no bi wɔ kyerɛwsɛm kotoku nketenkete a Mmara nsɛm no bi wom, na na wɔtumi de bɔ wɔn moma so anaa wɔde to wɔn nsa. Nanso Farisifo no hyɛɛ da yeyɛɛ wɔn de no akɛse, na ama obiara ahu sɛ wɔn na wɔdi Mmara no so paa. Saa bere no nso, na mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ wɔn ntade ano mmɛsã. Nanso Farisifo no deɛ, na wɔyɛ wɔn de “akɛseɛ.” Enti, na wɔn ntade ano yɛ atenten sen obiara de. (Numeri 15:38-40) Wɔyɛɛ weinom nyinaa “sɛdeɛ nnipa bɛhunu” wɔn.—Mateo 23:5.

Yesu asuafo no mpo, wɔanhwɛ yie a, anka wɔbɛtumi afa saa suban no bi. Enti ɔtuu wɔn fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, ɛfiri sɛ ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa moyɛ anuanom. Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asase so, na ɔbaako ne mo Agya, Ɔsorosoroni no. Afei nso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘akannifoɔ,’ ɛfiri sɛ mo Kannifoɔ yɛ baako, ɔne Kristo.” Ɛnde sɛn na na ɛsɛ sɛ asuafo no bu wɔn ho na wɔyɛ wɔn ade? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no yɛ mo somfoɔ. Obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.”—Mateo 23:8-12.

Afei Yesu kaa nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo no wɔ asɛm bɔ no pɔ. Ɔkaa sɛ: “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ moto ɔsoro ahennie mu wɔ nnipa anim; mo a monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso momma wɔn kwan.”—Mateo 23:13.

Nea ɛmaa Yesu kaa Farisifo no anim ne sɛ, na wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee, enti wɔhyehyɛɛ wɔn ara mmara. Wɔn mmara no baako ne sɛ: “Sɛ obi ka asɔrefie no ntam a, ɛnyɛ hwee, na sɛ ɔka asɔrefie hɔ sika no ntam a, asodie da ne so.” Ɛno ma yɛhu sɛ ɛba abrabɔ fam a, na wɔyɛ anifuraefo, efisɛ na asɔrefie hɔ sika no hia wɔn sen Yehowa som a ɛkɔ so wɔ hɔ no. Afei nso, “Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne nokorɛdie no deɛ,” na wɔmfa nyɛ hwee.—Mateo 23:16, 23; Luka 11:42.

Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne nneɛma so yi nwansena nanso momene yoma!” (Mateo 23:24) Saa bere no, na wɔbu nwansena ne yoma nyinaa sɛ mmoa a wɔn ho ntew. Ná Farisifo no sɔne wɔn nsã so yi emu nwansena, nanso na wɔbu wɔn ani gu Mmara no mu nneɛma a emu yɛ duru no so. Enti na akɔyɛ sɛ nea wɔremene yoma a ɛso sen nwansena koraa.—Leviticus 11:4, 21-24.