Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?

Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?

W’adwene yɛ wo sɛ ɛyɛ . . .

  • nhoma a wɔde nnipa nyansa akyerɛw?

  • anansesɛm?

  • Onyankopɔn Asɛm?

NEA BIBLE AKA

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.”​—2 Timoteo 3:16, Wiase Foforo Nkyerɛase.

ƆKWAN BƐN SO NA ƐBƐBOA WO?

Wubenya nsɛm a ɛkyere nnipa adwene paa ho mmuae.​—Mmebusɛm 2:1-5.

Ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ w’abrabɔ mu.​—Dwom 119:105.

Ɛbɛma woanya anidaso pa.​—Romafo 15:4.

ENTI NEA BIBLE AKA YI YƐ AMPA?

Nneɛma abiɛsa yi nti yebetumi aka sɛ ɛyɛ ampa:

  • Emu nsɛm nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ. Nnipa bɛyɛ 40 na wɔde bɛyɛ mfe 1,600 kyerɛw Bible no. Wɔn mu pii mpo anhyia da. Ne nyinaa akyi no, Bible mu nsɛm nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ, na ekura asɛmti biako!

  • Wɔn a wɔkyerɛwee no kaa nokware. Yɛhwɛ wiase nhomakyerɛwfo a, yehu sɛ wɔn man di nkogu a, wɔntaa nka ho asɛm. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no de, sɛ wodi mfomso bi anaasɛ wɔn man di nkogu mpo a, wɔmfa nsie; wɔkyerɛw no pɛpɛɛpɛ.​—2 Beresosɛm 36:15, 16; Dwom 51:1-4.

  • Emu nkɔmhyɛ ba mu. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ tete kurow Babilon bɛsɛe, na ɛka too hɔ mfe 200 ansa na ɛreba mu. (Yesaia 13:17-22) Ɛkyerɛɛ ɔkwan pɔtee a atamfo bɛfa so adi Babilon so nkonim, na nea obedi so nkonim no mpo, ɛbɔɔ ne din!​—Yesaia 45:1-3.

    Bible hyɛɛ nkɔm foforo pii maa ɛno nso baa mu pɛpɛɛpɛ; biribiara anka mu. Ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm na ebetumi aba mu pɛpɛɛpɛ saa?​—2 Petro 1:21.

HWƐ ASƐMMISA YI

Wode Onyankopɔn Asɛm bɔ wo bra a, mfaso bɛn na wubenya?

Bible ma saa asɛm no ho mmuae wɔ YESAIA 48:17, 18 ne 2 TIMOTEO 3:16, 17.