Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 115

Paradise Foforo wɔ Asase So

Paradise Foforo wɔ Asase So

HWƐ saa nnua atenten, nhwiren fɛfɛ ne mmepɔw akɛse no. So ɛha nyɛ fɛ anaa? Hwɛ sɛnea abofra no rema ɔnwansan no aduan wɔ ne nsam. Na hwɛ apɔnkɔ ne agyata a wɔwɔ hɔ no. Worempɛ sɛ wotra ofie a ɛwɔ baabi a ɛte saa mu anaa?

Onyankopɔn pɛ sɛ wotra asase so daa wɔ paradise. Na ɔmpɛ sɛ wuhu amane a nnipa hu nnɛ no bi. Eyi ne bɔhyɛ a Bible no de ma wɔn a wɔbɛtra paradise foforo no mu no: ‘Onyankopɔn ne wɔn bɛtra. Owu anaa esu anaa ɛyaw nni hɔ bio. Nneɛma dedaw no atwam.’

Yesu bɛhwɛ ma nsakrae fɛfɛ yi aba. Wunim bere ko? Yiw, bere a wayi nnebɔne ne abɔnefo nyinaa afi asase so no akyi. Kae sɛ bere a Yesu wɔ asase so no ɔsaa nyarewa ahorow, na onyan nnipa fii awufo mu mpo. Yesu yɛɛ eyi de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ wɔ asase so nyinaa bere a wabɛyɛ Onyankopɔn ahenni no Hene.

Wo de hwɛ fɛ ara a ɛbɛyɛ wɔ asase so paradise foforo no mu! Yesu ne wɔn a wapaw wɔn no mu binom ne no bedi tumi ɔsoro. Saa sodifo yi bɛhwɛ obiara a ɔwɔ asase so no ma wanya anigye. Ma yɛnhwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei wɔ ne paradise foforo no mu.