Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM 51

Rut Ne Naomi

Rut Ne Naomi

BIBLE mu no wubehu nhoma bi a wɔfrɛ no Rut. Ɛyɛ asɛm a ɛfa abusua bi a ɛtraa ase bere a na Israel wɔ atemmufo no ho. Rut yɛ ababaa a ofi Moab asase so; omfi Onyankopɔn man Israel mu. Nanso bere a Rut benyaa Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ho nimdeɛ no, obenyaa ne ho dɔ kɛse. Naomi ne ɔbea panyin a ɔboaa Rut ma osuaa Yehowa ho ade.

Naomi yɛ Israelni bea. Ɔne ne kunu ne ne mmabarima baanu tu kɔɔ Moab asase so bere a na aduan ho ayɛ nã wɔ Israel. Afei da koro Naomi kunu wui. Akyiri yi Naomi mmabarima no waree Moabfo mmabea a wɔfrɛ wɔn Rut ne Orpa. Nanso bɛyɛ mfe 10 akyi no Naomi mmabarima baanu no wuwui. Hwɛ awerɛhow a ɛkaa Naomi ne mmabaa baanu no! Afei Naomi bɛyɛ dɛn?

Da koro Naomi yɛɛ n’adwene sɛ obetwa kwan tenten no asan akɔ ne nkurɔfo nkyɛn. Rut ne Orpa pɛe sɛ wɔne no tra, enti wɔne no siim. Nanso wɔkɔɔ kakra no, Naomi ka kyerɛɛ mmabaa no sɛ: ‘Monsan nkɔ nkɔtra mo nãnom nkyɛn.’

Naomi few mmabaa no ano de kraa wɔn. Ɛnna wofii ase sui, efisɛ na wɔdɔ Naomi kɛse. Wɔkae sɛ: ‘Dabi! Yɛne wo bɛkɔ wo nkurɔfo nkyɛn.’ Nanso Naomi buae sɛ: ‘Me mma, monsan nkɔ. Ɛbɛyɛ yiye ama mo wɔ fie.’ Enti Orpa san n’akyi. Nanso Rut ansan.

Naomi dan ne ho kae sɛ: ‘Orpa kɔ. Wo nso kɔ.’ Nanso Rut buae sɛ: ‘Nhyɛ me sɛ minnyaw wo! Ma me ne wo nkɔ. Nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wotra na mɛtra. Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. Nea wubewu na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me.’ Bere a Rut kaa eyi no, Naomi ammɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛma wasan akɔ fie.

Akyiri yi mmea baanu no koduu Israel. Wɔtraa hɔ. Na ntɛm ara Rut fii ase sɛ ɔreyɛ afuw mu adwuma, efisɛ na ɛyɛ awitwa bere. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Boas ma ɔboaboaa awi ano wɔ n’afum. Wunim Boas maame? Ɔne Rahab a ofi Yeriko no.

Da koro Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: ‘Mate wo ho asɛm, ne ayamye adi a woayi akyerɛ Naomi. Minim sɛnea wugyaw wo papa ne wo maame na wufii wo kurom, ne sɛnea woaba abɛtra nnipa a na wunnim wɔn da mu. Yehowa nhyira wo!’

Rut buae sɛ: ‘Wo yam ye ma me, me wura. Sɛnea woakasa akyerɛ me no ama m’ani agye.’ Boas pɛɛ Rut asɛm pii, na ankyɛ na wɔwaree. Eyi maa Naomi ani gyei! Na Naomi ani gyei kɛse mpo bere a Rut ne Boas woo wɔn abakan, a wɔfrɛ no Obed no. Akyiri yi Obed bɛyɛɛ Dawid a yebesua ne ho nsɛm pii no nana.