Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | 1 KORINTOFO 1-3

Woma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Wo Kwan Anaa Wudi W’akɔnnɔ Akyi?

Woma Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Wo Kwan Anaa Wudi W’akɔnnɔ Akyi?

2:14-16

Ehia sɛ yɛn mu biara ma Yehowa honhom kyerɛ no kwan na yenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. (Efe 4:23, 24) Sɛ wubetumi anya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛsɛ sɛ wusua Onyankopɔn ho ade, wode botae ahorow sisi w’ani so wɔ ne som mu, na wosow honhom aba no.

Seesei wohwɛ sɛnea wo ne Yehowa abusuabɔ te, na wode toto afe anaa mfe du a atwam, anaa mpo bere a wobɔɔ asu ho a, wuhu no sɛn?