Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛw Krataa a Ɛka Koma

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛkyerɛw Krataa a Ɛka Koma

NEA ENTI A ƐHO HIA: Nkrataa 14 a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔhyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran no, na Korintofo nhoma a edi kan no ka ho. Sɛ obi rekyerɛw krataa a, onya kwan dwen nea ɔrekyerɛw no ho yiye, na nea ɔrekyerɛw ama no no nso tumi kenkan no mpɛn pii. Krataakyerɛw yɛ ɔkwampa a yetumi fa so di yɛn abusuafo ne yɛn amannifo adanse. Wɔn a yennya wɔn ne wɔn nkasa tẽẽ no nso, yetumi kyerɛw wɔn krataa de di wɔn adanse. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na ɛyɛ den sɛ yɛbɛto obi a n’ani gye asɛm no ho wɔ fie. Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛn nsa bɛka nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no bi na yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ, efisɛ ebia na wɔtete adan a wɔagye ho mu. Ebi nso tete mmeae a wɔmma kwan mma ahɔho nnkɔ hɔ, anaa mmeae bi a atew ne ho. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛw krataa ma obi a yennim no a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Kyerɛw asɛm a wuhyiaa onipa no a anka wobɛka. Wufii ase ara pɛ, ma onhu onipa kõ a woyɛ ne nea enti a worekyerɛw krataa no. Afei bisa asɛm bi a onipa no betumi adwen ho, na twe n’adwene kɔ yɛn wɛbsaet no so. Bio nso, ka sɛnea yɛyɛ ofie Bible adesua ho asɛm kyerɛ no. Nhoma ahorow a yɛde yɛ Bible adesua no, paw emu baako na ka nsɛmti ahorow a ɛwom no bi kyerɛ no. Wubetumi de wɛbsaet kaad, nsato krataa, anaa kratawa bi aka ho ahyɛ envelope no mu

  • Ma wo nsɛm nyɛ tiawa. Sɛ woma wo nsɛm yɛ bebree a, nea wode rekɔma no no ani bɛhaw sɛ ɔbɛkan.—Hwɛ krataa no ho nhwɛso wɔ kratafa 8

  • San kan mu bio fa siesie emu mfomso nyinaa, na hwɛ sɛ nkyerɛwee no yɛ kama. Ma emu nsɛm nyɛ anigye na ɛnhyɛ nkuran, na yɛ anifere. Afei hwɛ sɛ wubetua krataa no ho ka nyinaa