Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yesaia 40:31—“Wɔn a Wɔn Ani Da Yehowa So No Bɛsan Anya Ahoɔden”

Yesaia 40:31—“Wɔn a Wɔn Ani Da Yehowa So No Bɛsan Anya Ahoɔden”

 “Nanso wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden. Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre. Wobetu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa; wɔbɛnantew, nso wɔremmrɛ.”—Yesaia 40:31, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no benya ahoɔden foforo, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔre, wobetu mmirika, na wɔremmrɛ, wɔbɛnantew, na wɔrempa abaw.”—Yesaia 40:31, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yesaia 40:31 Kyerɛ

 Yehowa a Nyankopɔn ama n’asomfo awerɛhyem sɛ ɔbɛma wɔn ahoɔden a wohia na wɔde adi ɔhaw biara a wobehyia so anaa wɔde agyina ano.

 “Wɔn a wɔn ani da Yehowa so no bɛsan anya ahoɔden.” Wɔn a wogye di sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa ne nkurɔfo, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa no, sɛ wɔde wɔn ani to ne so a, ɔbɛboa wɔn. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ɔkwan baako a Onyankopɔn fa so boa n’asomfo ne sɛ, ɔma wɔn ne honhom kronkron anaa ne tumi a ɔde yɛ ade.—Luka 11:13.

 “Wɔde ntaban betu te sɛ akɔre.” Saa ntotoho yi ma yehu sɛnea Onyankopɔn de ne tumi boa obi. Sɛ ɔkɔre pɛ sɛ otu kɔ sorosoro a, ɔhwehwɛ mframa a emu yɛ hyew na apagyaw no. Sɛ onya mframa a ɛte saa a, ɔtrɛw ne ntaban mu ma mframa no de no di akɔneaba, na ɛde no kɔ sorosoro. Sɛ ɔkɔre nam wim a, ofi mframa a emu yɛ hyew no bi mu a, na ɔkɔ foforo mu. Enti akɔre tumi di nnɔnhwerew pii wɔ wim a wɔnsɛe ahoɔden pii kosi sɛ wobedu baabi a wɔpɛ sɛ wɔkɔ.

 “Wobetu mmirika, nso wɔn ahoɔden rensa.” Asetena mu haw betumi ama yɛabrɛ anaa yɛabotow, nanso yebetumi anya ahoɔden afi Onyankopɔn hɔ de agyina ano. Saa ahoɔden no betumi aboa yɛn, na sɛ ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ mpo a, yɛatumi ayɛ. Ɔsomafo Paul a otumi gyinaa ɔhaw akɛseakɛse ano no kyerɛwee sɛ: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filipifo 4:13.

Yesaia 40:31 Ho Nsɛm

 Bɛyɛ mfe 2,700 a atwam ni na Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so maa odiyifo Yesaia kyerɛw saa asɛm yi. Ɛwom sɛ saa asɛm yi fa Onyankopɔn asomfo anokwafo nyinaa ho de, nanso ɛbɛyɛ sɛ nea enti a Yehowa maa wɔkyerɛw saa asɛm no ne sɛ, Yudafo a na wɔrebɛsoa wɔn akɔ Babilon ama wɔakodi mfe 70 wɔ hɔ no, na ɔpɛ sɛ ɔde hyɛ wɔn nkuran. Bere a Yudafo no san baa wɔn man mu no, nsɛm a Onyankopɔn kae no baa mu maa wɔn. (Yesaia 40:1-3) Onyankopɔn maa wɔn ahoɔden ma wotumi twaa kwantenten a ɔbrɛ wom b no fii Babilon kɔɔ Yerusalem afe 537 A.Y.B.—Yesaia 40:29.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

b Ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan a Yudafo a wofi Babilon rekɔ Yerusalem no twae no tenten yɛ kilomita 1,600 (akwansin 1,000).