Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Romafo 5:8—“Yɛda So Yɛ Nnebɔneyɛfo No, Kristo Wu Maa Yɛn”

Romafo 5:8—“Yɛda So Yɛ Nnebɔneyɛfo No, Kristo Wu Maa Yɛn”

 “Onyankopɔn ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, Kristo wu maa yɛn.”—Romafo 5:8, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.”—Romafo 5:8, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Romafo 5:8 Kyerɛ

 Yehowa a Nyankopɔn Ba Yesu Kristo a ɔma obewu gyee nnipa a yɛyɛ abɔnefo no, ɛyɛ biribi a ɔde kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa paa. (Yohane 3:16) Esiane sɛ nnipa yɛ abɔnefo nti, sɛnea yedwen nneɛma ho, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade no ne Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛno na ɛyɛ papa no nhyia. (Kolosefo 1:21, 22) Nanso, Onyankopɔn nam “ne Ba no wu so” ama ayɛ yiye sɛ yebesiesie yɛne ne ntam. (Romafo 5:10) Ɛno nti, yetumi ne Onyankopɔn ntam yɛ kama nnɛ, na daakye nso, yebetumi atena ase daa.—Romafo 5:11; 1 Yohane 4:9, 10.

Romafo 5:8 Ho Nsɛm

 Ɔsomafo Paul kyerɛw nsɛm yi kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no. Sɛ yɛhwɛ krataa a ɔkyerɛwee no fã a ɛnnɛ ɛno ne Romafo ti 5 no a, Paul kyerɛɛ nea enti a Kristofo betumi anya anigye, na wɔanya awerɛhyem sɛ wɔn anidaso no bɛba mu. (Romafo 5:1, 2) Saa “anidaso no nni huammɔ,” efisɛ ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn nam Yesu so daa no adi no, ɛno so na egyina. (Romafo 5:5, 6) Yesu tiee Onyankopɔn wɔ biribiara mu. Wanyɛ n’ade te sɛ ɔbarima a odi kan Adam a ɔno de ɔyɛɛ asoɔden no. (Romafo 5:19) Asoɔden a Adam yɛe no kɔfaa bɔne ne owu brɛɛ n’asefo. (Romafo 5:12) Nanso osetie a edi mu a Yesu yɛe, ne afɔre a obewu de ne nkwa bɔe nti, ama nnipa a wotie Onyankopɔn no anya anidaso sɛ wobetumi anya daa nkwa.—Romafo 5:21.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din a ɛwɔ Bible mu.—Dwom 83:18.