Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agyapade a Ɛso Katae Mfe Pii

Agyapade a Ɛso Katae Mfe Pii

Onimdefo no ho dwiriw no; nea ohui no yɛɛ no nwonwa. Ɔde ntoboase buebuee tete nhoma no mu hwehwɛɛ mu, na ɔsan hwehwɛɛ mu bio. Nkyerɛwee no ne sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no maa n’adwene sii no pi sɛ nhoma a ɛda n’anim no yɛ Georgia kasa mu Bible a wonim sɛ akyɛ paa no afã bi!

DECEMBER afe 1922 no, na Georgiani nhomanimfo Ivané Javakhishvili reyɛ nhwehwɛmu ahu ɔkwan a wɔfaa so nyaa Georgia kasa nkyerɛwde no. Saa bere no na ohuu Jerusalem Talmud no, na bere a ɔrehwehwɛ mu no, ohui sɛ wɔde Georgia nkyerɛwde akyerɛw biribi apopa asan akyerɛw Hebri nkyerɛwde afa so, nanso na wutumi hu nkyerɛwee dedaw no. *

Nkyerɛwee a na ɛso ‘akata’ a wɔkyerɛw Talmud no faa so no, na ɛyɛ Yeremia nhoma no fã bi, na wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 1,600 ni. Ansa na wɔrehu eyi no, Bible mu nhoma a ɛwɔ Georgia kasa mu a na wonim sɛ akyɛ paa no yɛ nea wɔyɛɛ ho adwuma bɛyɛ mfe 1,200 ni no. Akyiri yi wohuu Bible no afã bi a wɔkyerɛɛ ase bɛyɛ mfe 1,600 ne akyiri ni. Ɛno kyerɛ sɛ Yesu ne asomafo no ba kɔe no, ankyɛ pii na nkurɔfo fii ase kyerɛɛ Bible no afã bi ase.

Henanom na wɔkyerɛɛ Georgia Bible no ase? Obiakofo bi na ɔkyerɛɛ ase anaa kasa asekyerɛfo bi na wotuu wɔn ho mae? Ɛde besi nnɛ nyinaa, kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛma yehu nea ɔyɛɛ saa nkyerɛase no. Sɛnea ɛte biara no, edi adanse sɛ bɛyɛ mfe 1,700 ni no, na wɔakyerɛ Bible no nyinaa ase anaa ne fã bi ase kɔ Georgia kasa mu. Efi saa bere no tɔnn na Georgiafo anya Onyankopɔn Asɛm no wɔ wɔn kurom kasa mu.

Nhoma bi a wɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 1,600 ni ka asɛm bi a ɛma yehu sɛ na Georgiafo nim Kyerɛwnsɛm no yiye. Ɔkyerɛwfo no kaa awerɛhosɛm bi a ɛtoo Ɔhemmaa Shushanik, na nsɛm a ɔkae no bi wɔ hɔ a, wuhui ara wuhu sɛ efi Nnwom nhoma, Nsɛmpa no, anaa Bible mu nhoma foforo mu, na ebi nso wɔ hɔ a, ɛsɛ Bible mu nsɛm paa. Afei nso ɔkae sɛ Shushanik kunu Varsken na na ɔyɛ Kartli mantam no amrado wɔ Georgia Ahemman no mu, na ogyaee “Kristosom” kɔdɔm Persiafo Zoroastersom sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛpata Persia atumfoɔ no, na ɔhyɛɛ ne yere sɛ ommedi n’akyi. Nhoma no kyerɛ sɛ ɔbea no annyae ne gyidi mu, na  ne nna a etwa to no, Kyerɛwnsɛm no kyekyee ne werɛ.—The Martyrdom of St. Shushanik the Queen.

Bɛyɛ mfe 1,600 ni no, wonnyaee sɛ wɔbɛkyerɛ Bible ase akɔ Georgia kasa mu na wɔahwɛ so akyerɛw bi. Sɛnea Bible nsaano nkyerɛwee abu so wɔ Georgia kasa mu no, edi adanse sɛ Bible asekyerɛfo ne wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no abɔ adwuma paa. Momma yɛnhwɛ adwuma kɛse yi ho nneɛma abien bi: Biako ne Bible nkyerɛase, na biako nso ne Bible tintim.

BIBLE NKYERƐASE ATU ATESE

“Me, Giorgi ɔhotwefo mmɔborɔni, masi pɛ abɔ mmɔden akyerɛ Nnwom nhoma no ase afi Hela kasa foforo no mu kɔ Georgia kasa mu.” Georgiani ɔhotwefo Giorgi Mtatsmindeli a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 1,000 ni no na ɔkaa saa asɛm no. Adɛn nti na na ehia sɛ ɔkyerɛ Bible no ase kɔ Georgia kasa mu bere a na ebi wɔ hɔ dedaw?

Bɛyɛ mfe 1,000 ni no, Bible nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ Georgia kasa mu no kakraa bi na na ɛda so wɔ hɔ. Bible mu nhoma no bi mpo de, na ayera koraa. Afei nso na kasa no asesa kakra, enti sɛ nkurɔfo kenkan tete de no a, na wɔnte ase papa. Kasa asekyerɛfo bebree bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan ama wɔanya Bible wɔ Georgia kasa mu, nanso adwuma a Giorgi yɛe wɔ ho no na ɛboae kɛse. Ɔde Georgia kasa mu Bible a na ɛwɔ hɔ no totoo Hela nsaano nkyerɛwee ho, na ɔhwɛɛ so kyerɛɛ Georgia kasa mu de a ayerayera no ase. Ná ɔyɛ ɔpanyin wɔ ahotwefo fie, enti ɔyɛ n’adwuma wɔ hɔ awia, na edu anadwo a, na wakyerɛ Bible ase.

Giorgi beresoni Ephrem Mtsire mpo de, wankyerɛ Bible ase kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ kasa asekyerɛ ho akwankyerɛ a na ɛbɛboa kasa asekyerɛfo. Ebi ne sɛ, wobɛhwɛ kasa a worekyerɛ ase no so akyerɛ ase pɛpɛɛpɛ, nanso wobɛhwɛ sɛ ntease wɔ nkyerɛase no mu. Ase hɔ nsɛm ne kyerɛw nsɛm a ɛtwe adwene kɔ kyerɛw nsɛm foforo so no, ɔno na odii kan de baa Georgia Bible mu. Ephrem kyerɛɛ Bible mu nhoma no bi ase foforo koraa. Adwuma a Giorgi ne Ephrem yɛe no too fapem kɛse a wogyinaa so yɛɛ nkyerɛase foforo pii.

Bɛboro mfe 100 akyi no, wɔyeyɛɛ nhoma bebree wɔ Georgia. Wɔtetew sukuu wɔ mmeae bi te sɛ Gelati ne Ikalto. Georgia man no asoɛe a ɛhwɛ Bible nsaano nkyerɛwee so no, seesei wokɔ hɔ a, wubehu nkyerɛase bi a nkurɔfo frɛ no Gelati Bible, na animdefo dodow no ara gye di sɛ Gelati anaa Ikalto sukuu no animdefo no biako na ɔyɛe, na ɛyɛ Bible nkyerɛase foforo koraa.

Bible nkyerɛase adwuma no kãã Georgiafo sɛn? Bɛyɛ mfe 900 ni na Georgiani anwensɛm kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Shota Rustaveli kyerɛw nhoma bi a wɔato din Vepkhis-tqaosani (Onipa a Ɔde Ɔsebɔ Nhoma Adura Ne Ho). Nkurɔfo ani gyee nhoma no ho mfe pii ma enti wɔfrɛɛ no Georgiafo Bible a ɛto so abien. Mfe kakra a abɛsen  kɔ no, Georgiani nimdefo K. Kekelidze kae sɛ, nea ɔkyerɛw saa nhoma no, sɛ Bible mu nsɛm no bi na oyii oo, sɛ ɛnte saa oo, “nhoma no mu nsɛm bi te sɛ Bible mu nsɛm pɛpɛɛpɛ.” Oguguu anwensɛm no mu paa, nanso ɔkaa nneɛma bi a ɛho hia; ebi ne adamfo pa, ayamye, obu a yebenya ama mmea, ne ahɔho a yebeyi yɛn komam adɔ wɔn. Saa nneɛma yi ne nneɛma pa foforo a Bible ka ho asɛm no, awura Georgiafo ne wɔn mma ne wɔn mmanana adwene mu, na ɛnnɛ yi nyinaa ɛno na wɔde bɔ bra.

AHEMFO BOA MA WOTINTIM BIBLE

Bɛyɛ mfe 400 ni na Georgia ahemfo abusua no de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛma wɔatintim Bible. Ɛno nti Ɔhene Vakhtang VI yɛɛ baabi a wotintim nhoma wɔ Tbilisi, ɔman no ahenkurow no mu. Nanso saa bere no, na wonwiee Bible no ho adwuma a wobetumi atintim. Ɔkwan bi so no, na ayɛ sɛ nea Georgia kasa mu Bible no so akata bio. Saa bere no, Bible nsaano nkyerɛwee no afã bi na na ɛwɔ hɔ, na na emu nsɛm no nso yɛ tete kasa. Enti Georgia kasa mu Bible no mu nsɛm a wɔbɛyɛ no foforo no, wɔde ɛho adwuma maa kasa ho nimdefo bi a wɔfrɛ no Sulkhan-Saba Orbeliani.

Orbeliani nso de ahwɛyiye yɛɛ adwuma no. Ná ɔte kasa bebree te sɛ Hela ne Latin ne nea ɛkeka ho, enti otumi yɛɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma bebree mu hwehwɛɛ Bible nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ Georgia kasa mu no nso mu. Nanso sɛnea oyii ne tirim fitaa yɛɛ adwuma no, anyɛ Georgia Ortodɔks Asɔre no dɛ. Asɔfo no bɔɔ no sobo sɛ wayi asɔre no ama, enti wotutu guu ɔhene no asom, na ɔhene no ma ogyaee Bible no ho adwuma yɛ. Georgiafo abakɔsɛm bi kyerɛ sɛ, asɔre no nhyiam bi ase no, asɔfo no gyinaa Orbeliani so ma ɔhyew Bible a na ɔde mfe pii ayɛ ho adwuma no!

Nsaano nkyerɛwee bi a wɔfrɛ no Mtskheta (Mcxeta) a wɔsan frɛ no Saba’s Bible no, biako da so wɔ hɔ nnɛ, na nsɛm bi wom a Orbeliani na ɔde ne nsa kyerɛwee. Nanso ebinom ntumi nhu sɛ ɛno ne Bible a asɔfo no kasa tiae no anaa. Nkekaho a ɛwom no nko ara na wotumi si no pi sɛ ɔno na ɔyɛe.

Nsɛmnsɛm yi nyinaa akyi no, adehye bi de yɛɛ wɔn ahiasɛm sɛ wɔbɛhwɛ ama wɔatintim Bible no. Efi afe 1705 kosi afe 1711 no, afei de, wotintim Bible no afã bi. Georgia adehye Bakari ne Vakhushti adaworoma, wotintim Bible mũ no nyinaa afe 1743. Afei de, na ɛso ntumi nkata bio.

^ nky. 3 Tete mmere mu no, na nneɛma a wɔkyerɛw so ho yɛ den, na na ne bo nso nna fam. Enti nea na wɔtaa yɛ ne sɛ wɔpopa nkyerɛwee a ɛwɔ nhoma bi so na wɔakyerɛw foforo wɔ so. Ɛno na wɔfrɛ no palimpsest no. Ɛyɛ Hela asɛmfua bi a ɛkyerɛ sɛ “wɔasan apopa.”