Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Nsɛm a Akenkanfo Bisa . . .

Yehowa Adansefo Wɔ Mmea Asɛmpakafo Anaa?

Yehowa Adansefo Wɔ Mmea Asɛmpakafo Anaa?

Yiw, Yehowa Adansefo wɔ mmea mpempem pii a wɔyɛ asɛmpakafo. Wɔyɛ nnipadɔm kɛse a wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Dwom 68:11 hyɛɛ asɛmpakafo yi ho nkɔm sɛ: “Yehowa aka; mmea a wɔka asɛmpa no yɛ asafodɔm kɛse.”

Nanso, adwuma a Yehowa Adansefo mmea reyɛ no, ɛnyɛ ɛno ara bi na mmea a wɔyɛ asɔfo wɔ asɔre ahorow mu no yɛ. Nsonsonoe kɛse da ntam. Nsonsonoe bɛn?

Ɛsono wɔn atiefo. Mmea a wɔyɛ asɔfo, titiriw wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no, wodi anim wɔ asɔre no mu kyerɛkyerɛ asɔremma no. Nanso Yehowa Adansefo mmea a wɔka asɛmpa no de, wɔka wɔn asɛm no kyerɛ nnipa a wonni asafo no mu, te sɛ wɔn a wohyia wɔn wɔ afie afie asɛnka mu ne mmeae foforo.

Afei nso ɛsono dwuma a Yehowa Adansefo mmea a wɔka asɛmpa no di wɔ wɔn asafo mu na ɛsono dwuma a mmea a wɔwɔ asɔre ahorow mu no di wɔ wɔn asafo mu. Mmea a wɔyɛ asɔfo wɔ Kristoman asɔre ne ɔsom ahorow mu no di anim kyerɛkyerɛ wɔn asɔremma. Nanso Yehowa Adansefo mmea a wɔka asɛmpa no de, sɛ mmarima a wɔabɔ asu wɔ hɔ a, wɔnkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. Mmarima a wɔapaw wɔn sɛ akyerɛkyerɛfo nkutoo na wɔkyerɛkyerɛ.—1 Timoteo 3:2; Yakobo 3:1.

Bible ka sɛ mmarima nkutoo na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ asafo no so. Asɛm a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Tito a na ɔno nso yɛ asafo mu panyin no yɛ nhwɛsode ma yɛn. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na migyaw wo Kreta, . . . na woapaw mpanyimfo wɔ kurow biara mu.” Paulo kae nso sɛ, sɛ wɔpaw ɔbarima biara a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ “ɔbarima a asɛm biara nni ne ho, ɔyɛ okunu a ne yere yɛ biako.” (Tito 1:5, 6) Paulo de akwankyerɛ a ɛte saa kɔmaa Timoteo kyerɛɛ no sɛnea ɔnyɛ nhyehyɛe mma wɔnhwɛ asafo no so. Ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa. Enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a asɛm nni ne ho, ɔyɛ okunu a ne yere yɛ biako, . . . otumi kyerɛkyerɛ.”—1 Timoteo 3:1, 2.

Adɛn nti na wɔde asafo no so hwɛ ahyɛ mmarima nko ara nsa? Paulo kyerɛ mu sɛ: “Memma ɔbea kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so tumi, na mmom sɛ ɔnyɛ komm. Efisɛ Adam na wodii kan bɔɔ no ansa na wɔrebɔ Hawa.” (1 Timoteo 2:12, 13) Enti sɛnea wɔbɔɔ nneɛma nnidiso nnidiso no ma yehu nea enti a Onyankopɔn de nkyerɛkyerɛ ne ahwɛfo adwuma ahyɛ mmarima nsa.

Yehowa asomfo di wɔn Kannifo Yesu Kristo nhwɛso akyi. Osuani Luka kyerɛw Yesu som adwuma no ho asɛm sɛ: “[Yesu tutuu] akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase kɔkaa asɛm no, na ɔpaee mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa.” Akyiri yi Yesu somaa n’akyidifo sɛ wɔnkɔyɛ saa adwuma no bi, enti “wosiim kɔfaa asasesin no mu kɔɔ nkuraa nyinaa ase, kaa asɛmpa no.”—Luka 8:1; 9:2-6.

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo, mmarima ne mmea nyinaa yere wɔn ho yɛ adwuma a Yesu kaa ho asɛm yi: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.