Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mihuu Sɛnea Nkwa Som Bo Fa

Mihuu Sɛnea Nkwa Som Bo Fa

Mihuu Sɛnea Nkwa Som Bo Fa

NÁ ƐYƐ ANƆPA, APRIL 16, 2007. Bere a mipuaa me ho hyɛɛ Norris Hall abansoro a ɛto so abiɛsa dan bi mantwea, wɔ Virginia Polytechnic Institute and State University anaa Virginia Tech no, ɛsan kaee me sɛ, ɛsɛ sɛ yebu nkwa sɛ ɛsom bo da biara da.

Ná mewɔ m’adwumam a meresiesie me ho akɔ abansoro ɛto so abien no so akɔfa m’amenade. Mfiridwuma ho ɔbenfo bi bae bɛka kyerɛɛ me sɛ memma yɛnkɔ n’adwumam nkɔboa no ma onsiesie ne kɔmputa. Bere a yɛrewura n’adwumam no, yɛtee sɛ wɔretotow atuo wɔ abansoro a ɛto so abien no so ntoatoaso. Esiane sɛ na yennim nea ɛrekɔ so nti, yɛyɛɛ ntɛm bɔ wuraa n’adwumayɛdan no mu too mu, a na yɛde ahopere retwɛn nea ebesi. Mede me ho hintaw baabi, na mebɔɔ Yehowa Nyankopɔn mpae sɛ ɔnkyerɛ me nea menyɛ wɔ biribiara a ɛbɛto me no ho.

Bere a na yɛretwɛn no, mekaee asɛm bi a esii bɛyɛ mfe 15 a na atwam no. Ná meresiesie kar bi wɔ adwumam, ɛnna ogya tɔɔ petro kakra a na egu ade a me yɔnko dwumayɛni bi kura no mu. Ahopopo nti, ohwiee petro a ɛredɛw no guu m’anim! Wusiw no kɔɔ me mu, na mehyehyew fii m’anim besii m’asen. Wɔde helikopta bɛfaa me kɔɔ ayaresabea, na nnuruyɛfo gyinaa me so hwɛɛ me asram abiɛsa ne fã sɛnea ɛbɛyɛ a merenwu. Bere a wɔhwɛɛ me asram anum ma me ho tɔɔ me no, woyii me baa fie. Ná ɛyɛ me dɛ sɛ meda so te nkwa mu. Saa asɛm no ma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mema da biara a mete nkwa mu no som bo ma me. Ɛsan nso kanyan me ma misii me bo sɛ mede me nkwa bɛsom me nkwamafo, Yehowa Nyankopɔn, sɛ ne Dansefo.—Dwom 90:12; Yesaia 43:10.

Esiane sɛ na pira a mipirae no haw me nti, migyaee kar ho adwuma no, na misuaa kɔmputa, ma wɔfaa me adwuma wɔ Virginia Tech. Ɛno nti na na mewɔ Norris Hall saa anɔpa no.

Bere a atuo totow no kɔɔ so no, na yennim sɛ ɛyɛ awudi a ɛso bi nsii da wɔ Amerika no na ɛrekɔ so wɔ abansoro dan a ɛwɔ yɛn ase no so. Bere a owudifo no kunkum nnipa 32 a wɔn ho nni asɛm, na ɔno nso kum ne ho no, awudi no to twae. Asɛm no sii akyi simma 20 no, yɛtee sɛ polisifo nenam abrannaa no so. Yɛfrɛɛ wɔn ma wɔde yɛn kɔɔ baabi a ahobammɔ wɔ.

Asɛm a etu koma yi a ɛfaa m’ani so no ma mihui sɛ nkwa yɛ tiaa, na obi nnim ɔkyena asɛm. (Yakobo 4:14) Hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛde yɛn ho to yɛn Nkwamafo, Yehowa Nyankopɔn so, na yebu da biara sɛ akyɛde a ɛsom bo a efi ne hɔ!—Dwom 23:4; 91:2.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]

AP Photo/The Roanoke Times, Alan Kim