Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na tete Yudafo no gyinaa so ‘hwɛɛ Mesia no kwan’?

Osuboni Yohane bere so no, “na nnipa no hwɛ kwan na wɔn nyinaa susuw Yohane ho wɔ wɔn koma mu sɛ: ‘Gyama ɔno ne Kristo no anaa?’” (Luka 3:15) Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na na Yudafo no hwɛ kwan sɛ Mesia no bɛba saa bere no? Nneɛma pii ntia.

Bere a wɔwoo Yesu no, Yehowa bɔfo baa nguanhwɛfo bi nkyɛn wɔ wuram. Saa bere no na wɔrehwɛ wɔn nguan wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Wɔawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo no ama mo nnɛ wɔ Dawid kurom.” (Luka 2:8-11) Ɛno akyi no, “ɔsoro asafodɔm bɛkaa ɔbɔfo no ho yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: * ‘Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe nka nnipa a wɔsɔ n’ani asase so.’”Luka 2:13, 14.

Asɛm a ɔbɔfo no kae no kaa nguanhwɛfo no paa. Enti ɛhɔ ara na wosii kwan so kɔɔ Betlehem. Bere a wohuu Yosef ne Maria ne akokoaa Yesu no, “wɔkaa nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn afa abofra kumaa no ho kyerɛɛ wɔn.” Nokwasɛm ni “nea nguanhwɛfo no kae no yɛɛ wɔn a wɔtee nyinaa nwonwa.” (Luka 2:17, 18) Hyɛ no nsow sɛ asɛm a nguanhwɛfo no kae no yɛɛ “wɔn a wɔtee nyinaa” nwonwa. Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ Yosef ne Maria nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn; afoforo nso tee. Afei nguanhwɛfo no san wɔn akyi kɔɔ wɔn fie. Saa bere no nyinaa na “wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam reyi no ayɛ wɔ nea wɔtee na wohui nyinaa ho, sɛnea wɔkaa eyinom kyerɛɛ wɔn no.” (Luka 2:20) Enti bere a nguanhwɛfo no tee Kristo ho asɛmpa no, wɔankata so.

Bere a Maria de n’abakan no baa Yerusalem sɛ ɔde no rebrɛ Yehowa sɛnea Mose Mmara no hwehwɛ no, odiyifobea Hana “bɛdaa Onyankopɔn ase kaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn gye a wobegye Yerusalem no nyinaa.” (Luka 2:36-38; Ex. 13:12) Enti Mesia no ho nsɛm kɔɔ so trɛwee.

Akyiri yi, “nsoromma mu ahwɛfo fi apuei fam baa Yerusalem, na wɔkae sɛ: ‘Ɛhe na nea wɔawo no sɛ Yudafo hene no wɔ? Yɛwɔ apuei fam na yehuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.’” (Mat. 2:1, 2) “Bere a Ɔhene Herode tee eyi no, ne bo tui, ɔne Yerusalemfo nyinaa, na ɔfrɛfrɛɛ  ɔman no mu asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nyinaa boaa ano bisaa wɔn faako a wɔbɛwo Kristo no.” (Mat. 2:3, 4) Enti nnipa pii behuu nokwasɛm yi: Nea ɔbɛyɛ Mesia daakye no abedu! *

Luka 3:15 a yɛaka ho asɛm dedaw no ma yehu sɛ na Yudafo bi susuw sɛ gyama Osuboni Yohane ne Kristo no. Nanso Yohane kaa biribi ma wohui sɛ ɛnte saa koraa. Ɔkae sɛ: “Nea odi m’akyi reba no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa. Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.” (Mat. 3:11) Ebia asɛm a Yohane kae no maa nkurɔfo fii ase hwehwɛɛ Mesia no.

So ebetumi aba sɛ tete Yudafo no de adapɛn 70 a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Daniel 9:24-27 no buu akontaa huu bere a Mesia no bɛba? Ebetumi aba saa, nanso yenni ho adanse biara. Nokwasɛm ne sɛ Yesu bere so no, na obiara wɔ sɛnea ɔte adapɛn 70 no ase. Yɛhwɛ sɛnea yɛte ase nnɛ a, ɛnyɛ saa na na wɔte ase koraa. *

Ná Yudafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Essenfo kyerɛkyerɛ sɛ Mesia baanu bɛba bere a mfe 490 rekɔ awiei. Nanso yɛrentumi nsi no pi sɛ Essenfo yi akontaabu no gyina Daniel nkɔmhyɛ no so. Sɛ wɔde wɔn akontaabu no gyinaa Daniel nkɔmhyɛ no so mpo a, ɛbɛyɛ den sɛ Yudafo dodow no ara begye saa ‘mate-me-ho-kuw’ yi akontaabu no atom.

Yesu awo akyi bɛboro mfe ɔha no, na Yudafo bi nso gye di sɛ adapɛn 70 no fii ase afe 607 A.Y.B. bere a wɔsɛee asɔrefie a edi kan no, na ɛbaa awiei afe 70 Y.B., bere a wɔsɛee asɔrefie a ɛto so abien no. Ná ebinom nso susuw sɛ nkɔmhyɛ no baa mu wɔ Maccabeefo bere so bɛyɛ mfe 170 ansa na Yesu reba. Enti yehu wɔ ha sɛ na nnipa dodow no ara adwene nhyia wɔ adapɛn 70 no ho.

Sɛ asomafo no ne tete Kristofo no tumi buu akontaa huu bere a nkɔmhyɛ a ɛfa adapɛn 70 no ho bɛbam a, anka wɔbɛka ho asɛm de akyerɛ sɛ Yesu Kristo baa bere ano sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no yɛɛ saa.

Ade foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Wɔn a wɔkyerɛw Nsɛmpa no twee nsɛm pii fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na wɔkyerɛe sɛ ɛbaa mu wɔ Yesu Kristo so. (Mat. 1:22, 23; 2:13-15; 4:13-16) Nanso wɔn mu biako mpo anka sɛ adapɛn 70 no fa Yesu asase so asetena ho.

Sɛ yɛbɔ asɛm no nyinaa mua a, nea yɛbɛka ni: Yɛrentumi nsi no pi nka sɛ Yesu bere so no na nnipa te adapɛn 70 nkɔmhyɛ no ase yiye. Nanso sɛ yɛhwɛ Nsɛmpa no mu a, yehu biribi a na nnipa dodow no ara betumi agyina so ‘ahwɛ’ Mesia no kwan.

^ nky. 4 Bible nka sɛ bere a wɔwoo Yesu no abɔfo no “too dwom.”

^ nky. 7 Ebia obi bebisa sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na nsoromma mu ahwɛfo no kyerɛe sɛ “nsoromma” a wohuu no apuei fam no fa “Yudafo hene” no awo ho? Bere a wɔretwam wɔ Israel na wɔtee Yesu awo no anaa?

^ nky. 9 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea seesei yɛte adapɛn 70 no ase a, hwɛ nhoma a wɔato din, Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ti 11.