Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ na Wo Koma Annaadaa Wo

Hwɛ na Wo Koma Annaadaa Wo

Bible ka sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.” (Yer. 17:9) Sɛ yɛn koma pɛ biribi a, anhwɛ yɛbɛpɛ biribi ayi yɛn ho ano ayɛ nea ɔpɛ ama no.

Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Koma no mu na nsusuwii bɔne, awudi, awaresɛe, aguamammɔ, korɔnbɔ, adansekurum, ne abususɛm fi ba.” (Mat. 15:19) Yɛn koma anaa yɛn mu nipa no betumi adaadaa yɛn ma yɛayɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho. Mfiase no ebia a yɛrenhu sɛ ɛyɛ yɛn koma na ɛredaadaa yɛn kosi sɛ yebedi mfomso bi ansa na yɛn ani aba yɛn ho so. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ yɛn komam na yɛanni mfomso?

WOBƐYƐ DƐN AHU NEA ƐWƆ WO KOMAM?

Yɛkenkan Bible da biara da a, ɛboa yɛn koma dɛn?

Kenkan Bible da biara da na dwinnwen ho.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na etumi hwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom” mu. Onyankopɔn Asɛm tumi “hu komam adwene ne nsusuwii.” (Heb. 4:12) Sɛ yɛresua Bible a, ɛsɛ sɛ yɛde kari yɛn nsusuwii ne yɛn abrabɔ. Eyi bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Enti ɛho hia paa sɛ yɛkenkan Bible da biara da na yedwinnwen ho. Ɛno bɛma Yehowa adwene abɛyɛ yɛn adwene.

Sɛ yetie nea Bible ka na yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛtete yɛn ahonim. Yɛn ahonim te sɛ ɛnne bi a yɛte wɔ yɛn mu. Sɛ yɛretɔ kɔ bɔne ho a, yɛn ahonim betumi abɔ yɛn kɔkɔ. Eyi bɛboa yɛn na  yɛamfa nsɛm anyiyi yɛn ho ano ankɔyɛ bɔne. (Rom. 9:1) Bio nso nsɛm pii wɔ Bible mu a wɔde ‘bɔ yɛn kɔkɔ.’ (1 Kor. 10:11) Sɛ yesua biribi fi saa nsɛm yi mu a, ɛbɛboa yɛn na yɛanni mfomso. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?

Yɛbɔ mpae a, ɛma yehu nea ɛwɔ yɛn komam ankasa

Bɔ mpae na Onyankopɔn mma wunhu nea ɛwɔ wo komam.

Yehowa na ‘ɔhwehwɛ komam.’ (1 Be. 29:17) ‘Ɔsõ sen yɛn koma na onim nneɛma nyinaa.’ (1 Yoh. 3:20) Onyankopɔn nim yɛn ho biribiara. Sɛ yɛka nea ɛhaw yɛn ne nea yɛpɛ kyerɛ Yehowa a, ɔbɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ yɛn komam. Yebetumi mpo asrɛ Onyankopɔn sɛ ‘ɔmmɔ koma a emu tew mma yɛn.’ (Dw. 51:10) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɛwɔ yɛn komam a, yɛrentumi nkwati mpaebɔ.

Yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛboa ma yɛpɛɛpɛɛ yɛn komam

Kɔ asafo nhyiam na yɛ aso tie asɛm.

Sɛ yɛyɛ aso tie asɛm wɔ asafo nhyiam ase a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn komam yiye. Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛkɔ asafo nhyiam a yesua biribi foforo, nanso sɛ yɛkɔ a, yɛte Bible mu nsɛm ase yiye na wɔkaakae yɛn nea yɛasua dedaw. Eyi boa yɛn ma yehu nea ɛwɔ yɛn komam na yɛahu nsakrae a yɛbɛyɛ. Afei nso mmuae a yɛn nuanom mmarima ne mmea ma boa ma yesiesie yɛn koma anaa yɛn mu nipa no. (Mmeb. 27:17) Sɛ yɛtoto asafo nhyiam mu a, ebetumi apira yɛn. Bible ka sɛ “nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ.” (Mmeb. 18:1) Enti ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Mekɔ asafo nhyiam nyinaa, na mekɔ a, meyɛ aso tie asɛm?’—Heb. 10:24, 25.

ƐHE NA WO KOMA DE WO REKƆ?

Yɛn koma yɛ okontomponi, na ebetumi adaadaa yɛn wɔ akwan pii so. Momma yɛnhwɛ emu anan: ahonyade, asanom, fekubɔ, ne anigyede.

Ahonyade.

Yɛn nyinaa hia aduan a yebedi, atade a yɛbɛhyɛ, ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. Ɛnyɛ mfomso sɛ yɛbɛhwehwɛ nneɛma a ɛte saa. Nanso Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛamfa yɛn koma anni ahonyade akyi. Yesu yɛɛ mfatoho bi de kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu. Ɔkae sɛ na ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔde nnɔbae ahyɛ n’asan ma. Enti na onni baabi a ɔde nnɔbae foforo begu. Ɔyɛe sɛ obedwiriw n’asan no agu na wasisi akɛse. Ɔdefo no kae sɛ: “Ɛhɔ na mɛboaboa m’awi ne me nneɛma pa nyinaa ano agu; na mɛka akyerɛ me kra sɛ: ‘Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a woaboa ano ama mfe pii, dwudwo wo ho, didi, nom, gye w’ani.’” Nanso ɔdefo no werɛ fii nokwasɛm bi. Ne werɛ fii sɛ saa anadwo no ara ne nkwa betumi afi ne nsa.—Luka 12:16-20.

Bere a yɛrenyin no, ebia yebenya adwene sɛ yɛmpɛ sika pii ngu yɛn akyi na sɛ yɛbɔ akwakoraa anaa aberewa a, yɛn asɛm anyɛ mmɔbɔ. Enti anhwɛ a yebefi ase de adwuma ayiyi yɛn ho ano na yɛatoto yɛn som ase. Afei adesua bere koraa a na yɛte adwumam; asɛnka bedu so na yenni hɔ. Ebia yɛyɛ aberante anaa ababaa, na yenim sɛ adwuma a ɛho hia sen biara ne bere nyinaa som dwuma  no. Nanso anhwɛ a yebenya adwene sɛ yɛnyɛ adwuma mpɛ sika pii ngu hɔ ansa na sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma no a, yɛayɛ. Sɛ ɛno ne w’adwene a, ɛsɛ sɛ wokae sɛ ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ adefo wɔ Onyankopɔn anim. Hena na onim sɛ ɔkyena bɛto yɛn?

Asanom.

Mmebusɛm 23:20 tu yɛn fo sɛ ‘yɛnnkɔka sadweamfo ho.’ Sɛ obi pɛ nsa a, daa obenya biribi ayi ne ho ano anom bi. Ebia ɔbɛka sɛ ɔnom nsa dwudwo ne ho na ɛnyɛ sɛ ɔnom bow. Sɛ saa na yɛte a, ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ yɛn komam yiye na annaadaa yɛn.

Fekubɔ.

Nnipa a wɔnsom Yehowa atwa yɛn ho ahyia: sukuu mu, adwuma mu, asɛnka mu. Yɛrentumi nyɛ ho hwee, nanso ɛrenyɛ papa sɛ yɛne wɔn bɛbɔ na yɛafa wɔn adamfo papee. Ebia yɛbɛka sɛ wɔwɔ suban pa enti yɛne wɔn bɔ a ɛnyɛ hwee. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Kor. 15:33) Sɛnea efĩ ketewaa bi betumi asɛe nsu a yɛnom no, saa ara na fekubɔne betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yɛne wɔn a wɔnsom Yehowa bɔ a, yebesua wɔn ntadehyɛ, wɔn kasa, ne wɔn nneyɛe.

Anigyede.

Ɛnnɛ, abɛɛfo mfiri abu so, enti woteɛɛ wo nsa ara na woanya biribi regye w’ani. Nanso emu dodow no ara mfata sɛ Kristoni de gye n’ani. Paulo kae sɛ ‘afideyɛ de, mommma wɔmmmɔ so mpo’ wɔ Kristofo mu. (Efe. 5:3) Na sɛ yɛn koma regyigye yɛn sɛ yɛnhwɛ biribi a ɛmfata anaa yentie nsɛm fĩ nso ɛ? Ebia yɛbɛka sɛ ehia sɛ obiara gye n’ani anaa odwudwo ne ho kakra, na nea obi de begye n’ani de, ɔno ara n’asɛm. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara daadaa yɛn, mmom yentie Paulo afotu no na yɛamma afide biara antwa yɛn ani so anaa yɛn asom.

YEBETUMI AYƐ NSAKRAE

Sɛ yɛn koma adaadaa yɛn ma yɛatu anammɔn bɔne a, ɛnkaa akyi sɛ yɛbɛyɛ nsakrae. (Efe. 4:22-24) Momma yɛnhwɛ nnipa baanu bi a wɔn koma daadaa wɔn nanso wotumi yɛɛ nsakrae.

Momma yenni kan nhwɛ nea Miguel * yɛe wɔ ahonyade ho. Ná ehia sɛ ɔsesa n’adwene. Ɔkae sɛ: “Ɔman a me ne me yere ne yɛn ba te mu de, sɛ obi wɔ abɛɛfo mfiri a aba so anaa nneɛma a yɛde dwudwo yɛn ho a, ɛyɛ adenya kɛse. Eduu bere bi no na nea esi m’ani so ne sɛ menya wiase mu biribiara bi. Nanso amma m’adwenem koraa sɛ mereyɛ nneɛma atra so. Ankyɛ na mihui sɛ, sɛ mise meredi ahonyade akyi a, merennya nea mepɛ nwie da. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na minhu nea ɛwɔ me komam na menyɛ nsakrae. Meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ me ne m’abusua nyinaa som no yiye. Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebetwitwa nneɛma so na yɛatu akɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii. Ankyɛ na yefii akwampae adwuma ase. Yɛabehu sɛ yenhia nneɛma pii ansa na yɛanya anigye ne abotɔyam wɔ asetenam.”

Onipa foforo a otumi hwehwɛɛ ne koma mu yɛɛ nsakrae ne Lee. Ɔno de, na ne haw ne fekubɔne. Lee kae sɛ: “M’adwuma nti na metaa ne nnipa ahorow hyia. Ná me ara minim sɛ me ne wɔn hyia a, nsa bu so ma nkurɔfo we bow. Nanso na m’ani gye ho sɛ me ne wɔn behyiam. Ɛtɔ da bi a, me ara mihu sɛ anka merenom atra so. Ɛba saa a, na m’ani awu me tirim. Mihui sɛ, ɛsɛ sɛ mehwehwɛ me komam na meyɛ nsakrae. Onyankopɔn Asɛm mu afotu ne nyansahyɛ a mpanyimfo de maa me boaa me ma mihui sɛ, sɛɛ nea me koma pɛ ne sɛ me ne nnipa a wɔnnɔ Yehowa bɛbɔ fekuw. Seesei mehwɛ sɛ nkitaho biara a me ne saafo no bedi no, yɛbɛyɛ saa wɔ telefon so. Enti yɛntaa nhyia sɛ kan no.”

Ɛsɛ sɛ yɛn ara yɛtena ase pɛɛpɛɛ yɛn mu na yehu nea ɛwɔ yɛn komam. Ade biako a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae, efisɛ “onim koma mu ahintasɛm.” (Dw. 44:21) Bio nso Onyankopɔn de n’Asɛm ama yɛn; ɛte sɛ ahwehwɛ a ɛboa yɛn ma yehu yɛn ho yiye. (Yak. 1:22-25) Afei nso afotu a yenya fi asafo nhoma ahorow mu ne yɛn nhyiam ase boa yɛn paa. Eyinom nyinaa betumi abɔ yɛn koma ho ban na yɛakɔ so anantew trenee kwan so.

^ nky. 18 Wɔasesa din ahorow no.