Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Hena na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmofra Onyankopɔn ho asɛm?

Ɛwom sɛ afoforo betumi aboa agya ne ɛna no de, nanso ɛyɛ awofo no asɛyɛde titiriw sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho asɛm ne sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ abusuabiara tena.—10/1, kratafa 7.

• Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ: “Mene wo kyɛfa” no, dɛn na na ɔrekyerɛ?

Israel mmusuakuw no mu biara nyaa asase, nanso Lewifo no de, na Yehowa ne wɔn “kyɛfa.” (Num. 18:20) Wɔannya asase no bi, nanso wonyaa ɔsom hokwan soronko bi. Ne nyinaa akyi no, Yehowa de honam fam nneɛma a wohia maa wɔn. Ɛnnɛ, wɔn a wɔanya hokwan de wɔn bere pii reyɛ Ahenni no ho adwuma no betumi anya ahotoso sɛ wɔn nsa bɛka nneɛma a wohia wɔ asetena mu.—9/15, kratafa 7-8, 13.

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ wokyerɛ obu ma wo hokafo?

Ɔkwan biako a awarefo bɛfa so anya anigye na wɔn aware atena hɔ daa ne sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama wɔn ho. Sɛ awarefo da obu adi wɔ wɔn aware mu a, ɛma wonya ahobammɔ ne abotɔyam. Ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ su pa a ɛsɛ sɛ awarefo nya.—10/1, kratafa 12.

• Dɛn na ebetumi aboa Kristoni bi ma wahu sɛ mfaso wɔ nneɛma a ɔpɛ sɛ ɔde gye n’ani so anaasɛ mfaso nni so?

Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ mfaso wɔ nneɛma a yɛpɛ sɛ yɛde gye yɛn ani so, na ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: Dɛn na ɛwɔ nea mepɛ sɛ mede gye m’ani no mu? Bere bɛn na megye m’ani? Henanom na mɛfa wɔn nnamfo?—10/15, kratafa 9-12.

• So ɛsɛ sɛ yetua tow?

Bere a wobisaa Yesu sɛ ɛyɛ papa wɔ Onyankopɔn ani so sɛ wotua tow ma Roma aban no, obuae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Mar. 12:13-17) Wotumi de asɛmfua “Kaesare” gyina hɔ ma aban ahorow. Aban ahorow yi twa sika na wɔde bo to so. Bio nso wɔyɛ nneɛma pii ma ɔmanfo. Enti wɔ Onyankopɔn ani so no, wɔwɔ hokwan sɛ wɔma wotua sika ma wɔn sɛ tow.—10/1, kratafa 14, 15.

• Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 7:6-23 no betumi aboa yɛn na yɛanhwɛ aguamansɛm ho mfonini?

Saa Kyerɛwnsɛm no ka aberante bi a ɔkɔfaa baabi a onim sɛ ɔbea aguaman bi te ho asɛm. Ɔbea no daadaa no. Ɛnnɛ, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ Intanɛt dwumadibea a mfonini a ɛfa nna ho ɔbrasɛe wɔ. Ɛho hia nso sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ ne mmoa ansa koraa na yɛn ani abɔ mfonini a ɛte saa so wɔ Intanɛt so.—11/15, kratafa 9-10.

• Wobɛyɛ dɛn ahu nokware som?

Nokware asomfo kyerɛ obu ma Bible no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Wɔhyɛ Onyankopɔn din Yehowa anuonyam, na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo. Wɔnnyɛ wiase bɔne yi fã. Wɔwɔ ɔdɔ kɛse ma wɔn ho wɔn ho.—10/1, kratafa 16, 17.

• So Onyankopɔn bu abusua bi sen abusua foforo?

Dabi, ɛnte saa. Bible ka no pefee sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35)—10/1, kratafa 26.