Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Okununom, Munsuasua Kristo Dɔ!

Okununom, Munsuasua Kristo Dɔ!

Okununom, Munsuasua Kristo Dɔ!

ANADWO a etwa to wɔ Yesu asase so asetena mu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Mede ahyɛde foforo rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛnea medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo ampa.” (Yoh. 13:34, 35) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo dodɔ wɔn ho.

Bere a ɔsomafo Paulo rekasa akyerɛ Kristo akyidifo a wɔyɛ okununom tẽẽ no, ɔkyerɛwee sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efe. 5:25) Ɛbɛyɛ dɛn na Kristoni barima a waware atumi de Kyerɛwnsɛm mu afotu yi ayɛ adwuma wɔ n’aware mu, titiriw, bere a ne yere yɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so no?

Ná Kristo Ani Kũ Asafo no Ho

Bible ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” (Efe. 5:28, 29) Ná Yesu dɔ n’asuafo no, na na wɔda ne koma so. Ná n’ani kũ wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔnyɛ pɛ de, nanso na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ‘ɔde asafo no si hɔ anuonyam mu’ nti, ɔde n’adwene sii su pa ahorow a na n’asuafo no wɔ so.—Efe. 5:27.

Sɛnea Kristo daa ɔdɔ adi kyerɛɛ asafo no, saa ara na ɛsɛ sɛ okunu da ɔdɔ adi kyerɛ ne yere wɔ ne kasa ne ne nneyɛe mu. Ɔyere a bere nyinaa ne kunu ma ohu sɛ ɔdɔ no no te nka sɛ ne kunu ani kũ ne ho, na ɛma n’ani gye. Nanso, ɔbea a ɔte ofie a ɛyɛ fɛ a biribiara a ohia bi wom mu a ne kunu nnya bere mma no anaasɛ obu n’ani gu no so no ani nnye koraa.

Dɛn na okunu yɛ de kyerɛ sɛ n’ani kũ ne yere ho? Sɛ ɔne ne yere wɔ nnipa mu a, ɔde no kyia afoforo wɔ nidi mu, na ɔkamfo no wɔ mmoa a ɔde ma no no ho. Sɛ ne yere ayɛ biribi titiriw ama asi abusua no yiye a, ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ ɔbea no ne ne kunu nkutoo wɔ hɔ a, otumi hu sɛ ne kunu dɔ no. Ebia ɛbɛyɛ okunu sɛ ne nsa a ɔde bɛfofa ne yere ho, serew a ɔbɛserew akyerɛ no, ka a ɔbɛka no afam ne ho, ne kamfo a ɔbɛkamfo no no yɛ nneɛma nketenkete de, nanso saa nneɛma no ka ɔbea koma paa.

“Ɛnyɛ No Aniwu sɛ Ɔbɛfrɛ Wɔn ‘Anuanom’”

Ná ɛnyɛ Kristo Yesu “aniwu sɛ ɔbɛfrɛ [n’akyidifo a wɔasra wɔn no] ‘anuanom.’” (Heb. 2:11, 12, 17) Sɛ woyɛ Kristoni barima a woaware a, kae sɛ wo yere nso yɛ wo nuabea Kristoni. Sɛ́ ebia wo yere bɔɔ asu ansa na woreware no anaasɛ wowaree no ansa na ɔrebɔ asu no, ne ho so a wahyira ama Yehowa no ho hia koraa sen ntam a ɔkae wɔ n’aware mu no. Sɛ onua a ɔrehwɛ dwumadi bi so wɔ asafo nhyiam ase refrɛ wo yere ma wama mmuae a, ɔfrɛ no “Onuawa” ma ɛfata. Wo nso ɛnyɛ Ahenni Asa so nko na ɔyɛ wo nuabea, na ɔyɛ wo nuabea wɔ ofie nso. Sɛnea ɛho hia sɛ woda ayamye ne obu adi kyerɛ no wɔ Ahenni Asa so no, saa ara na ɛsɛ sɛ woyɛ no wɔ ofie nso.

Sɛ wowɔ ɔsom mu asɛyɛde pii wɔ asafo no mu a, ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubedi w’asɛyɛde a wowɔ wɔ asafo no mu ho dwuma, na woasan adi nea wowɔ wɔ w’abusua mu no ho dwuma pɛpɛɛpɛ. Sɛ asafo no mu mpanyimfo ne asomfo de biakoyɛ yɛ adwuma, na wɔde nnwuma no bi hyehyɛ afoforo nsa wɔ ɔkwan a ɛfata so a, ebetumi aboa wo ma woanya bere ama wo yere a ɔyɛ wo nuabea a ohia wo kɛse paa no. Kae sɛ anuanom mmarima foforo wɔ hɔ a wobetumi ayɛ nnwuma a wɔde ahyɛ wo nsa no, nanso wo nkutoo ne onuabarima a wo ne wo yere aka abom sɛ awarefo.

Bio nso, wo na woyɛ wo yere ti. Bible ka sɛ: “Ɔbarima biara ti ne Kristo; ɔbea nso ti ne ɔbarima; Kristo nso ti ne Onyankopɔn.” (1 Kor. 11:3) Ɛsɛ sɛ wudi saa tiyɛ yi ho dwuma dɛn? Ɛsɛ sɛ wudi no wɔ ɔdɔ so, na ɛnsɛ sɛ wutĩ kyerɛwsɛm a yɛaka ho asɛm yi mu kyerɛ wo yere bere nyinaa, na woka kyerɛ no sɛ ommu wo. Ade titiriw a ɛbɛma woadi wo tiyɛ ho dwuma yiye ne sɛ wubesuasua Yesu Kristo wɔ sɛnea wo ne wo yere di no mu.—1 Pet. 2:21.

“Moyɛ Me Nnamfo”

Yesu frɛɛ n’asuafo no ne nnamfo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Seesei memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Na mmom mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.” (Yoh. 15:14, 15) Ná Yesu ne n’asuafo no taa bɔ nkɔmmɔ. Na wɔbom yɛ nneɛma nso. Wɔtoo nsa frɛɛ “Yesu ne n’asuafo” ma wɔkɔɔ ayeforohyia ase wɔ Kana. (Yoh. 2:2) Ná wɔwɔ mmeae a wɔtaa kɔ hɔ kogye wɔn ani te sɛ Getsemane turom. Bible ka sɛ “na Yesu ne n’asuafo no akohyia hɔ mpɛn pii.”—Yoh. 18:2.

Akyinnye biara nni ho sɛ ehia sɛ ɔyere te nka sɛ ɔno na ɔyɛ ne kunu adamfo paa. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ mo okununom ne ɔyerenom bom yɛ nneɛma de gye mo ani! Mommom nsom Onyankopɔn. Mommom mfa anigye nsua Bible. Mommom nyɛ nneɛma—muntu mpase, mommɔ nkɔmmɔ, na mommom nnidi. Monnyɛ awarefo kɛkɛ; monyɛ nnamfo pa.

“Ɔdɔɔ Wɔn Kosii Awiei”

Yesu ‘dɔɔ n’asuafo kosii awiei.’ (Yoh. 13:1) Okununom binom nnyɛ wɔn ade sɛnea Kristo yɛe no. Ebia wobegyae ‘wɔn mmeranteberem yere’ mpo akɔpɛ ababaa bi.—Mal. 2:14, 15.

Afoforo te sɛ Willi suasua Kristo. Esiane sɛ na yare ama Willi yere reyɛ mmerɛw nti, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no bere nyinaa mfe pii. Willi tee nka dɛn wɔ eyi ho? Ɔkae sɛ: “Mabu me yere bere nyinaa sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama me, na m’ani asɔ no paa. Bio nso, mfe 60 a atwam no, mehyɛɛ bɔ sɛ mɛhwɛ no wɔ mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu. Me werɛ remfi saa bɔhyɛ no da.”

Kristofo mmarima a moaware, munsuasua Kristo dɔ. Momma mo ani nkũ mo yerenom a wosuro Onyankopɔn a wɔyɛ mo nuabeanom ne mo nnamfo no ho.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

So wo yere na ɔyɛ w’adamfo paa?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

‘Kɔ so dɔ wo yere’