Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Anya Wo Nyamesom Ho Akwankyerɛ Pa

Sɛnea Wubetumi Anya Wo Nyamesom Ho Akwankyerɛ Pa

Sɛnea Wubetumi Anya Wo Nyamesom Ho Akwankyerɛ Pa

“WƆ MFIRIHYIA du a atwam mu no, wɔatintim dwuma a onyamesom pa di wɔ adwumam ho nhoma bɛboro 300—efi Jesus CEO so kosi The Tao of Leadership so—ma abu so wɔ nhomatɔnbea.” Saa na U.S.News & World Report bɔ amanneɛ. Asɛm yi yɛ nokwasɛm a ɛkyerɛ ankasa sɛ nnipa pii a wɔwɔ aman a wodi yiye mu rehwehwɛ onyamesom pa ho akwankyerɛ wɔ asetra mu. Bere a aguadi ho nsɛmma nhoma Training & Development (Ntetee ne Nkɔso) reka eyi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Bere a mfiridwuma ho nimdeɛ bedi yɛn asetram biribi foforo biara so no na yɛrehwehwɛ asetra atirimpɔw ho ade a ɛkɔ akyiri ne abotɔyam kɛse.”

Nanso, ɛhe na yebetumi anya yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho akwankyerɛ a edi mũ? Bere bi a atwam no, nkurɔfo hwehwɛe sɛ asɔre akɛse no bɛboa wɔn ma wɔanya asetra ho “atirimpɔw a ɛkɔ akyiri.” Ɛnnɛ, nnipa pii adan wɔn akyi akyerɛ asɔre akɛse no. Training & Development (Ntetee ne Nkɔso) nsɛmma nhoma no ka sɛ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ adwumawuranom ne adwumam mpanyimfo 90 mu no ma wohui sɛ “nkurɔfo kyerɛ sɛ nsonsonoe kɛse da nyamesom ne onyamesom pa mu.” Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu no mu no kaa nyamesom ho asɛm sɛ ade a ɛde “pɛsɛmenkominya ne mpaapaemu” ba, na wɔkaa onyamesom pa ho asɛm sɛ ade a ɛde “nkabom ne biakoyɛ kɛse” ba.

Mmabun pii a wɔwɔ aman a wɔmpɛ nyamesom pii te sɛ Australia, New Zealand, United Kingdom, ne Europa, mu no nso hu nsonsonoe a ɛwɔ nyamesom ne onyamesom pa mu no. Bere a Ɔbenfo Ruth Webber rekyerɛw asɛm bi akɔ Youth Studies Australia (Australia Mmabun Adesua) mu no, ɔkae sɛ: “Mmabun dodow no ara na wɔwɔ Onyankopɔn, anaa onyame bi mu gyidi, nanso wommu asɔre sɛ ade a ɛho hia anaasɛ ɛbɛboa wɔn ma wɔada onyamesom pa adi.”

Nokware Som Hyɛ Onyamesom Pa Ho Nkuran

Ntease wɔ adwenem naayɛ a nkurɔfo anya wɔ nyamesom ho yi mu. Nyamesom ahyehyɛde pii na wɔde wɔn ho ahyehyɛ amammuisɛm nnaadaa ne abrabɔ mu nyaatwomyɛ mu, na ama nnipa a wɔn ho nni asɛm a wɔawuwu wɔ nyamesom mu akodi a enni ano mu no mogya afɔw wɔn twɔnn. Nanso, bere a nnipa binom repo asɔre ahorow a nyaatwomyɛ ne nnaadaa asɛe wɔn din no, wɔadi mfomso apo Bible nso, na wosusuw sɛ ɛpene nneyɛe a ɛtete saa no so.

Nokwarem no, Bible kasa tia nyaatwom ne amumɔyɛ. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo no sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mote sɛ ɔda a wɔasra ho a ɛho a wohu yɛ fɛ, na emu de, afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma. Saa ara nso na mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de, nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ no ma.”—Mateo 23:27, 28.

Afei nso, Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amammuisɛm nyinaa ho. Sɛ́ anka ɛbɛhyɛ gyidifo nkuran ma wɔakunkum wɔn ho wɔn ho no, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobewu ama wɔn ho wɔn ho. (Yohane 15:12, 13; 18:36; 1 Yohane 3:10-12) Sɛ́ anka nokware som a egyina Bible so bɛyɛ ade a ɛde “pɛsɛmenkominya ne mpaapaemu” ba no, ɛde “nkabom kɛse” mmom na ɛba. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

BibleAkwankyerɛ Pa Ma Onyamesom Pa

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:26, 27) Bere a eyi nkyerɛ sɛ nnipa sɛ Onyankopɔn wɔ nipaduam no, nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ nnipa betumi anya Onyankopɔn nipasu horow a nneɛma a ɛfa onyamesom pa ho ka ho no bi.

Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛfata sɛ yebegye adi sɛ Onyankopɔn bɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ama yɛn nyamesom adi mũ ne akwankyerɛ pa a yɛnam so betumi ahu nneɛma a ɛbɛboa ma yɛne ne ntam abusuabɔ ayɛ papa ne nea ebetumi asɛe no no. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn nipadua na ɔmaa yɛn nkwaadɔm a edi mũ a ɛko tia nyarewa na ɛboa ma yɛkɔ so nya apɔwmuden no, saa ara nso na ɔmaa yɛn ahonim, anaa tiboa, a ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa na ama yɛakwati nneyɛe a ebetumi asɛe yɛn nipadua ne yɛn nyamesom. (Romafo 2:14, 15) Sɛnea yenim no, sɛ yɛn nipaduam nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa no betumi ayɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ yedi aduan pa. Saa ara na sɛ yɛn ahonim bɛyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn ho nneɛma pa hyɛ yɛn adwene mu.

Bere a Yesu rekyerɛ aduan a ɛbɛma yɛanya apɔwmuden honhom fam no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Wɔayɛ Yehowa anom nsɛm ho kyerɛwtohɔ wɔ N’asɛm Bible mu, na “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Enti, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛbɔ mmɔden adi saa honhom fam aduan no. Dodow a yebehu Bible no na yɛabɔ mmɔden de mu nnyinasosɛm adi dwuma wɔ yɛn asetram no, dodow no ara na yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ bɛyɛ papa na asi yɛn yiye wɔ yɛn asetra mu.—Yesaia 48:17, 18.

So Mmɔden a Yɛbɔ no Fata?

Nokwarem no, egye bere na ama yɛanya honhom fam ahoɔden denam Bible sua so; na ɛte sɛ nea bere ho reyɛ den kɛse. Nanso, ɛso akatua no fata mmɔden a yɛbɛbɔ no! Tie sɛnea adwumayɛfo bi a wonni adagyew kyerɛkyerɛ nea enti a bere a wogye de hwehwɛ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu no ho hia wɔn no.

Marina, a ɔyɛ oduruyɛfo no, ka sɛ: “Nokwarem no, mansusuw me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho koraa kosii sɛ mifii ase yɛɛ adwuma wɔ ayaresabea, na afoforo amanehunu fii ase kaa me no. Saa bere no na mihui sɛ sɛ menya abotɔyam ne asomdwoe a, na ɛsɛ sɛ migye hia a onyamesom pa ho hia no tom na midi ho dwuma, efisɛ sɛnea asetra rekɔ ne nkurɔfo haw ho dwuma a yedi no betumi ahyɛ obi a ɔyɛ m’adwuma yi bi no so.

“Mprempren me ne Yehowa Adansefo sua Bible. Adesua yi boa me ma mehwehwɛ me nneyɛe ne adwenhorow a mikura mu wɔ ɔkwan pa so, na esiesie m’adwene ma ɛbɛyɛ nea ɛfata, na ama m’asetra akari pɛ. Minya abotɔyam kɛse wɔ m’adwuma mu. Nanso, ɛyɛ me Bible adesua no na ama manya ahoɔden wɔ nkate fam, na aboa me ama madi nsusuwii bɔne so, atew ntawntawdi so, na ama manya abotare ne tema kɛse ama nnipa. Bible nnyinasosɛm ahorow a mede di dwuma no aboa m’aware nso. Nea ehia sen biara no, mabehu Yehowa, na manya ne honhom kakra, na ama m’asetra anya atirimpɔw kɛse.”

Nicholas, obi a ɔyɛ ɔdan nsusuwso, ka sɛ: “Ansa na me ne Yehowa Adansefo rebesua Bible no, na m’ani nnye nyamesom ho. Na me botae ara ne sɛ medi yiye wɔ m’adwuma mu. Bible sua ama mahu sɛ ɛnyɛ asetra ara ni, na Yehowa apɛdeyɛ de nokware anigye a ɛtra hɔ daa ba.

“Ɛwom sɛ, m’adwuma ma minya abotɔyam, nanso Bible no na akyerɛkyerɛ me ma mahu sɛnea ɛho hia sɛ meyɛ me ho ɔwiɛmfoɔ denam Onyankopɔn som mu nneɛma so a mede m’adwene besi so no so. Bere a meyɛɛ saa no, me ne me yere akwati ɔhaw pii a efi adedodowpɛ mu ba no. Yɛnam fekuw a yɛne wɔn a wokura nyamesom pa ho adwene a ɛte saa bɔ no so anya nnamfo ankasa nso.”

Vincent, a ɔyɛ mmaranimfo no, ka sɛ: “Adwuma pa betumi ama obi anya abotɔyam kakra. Nanso, mahu sɛ pii ho hia na ama obi anya anigye ne abotɔyam ankasa. Ansa na merebehu Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa anigye ne abotɔyam ankasa ho no, mekae sɛ na mibu asetra sɛ ade a mfaso nni so koraa—sɛ́ wɔbɛwo wo, wubenyin, aware, ayɛ adwuma anya honam fam nneɛma de atete wo mma, atete wɔn ma wɔafa asetra kwan koro no ara so, na awiei koraa no, wɔanyinyin awuwu.

“Ɛyɛ bere a me ne Yehowa Adansefo suaa Bible no nkutoo na mibenyaa me nsɛmmisa a ɛfa asetra atirimpɔw ho no ho mmuae a abotɔyam wom. Me Bible sua no ama mabehu Yehowa sɛ obi ankasa, na manya ne ho dɔ kɛse. Eyi ama manya nea megyina so akura nyamesom ho adwene a edi mũ mu bere a mebɔ mmɔden sɛ mɛma m’asetra ne nea minim sɛ ɛyɛ n’atirimpɔw ahyia no. Mprempren, me ne me yere anya abotɔyam efisɛ yenim sɛ yɛrebɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a atirimpɔw wom sen biara so.”

Wo nso wonam Bible sua so betumi anya asetra a atirimpɔw wom. Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛboa wo. Te sɛ Marina, Nicholas, ne Vincent no, wo nso wonam Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ma adesamma nyinaa ne w’ankasa ho ade a wubesua no so betumi anya abotɔyam a ɛde ba no bi. Ɛnyɛ abusuabɔ pa nko na wo ne Onyankopɔn benya mprempren na mmom wubenya daa nkwa a apɔwmuden a edi mũ wom ho anidaso nso—anidaso a ɛwɔ hɔ ma “wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn” nkutoo no.—Mateo 5:3, NW.

Mpaebɔ yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. Yesu gyee bere kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɔ mpae, na ɔmaa wɔn nea wɔtaa frɛ no Awurade Mpaebɔ no. Dɛn na saa mpaebɔ no kyerɛ ma wo nnɛ? Wobɛyɛ dɛn atumi anya so mfaso? Wubenya ho mmuae wɔ nsɛm abien a edi so no mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Marina

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Nicholas

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Vincent