So Wo Ho Kɔ so Dwiriw Wo?
So Wo Ho Kɔ so Dwiriw Wo?
SO WOAHYƐ no nsow sɛ Bible akyerɛwfo no kɔ so ma yɛn ho dwiriw yɛn bere a wɔreka Onyankopɔn nnwuma ne ne su horow ho asɛm no? Odwontofo no kae sɛ: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so makamfo wo din sɛ woayɛ anwonwade.” (Yesaia 25:1) Anaa susuw ahodwiriw ne ahopopo a wɔada no adi wɔ ɔsomafo Paulo nsɛm a edi so yi mu no ho hwɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!”—Romafo 11:33.
The Oxford Encyclopedic English Dictionary kyerɛ “ahodwiriw” ase sɛ “nkate bi a nneɛma bi a yɛnhwɛ kwan na yennim, anaa nea yentumi nkyerɛkyerɛ mu ma yenya, ne titiriw no ahodwiriw a nkamfo anaa biribi a yɛrepɛ ahu ma yenya.”
Sɛ wuhu sɛ mmofra nketewa de ahodwiriw ahan wɔn ani bere a wohu biribi a wonhuu bi da, anaa wɔte ho asɛm a, so ɛyɛ a w’ani nnye? Awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no, bere a wɔrenyin no, ahodwiriw a asɛmpɛ anaa biribi a wonhuu bi da ma wonya no tu yera.
Nanso, wɔ Bible akyerɛwfo a yɛafa wɔn asɛm aka no fam no, na wɔn nkate wɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa ho no mu yɛ den ankasa. Ná wɔn ho dwiriw wɔn bere nyinaa. Dɛn ntia? Wɔkɔɔ so tee ahodwiriw nka denam Onyankopɔn nnwuma a wɔkɔɔ so dwennwen ho no so. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.”—Dwom 143:5.
Hwɛ sɛnea ɛfata nkamfo sɛ wohu ahodwiriw a ɛte saa wɔ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu! So wowɔ nkate a ɛte saa? So wo ho kɔ so dwiriw wo daa?