Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Ɛbɛyɛ Gyidi Afrafra sɛ Yɛbɛtɔ Dan Afi Nyamesom Ahyehyɛde Bi Nkyɛn Adan no Ahenni Asa?

Sɛnea ɛte no, Yehowa Adansefo kwati sɛ wɔne ɔsom afoforo bedi nkitaho a ɛte saa. Nanso, aguadi mu nkitahodi a ɛte saa no nkyerɛ sɛ ebia wɔde wɔn ho ahyɛ gyidi afrafra mu. Yebetumi abu no sɛ aguadi mu nkitahodi bi ara kwa. Ɛnkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ne nyamesom kuw foforo reyɛ biako asi beae bi a wɔn nyinaa bɛbom asom.

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi de ne ho rehyɛ gyidi afrafra mu wɔ Yehowa ani so? Susuw akwankyerɛ a ɔsomafo Paulo de mae no ho hwɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefi ne abosom wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa, NW] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo.” (2 Korintofo 6:14-17) Dɛn na Paulo nsɛm “twaka” ne “ayɔnkofa” no kyerɛ?

Ɛda adi pefee sɛ ayɔnkofa a Paulo kaa ho asɛm no fa ɔsom ne honhom fam nkitahodi a wɔne abosonsomfo ne wɔn a wonnye nni di no ho. Ɔbɔɔ Korintofo no kɔkɔ wɔ ‘ahonhommɔne pon so adidi’ ho. (1 Korintofo 10:20, 21) Enti gyidi afrafra ne sɛ obi ne nyamesom ahyehyɛde ahorow nya ɔsom anaa honhom fam adidi mu kyɛfa. (Exodus 20:5; 23:13; 34:12) Sɛ wɔtɔ dan bi a na nyamesom ahyehyɛde bi de di dwuma a, wɔde adwene a ɛne sɛ wɔretɔ dan a wɔde bɛyɛ Ahenni Asa ara kwa na ɛyɛ eyi. Ansa na wɔde bedi dwuma sɛ Ahenni Asa no, na wɔayiyi atoro som ho nneɛma nyinaa afi mu ne ɛho. Sɛ wonya yɛ nsakrae a ɛte saa wie a, wohyira so ma Yehowa, a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛsom ɔno nkutoo. Atoro som ne nokware som nnya ɔsom mu ayɔnkofa biara.

Bere a wɔreyɛ nhyehyɛe atɔ biribi a ɛte saa no, ɛnsɛ sɛ wɔne ɔsom foforo mufo no di nkitaho kɔ akyiri pii, na ɛsɛ sɛ ɛfa wɔn aguadi no nkutoo ho. Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo ma Paulo kɔkɔbɔ a ese ‘wɔne wɔn a wonnye nni ntwe kɔndua koro’ no tra wɔn adwenem. Ɛwom sɛ yɛnte nka sɛ yɛkorɔn sen wɔn a ɛsono wɔn gyidi no de, nanso yɛkwati sɛ yɛne wɔn bɛbɔ fekuw anaa yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ wɔn som mu. *

Na asafo a ebegye nyamesom ahyehyɛde bi dan atua ho ka nso ɛ? Gye a wogye biribi tua ho ka no taa ma wodi nkitaho pii, ma enti ɛsɛ sɛ yɛkwati. Sɛ mpo ɛba sɛ wobegye saa dan no atua ho ka ama dwumadi biako pɛ a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no susuw nea edidi so yi ho: So ahoni ne ɔsom ho sɛnkyerɛnne bi wɔ dan no mu anaa akyi? Nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ no bebu dwuma a yɛde dan no bedi no dɛn? So dan yi a yɛde bedi dwuma no bɛto asafo no muni bi hintidua? (Mateo 18:6; 1 Korintofo 8:7-13) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no susuw nsɛm yi ho na wogyina so si gyinae. Ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn ahonim ne asafo no mufo nyinaa de ho ansa na wɔasi gyinae sɛ ebia wɔbɛtɔ dan a ɛte saa na wɔadan no Ahenni Asa anaa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ nsɛm a ɛfa fata a ɛfata sɛ wɔne ɔsom a ɛnsɔ Yehowa ani yɛ adwuma ho a, hwɛ April 15, 1999, Ɔwɛn-Aban no kratafa 28 ne 29.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔtɔɔ dan yi a na ɛyɛ hyiadan no siesiei yɛɛ no Ahenni Asa