Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Wiase Nyinaa Nuayɛ Kuw No Ahyɛ Me Den

Yɛn Wiase Nyinaa Nuayɛ Kuw No Ahyɛ Me Den

Asetram Nsɛm

Yɛn Wiase Nyinaa Nuayɛ Kuw No Ahyɛ Me Den

SƐNEA THOMSON KANGALE KA KYERƐE

Wɔ April 24, 1993 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ baa dwumadibea foforo a adan 13 na ɛwom no so hyira no bi, wɔ Lusaka, Zambia. Esiane sɛ na mintumi nnantew yiye nti, onuawa Kristoni a ɔde yɛn rekyinkyin hɔ no fi ayamye mu bisaa me sɛ, “So wobɛpɛ sɛ mede akongua ka yɛn ho kɔ, na sɛ yɛrekɔ na wobrɛ a, woatra so agye w’ahome?” Meyɛ obibini, na ɔno nso yɛ oburoni, nanso wamfa ɛno anyɛ asɛm. Ɛkaa me koma ma medaa no ase, efisɛ n’ayamye no maa mitumi kyinkyinii adan no nyinaa mu.

WƆ MFE pii a abɛsen kɔ mu no, osuahu ahorow a ɛtete sɛɛ aka me koma, na ama magye adi koraa sɛ ɔdɔ a Kristo kae sɛ ɛbɛda adi wɔ ne nokware akyidifo mu no da adi wɔ Yehowa Adansefo Kristofo asafo no mu. (Yohane 13:35; 1 Petro 2:17) Ma menka nea ɛyɛe a mihuu saa Kristofo yi wɔ 1931 mu, afe a wofi wɔn pɛ mu gyee Bible mu din Yehowa Adansefo too wɔn ho so wɔ baguam no ho asɛm nkyerɛ wo.—Yesaia 43:12.

Me Som Adwuma Mfiase Wɔ Afrika

Wɔ November 1931 mu no na madi mfe 22, na mete Kitwe a ɛwɔ Copperbelt wɔ Northern Rhodesia (seesei wɔfrɛ no Zambia) no. M’adamfo bi a me ne no bɔ bɔɔl kaa Adansefo no ho asɛm kyerɛɛ me. Mekɔɔ wɔn nhyiam ahorow no bi na mekyerɛwee krataa kɔɔ wɔn baa dwumadibea a ɛwɔ Cape Town, South Africa, no de kobisaa nhoma The Harp of God * a wɔde sua Bible no bi. Na nhoma no wɔ Engiresi kasa mu, na na ɛyɛ den ma me sɛ mɛte ase efisɛ na mente kasa no papa.

Wɔ Copperbelt mantam a ɛbɛn Ɔtare Bangweulu kilomita 240, faako a ɛbɛn baabi a minyinii no, na wogye adwumayɛfo pii fi ɔmansin foforo mu ma wɔbɛyɛ adwuma wɔ faako a wotu kɔbere no. Ná Adansefo akuw pii taa hyia wɔ hɔ yɛ Bible adesua. Bere bi akyi no, mitu fii Kitwe kɔɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ a wɔfrɛ no Ndola mu, na mifii ase ne Adansefo kuw bi a wɔwɔ hɔ bɔe. Saa bere no, na me na meyɛ bɔɔlbɔ kuw a wɔfrɛ no Prince of Wales no kannifo. Na mesan nso som oburoni bi a ɔyɛ panyin wɔ African Lakes Corporation, adwumakuw a wɔwɔ sotɔɔ ahorow pii wɔ Afrika mfinimfini fam no.

Mankɔ sukuu pii na Borɔfo kakra a mete no, misua fii Aborɔfo a me ne wɔn yɛɛ adwuma no hɔ. Nanso, na mewɔ ɔpɛ sɛ mɛtoa m’adesua no so na mikosuaa ade wɔ Plumtree sukuu no mu, wɔ Southern Rhodesia (mprempren wɔfrɛ no Zimbabwe). Nanso ansa na ɛno reba no, mekyerɛw krataa kɔɔ Cape Town baa dwumadibea ne mprenu so. Mema wohui sɛ me nsa aka The Harp of God no na mepɛ sɛ mede me bere nyinaa som Yehowa.

Me ho dwiriw me bere a me nsa kaa mmuae a edi so yi no: “Yɛn ani gye ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsom Yehowa no ho. Yɛbɛpɛ sɛ yɛhyɛ wo nkuran na wode kɔ mpaebɔ mu, na Yehowa bɛboa wo ma woanya ntease pa wɔ nokware no ho, na ɔbɛhwehwɛ baabi ama woasom no.” Bere a mekenkan krataa no mpɛn pii akyi no, mibisaa Adansefo no mu pii nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Wɔkae sɛ: “Sɛ ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛsom Yehowa a, fi ase mprempren yi ara.”

Mede nnawɔtwe mũ no nyinaa bɔɔ mpae wɔ asɛm no ho na awiei koraa no migyaee sukuu a na mepɛ sɛ metoa so no na mekɔɔ so ne Adansefo no suaa me Bible no. Afe a edi hɔ wɔ January 1932 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne. Bere a mitu fii Ndola kɔɔ Luanshya, kurow bi a ɛbɛn hɔ no, mihyiaa Jeanette, yɔnko gyidini bi, na yɛwaree wɔ September 1934 mu. Bere a yɛwaree no na Jeanette wɔ babarima ne ɔbabea dedaw.

Minyaa nkɔso nkakrankakra , na wɔ 1937 mu no, mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ankyɛ biara na wɔpaw me sɛ mensom sɛ ɔsomfo kwantufo, a seesei wɔfrɛ no ɔmansin sohwɛfo no. Ahwɛfo akwantufo srasra Yehowa Adansefo asafo ahorow no hyɛ wɔn den honhom fam.

Asɛnka Wɔ Mfe a Atwam no Mu

Wɔ January 1938 mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔsra Afrikafo hene bi a wɔfrɛ no Sokontwe, a wasrɛ sɛ Yehowa Adansefo mmɛsra no no. Mede sakre twaa kwan nnansa kɔɔ saa beae hɔ. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ wɔasoma me sɛ mimmedi ne krataa a ɔkyerɛw kɔɔ yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ Cape Town no ho dwuma mma no no, n’ani sɔe kɛse.

Mikyinii ne nkurɔfo mu fi ɔsese biako mu kɔɔ foforo mu kɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra insaka (ɔmanfo apata no ase). Wobehyiaam wiei no, mekasa kyerɛɛ nnipakuw no. Nea efi mu bae ne sɛ, yefii Bible adesua pii ase. Akuraa no ase hene ne ne krakye no na wodii kan bɛyɛɛ ahwɛfo wɔ asafo a ɛwɔ hɔ no mu. Ɛnnɛ, asafo bɛboro 50 na ɛwɔ saa beae a wɔfrɛ hɔ sɛ Samfya mantam no mu.

Mesom wɔ Ɔtare Bangweulu mpɔtam fi 1942 kosii 1947. Midii dadu wɔ asafo biara mu. Esiane sɛ adwumayɛfo a na wɔwɔ honhom fam otwa adwuma no mu saa bere no sua nti, yɛtee nka sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo tee nka bere a ɔkae sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” no. (Mateo 9:36-38) Wɔ saa nna a atwam no mu no, na akwantu yɛ den, enti na Jeanette ne mmofra no tra Luanshya bere a meresom asafo ahorow no. Saa bere no na me ne Jeanette awo abien aka ne mma no ho, nanso wɔn mu biako wui bere a na wadi abosome du no.

Saa mmere no na kar nnɔɔso pii wɔ hɔ na saa ara nso na na kar akwan nso nnɔɔso. Da koro bi, mede Jeanette sakre no twaa kwan a ne tenten boro kilomita 200. Sɛ edu baabi na merebetwa nsu a, mede sakre no si me kɔn ho, de me nsa biako som na mede biako aboro nsu no. Nea efi mu bae ne sɛ, Adansefo no dɔe anwonwakwan so wɔ Luanshya, na wɔ 1946 mu no nnipa 1,850 na wɔbaa Kristo wu Nkaedi no ase.

Ɔsɔretia a Yehyia Wɔ Yɛn Adwuma no Mu

Da koro bi wɔ Wiase Ko II no mu no, ɔmansin soafo a ɔwɔ Kawambwa no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mepɛ sɛ wugyae Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow a mode di dwuma no efisɛ wɔabra. Nanso metumi ama wo nnwinnade foforo a wubetumi de akyerɛw nhoma afoforo a mode bedi dwuma wɔ mo asɛnka no mu.”

Mibuae sɛ: “Nhoma a yɛwɔ no ara ye ma me, minhia hwee bio.”

Ɔkae sɛ: “Wode wunnim Amerikafo,” (saa bere no na wotintim yɛn nhoma no wɔ United States). “Wɔbɛdaadaa wo.”

Mibuae sɛ: “Dabida, wɔn a me ne wɔn bɔ no, wɔrentumi nyɛ saa.”

Afei obisaa me sɛ: “Wuntumi nka nkyerɛ w’asafo no na wonyi sika mfa mmoa ɔko no te sɛ nea ɔsom afoforo reyɛ no?”

Memaa no mmuae sɛ: “Aban asomafo na saa adwuma no hyɛ wɔn nsa.”

Ɔkae sɛ: “Adɛn nti na wonkɔ fie nkodwen ho?”

Mibuae sɛ: “Bible no hyɛ yɛn wɔ Exodus 20:13 ne 2 Timoteo 2:24 sɛ, yennni awu na yɛnnko.”

Ɛwom sɛ wɔmaa me hokwan sɛ menkɔ, nanso akyiri yi ɔman soafo no frɛɛ me wɔ Fort Rosebery, kurow a mprempren wɔfrɛ no Mansa no mu. Ɔkae sɛ: “Nea enti a mefrɛɛ wo ne sɛ mepɛ sɛ wote ase sɛ aban no abara mo nhoma no.”

Mekae sɛ: “Yiw, mate ho asɛm.”

“Enti ɛsɛ sɛ wokɔ mo asafo no nyinaa mu kɔka kyerɛ nkurɔfo a wo ne wɔn som no sɛ wɔmfa nhoma no nyinaa mmra ha. Woate anaa?”

Mibuae sɛ: “Ɛno nyɛ m’adwuma, ɛyɛ aban asomafo no asɛyɛde.”

Nhyiam Bi Sow Aba

Ɔko no akyi no, yɛkɔɔ so kaa asɛm no. Bere bi a na masom asafo bi awie wɔ 1947 mu wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Mwanza ase no, mibisaa faako a menya tii atɔ. Wɔkyerɛɛ me sɛ menkɔ obi a wɔfrɛ no Owura Nkonde fie, ɛhɔ na wɔtɔn tii. Owura Nkonde ne ne yere gyee me fɛw so. Meka kyerɛɛ Owura Nkonde sɛ, ɔnkenkan “Let God Be True” nhoma no ti a ɛne “Hell, a Place of Rest in Hope” no nkyerɛ me bere a merenom me tii no.

Bere a menom tii no wiei no mibisaa no sɛ, “Wote hell ase dɛn?” Esiane sɛ ne ho dwiriw no wɔ nea ɔkenkan fii nhoma no mu nti, ofii ase ne Adansefo no suaa Bible no na akyiri yi, wɔbɔɔ ɔne ne yere asu. Ɛwom sɛ wankɔ so anyɛ Ɔdansefo de, nanso ne yere ne ne mma no mu dodow no ara bɛyɛɛ Adansefo. Nokwasɛm ne sɛ, ne mma no biako a wɔfrɛ no Pilney, da so ara som wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Zambia no. Na ɛwom sɛ Pilney maame anyin de nanso ɔda so ara yɛ Ɔdansefo nokwafo.

Metraa Afrika Apuei Fam Kakra

Yɛn baa dwumadibea a ɛwɔ Northern Rhodesia a wɔhyehyɛe wɔ 1948 wɔ Lusaka no maa me dwumadi wɔ Tanganyika (a mprempren wɔfrɛ no Tanzania no). Ɔdansefo foforo kaa me ne me yere ho ma yɛbɔɔ anan faa kwan a mmepɔw wom no so kɔe. Yɛde nnansa na etwaa kwan no na na ɔbrɛ wom. Bere a na mesõ nhoma pii no, na me yere nso sõ yɛn ntade no, na na Ɔdansefo foforo a ɔka yɛn ho no sõ yɛn nnaso no.

Bere a yeduu Mbeya wɔ March 1948 no, na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de boa anuanom no ma wɔma wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible no hyia koraa. Ade biako ne sɛ, na wɔde edin Ɔwɛn-Abanfo na enim yɛn wɔ saa beae hɔ. Ɛwom sɛ na anuanom agye edin a ɛne Yehowa Adansefo no atom de nanso na wɔmfa nnii dwuma baguam. Bio nso, na ɛho hia sɛ Adansefo no bi po amanne ahorow bi a ɛfa awufo a wodi wɔn ni no ho. Nanso ɛte sɛ nea nsakrae a na ɛyɛ den ma wɔn mu pii sɛ wɔbɛyɛ ne wɔn aware a wɔde bɛhyɛ mmara ase, na wɔadi no ni ma obiara ahu no.—Hebrifo 13:4.

Akyiri yi, minyaa hokwan kɔsom wɔ Afrika Apuei fam mmeae bi, a Uganda ka ho. Midii adapɛn bɛyɛ asia wɔ Entebbe ne Kampala, faako a yɛboaa nnipa pii ma wonyaa Bible mu nokware nimdeɛ no.

Nsa a Wɔto Frɛɛ Me Kɔɔ New York City

Bere a mesom wɔ Uganda kakra no, mekɔɔ Dar es Salaam wɔ 1956 mu, wɔ Tanganyika kuropɔn no mu. Ɛhɔ na na krataa bi a efi Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti da retwɛn me. Na akwankyerɛ ahorow a ɛfa sɛnea mɛyɛ ahoboa aba New York amanaman ntam nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ July 27 kosi August 3, 1958 mu ho asɛm na ɛwom. Ɛda adi pefee sɛ m’ani gyee saa hokwan no ho.

Bere no dui no, me ne ɔhwɛfo kwantufo foforo a wɔfrɛ no, Luka Mwango tuu kwan fii Ndola kɔɔ Salisbury (mprempren wɔfrɛ hɔ Harare) wɔ Southern Rhodesia, yefi hɔ no yɛkɔɔ Nairobi, wɔ Kenya. Yefi hɔ no na yɛkɔɔ London, England, ɛhɔ na wɔde anigye gyee yɛn. Bere a yɛrebɛda anadwo a yeduu England no yɛbɔɔ sɛnea aborɔfo afi wɔn koma mu ayɛ yɛn a yɛyɛ Afrikafo hɔho no ho nkɔmmɔ na yɛn ani gyei. Saa asɛm no hyɛɛ yɛn nkuran kɛse.

Awiei koraa no, yeduu New York, faako a wɔyɛɛ nhyiam no. Da koro bi a na nhyiam no rekɔ so no, mede amanneɛbɔ a ɛfa sɛnea Yehowa Adansefo a wɔwɔ Northern Rhodesia dwumadi rekɔ so ho no too gua. Saa da no atiefo a wɔn dodow bɛyɛ 200,000 na wohyiaam wɔ New York City Polo Grounds ne Yankee Stadium. Saa da no anadwo no mantumi anna efisɛ na midwen hokwan kɛse a manya no ho.

Ankyɛ biara na nhyiam no baa awiei na yɛsan baa fie. Bere a na yɛnam kwan so reba fie no, yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ England no san daa ahɔhoyɛ su adi kyerɛɛ yɛn. Wɔdaa biakoyɛ a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo mu, ɛmfa ho abusua anaa ɔman a obi fi mu adi kyerɛɛ yɛn!

Som a Yɛkɔ so Som ne Sɔhwɛ Ahorow a Yehyia

Wɔ 1967 mu no wɔpaw me sɛ ɔmantam somfo—ɔsomfo a otu kwan fi ɔmansin biako mu kɔ foforo mu. Saa bere no na Adansefo a wɔwɔ Zambia no dodow anya nkɔanim aboro 35,000. Akyiri yi esiane yare nti, wɔsan maa me dwumadi sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Copperbelt. Bere bi akyi no, Jeanette yaree na wɔ December 1984 mu no owui wɔ nokwaredi mu maa Yehowa.

Ne wu akyi no, mihyiaa ɔhaw efisɛ n’abusuafo a wɔnyɛ gyidifo bɔɔ me sobo sɛ me na mede bayi akum no. Nanso wɔn a na wonim yare ko a ɛyɛɛ Jeanette na wɔne ne duruyɛfo no akasa pɛn no kyerɛkyerɛɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu kyerɛɛ saa abusuafo no. Sɔhwɛ foforo nso sɔree. Abusuafo bi pɛe sɛ mede me ho hyɛ amanne bi a wɔfrɛ no ukupyanika mu. Wɔ ɔmantam a mifi mu mu no, sɛ obi hokafo wu a, ɛsɛ sɛ ɔne nea wawu no busuani a ɔbɛn no paa da. Nokwasɛm ni, manyɛ.

Nhyɛso a efi abusuafo hɔ no de nkakrankakra baa awiei. M’ani gyei sɛ Yehowa boaa me ma mitumi gyinaa pintinn. Bere a wosiee me yere ɔsram biako akyi no, onua barima bi baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Onua Kangale, woahyɛ yɛn nkuran paa wɔ wo yere wu no ho, efisɛ woamfa wo ho anhyɛ amanne a ɛnsɔ Onyankopɔn ani biako mpo mu. Yɛpɛ sɛ yɛda wo ase paa.”

Otwa Adwuma a Ɛyɛ Anigye

Mfe 65 ni na me de me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ Yehowa Dansefo. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ saa bere yi nyinaa mihu asafo ahorow pii a wɔatetew ne Ahenni Asa pii a wɔasisi wɔ beae a na bere bi mesom wɔ hɔ sɛ ɔhwɛfo kwantufo no! Wɔ Adansefo a na wɔn dodow yɛ 2,800 wɔ 1943 mu no, mprempren wɔn dodow akɔ anim aboro Ahenni adawurubɔfo 122,000 wɔ Zambia. Nokwarem no, afe a etwaam no, nnipa bɛboro 514,000 na wɔbaa Nkaedi no ase wɔ saa man yi a nnipa dodow a wɔwom nnu ɔpepem 11 no.

Ne nyinaa mu no, Yehowa hwɛ me. Sɛ meyare a, onua Kristoni bi de me kɔ ayaresabea. Asafo ahorow da so ara to nsa frɛ me ma mekɔma baguam ɔkasa, na mmere a ɛtete saa no hyɛ me den. Asafo a mewom no mufo yɛ nhyehyɛe ma Kristofo mmea besiesie me fie, na anuanom mmarima tu wɔn ho ma dapɛn biara bɛfa me kɔ nhyiam. Minim sɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa a mesom no no a, anka merenya ɔhwɛ a efi ɔdɔ mu yi. Meda no ase sɛ ɔkɔ so de me di dwuma wɔ bere nyinaa som adwuma no mu ne asɛyɛde ahorow pii a matumi adi ho dwuma abedu sesɛɛ no.

M’ani nhu ade papa, na sɛ menantew kɔ Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ mehome mpɛn pii wɔ kwan mu. Ɛte sɛ nea me nhoma kotoku no mu ayɛ duru nnansa yi, enti mayiyi nhoma ahorow bi a ɛho renhia me wɔ nhyiam ase no afi mu. Me som adwuma no abegyina Bible adesua a me ne wɔn a wɔba me fie yɛ no so titiriw. Nanso, hwɛ anigye a minya bere a mehwɛ mfe a abɛsen kɔ na mitumi susuw nkɔso a ɛyɛ anigye a aba no ho no! Masom wɔ beae a Yehowa asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 60:22 anya mmamu soronko no. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, NW], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” Nokwarem no, matra ase ahu sɛ ɛnyɛ Zambia nko na asɛm yi anya mmamu, na mmom wiase nyinaa nso. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso mprempren de wɔagyae tintim.

^ nky. 50 Awerɛhosɛm ne sɛ, Onua Kangale ho antɔ no, na owui nokwaredi mu bere a wɔrekyerɛw saa asɛm yi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Thomson na ogyina Zambia baa dwumadibea wɔ akyi hɔ no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Zambia baa dwumadibea no nnɛ