Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dua a Emu “Nsu Sɔne” ne Nneɛma Ahorow a Wɔde “Nsu” no Yɛ

Dua a Emu “Nsu Sɔne” ne Nneɛma Ahorow a Wɔde “Nsu” no Yɛ

Dua a Emu “Nsu Sɔne” ne Nneɛma Ahorow a Wɔde “Nsu” no Yɛ

Yeremia 51:8 ka sɛ: “Momfa ne yaw ano aneneduru mmra.” Nhwehwemu bi a yɛyɛe wɔ faako a wonya ade a ɛma ahotɔ kɛse na wɔde sa yare yi no de yɛn kɔ Chios supɔw no so, wɔ Aegean Po so.

SƐ EDU ahohuru bere mfiase a, akuafo a wɔwɔ Chios no yɛ ahoboa ma otwa adwuma bi wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ wɔpra fam hɔ wie a, wɔde ɛsan (dɔte fitaa) bɔ apa fa dua no ho hyia. Afei akuafo de sekan bobɔ dua no ho ma ‘nsu’ fi mu. ‘Nsu’ a ani hoa bi sɔne fi dua no mu ba. Wɔ nnawɔtwe abien anaa abiɛsa akyi no, nsu no bobɔ atɔw na akuafo no abetĩtĩ afi dua no ho anaa nea ada wɔ apa a wɔde ɛsan abɔ wɔ fam no so. “Nsu” a wɔfrɛ no aman yi na wɔde yɛ aneneduru.

Nanso egye adwumaden ne abotare ansa na twabere no adu so. Ɛkyɛ ansa na dutan a ɛho yɛ nsõnsõ a akontɔn yi anyin. Edi fi mfe 40 kosi 50 ansa na anyin ayɛ kɛse—ne tenten taa yɛ fi mita abien kosi abiɛsa.

Dutan no ho a wɔbobɔ ne “nsu” no a wɔboaboa ano akyi no, adwuma foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na adan aman. Sɛ akuafo no tetew aman “nsu” a abobɔ atɔw no wie a, wɔsɔn so, hohoro, na wɔakyekyem sɛnea n’akɛse ne ne su te. Akyiri yi, woyi aman no mu fi ma wotumi de yɛ nneɛma pii.

Dua a Ɛsom Bo no Ho Abakɔsɛm

Engiresi asɛmfua a wɔkyerɛ ase “aman” no fi Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “ɛsẽ a wɔtwɛre” mu. (Mateo 8:12; Adiyisɛm 16:10) Saa din no kyerɛ sɛ efi tete mmere mu na wɔde aman yi mu nsu adi dwuma sɛ kyingam a wɔwe ma anum yɛ huam.

Aman ho asɛm a akyɛ sen biara no fi Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. no hɔ. Tete nhoma akyerɛwfo ne aduruyɛfo—a Apollodorus, Dioscorides, Theophrastus, ne Hippocrates ka ho—kaa nneɛma a wɔde aman yi yɛ wɔ aduruyɛ mu ho asɛm. Ɛwom sɛ aman nnua yi tumi fifi wɔ Mediterranea Mpoano nyinaa de, nanso efi bɛyɛ 50 Y.B. no wɔyɛ ho adwuma wɔ Chios sen baabiara. Aman ne ade titiriw a wɔn a wodii Chios so nkonim no ani gyee ho titiriw, fi Romafo so kosi Genoafo ne Ottomanfo so.

Aman a Wɔde Yɛ Nneɛma Pii

Tete Misrifo aduruyɛfo de aman saa nyarewa ahorow, a ayamtu ne ɔkwaha ka ho. Wɔde dii dwuma nso sɛ aduhuam na wɔde hyɛɛ amu aduru. Ɛbɛyɛ sɛ wonyaa ‘aneneduhuam a ɛwɔ Gilead’ no fã bi fii aman dua yi a wɔde yɛ nnuru ne srade a wɔde sra na wɔde hyɛ amu no mu. (Yeremia 8:22; 46:11) Wɔaka dua no ho asɛm sɛ ɛsow aba huamhuam bi a wɔde yɛ aduhuam kronkron a wɔde yɛ ɔsom mu ade nkutoo, na wɔkyerɛ sɛ efi aman dua abusua no mu.—Exodus 30:34, 35.

Ɛnnɛ wohu aman yi bi wɔ aduru a wɔde ka dan ne nkogua ho, ne mfiri a wɔde bɔ dwom mu, ɛboa bɔ nneɛma yi ho ban. Wɔde di dwuma de bɔ ade ho ban ne nneɛma a nsu ntumi nkɔ mu, wɔsan nso ka ho asɛm sɛ aduru a ɛsen biara a wɔde hyɛ ntama ne nea mfoniniyɛfo de yɛ mfonininuru ahorow. Wɔde aman yɛ aduru a wɔde sɔw ade, na wɔde hyɛ aboa nhoma aduru. Esiane sɛ aman dua yi mu nsu yɛ huam nti, wɔde yɛ samina, srade a wɔde sra, ne aduhuam ahorow.

Wɔaka aman dua yi ho asɛm aka nnuru 25 a wogye tom wɔ wiase nyinaa no ho. Wɔda so ara de yɛ ahabannuru wɔ Arabfo nsase so. Afei nso wɔde siw ɛsẽ mu ntokuru na wɔsan de fa nnuru ho.

Sɛ́ dua a wonya aneneduru fi mu no, wɔde aman dua mu ‘nsu’ a wotumi de yɛ nneɛma pii yi asa nyarewa mfe mpempem pii. Ɛnde na ntease pa bi nti na Yeremia nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Momfa ne yaw ano aneneduru mmra” no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Chios

Aman a wɔbɔ

Wɔde ahwɛyiye na ɛtetew aman dua mu “nsu” no

[Asɛm Fibea]

Chios and harvest line art: Courtesy of Korais Library; all others: Kostas Stamoulis