Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So Onyankopɔn akwankyerɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yeremia 7:16 no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo bɔ mpae ma obi a wɔatu no afi Kristofo asafo no mu esiane sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo a onnu ne ho nti?

Bere a Yehowa buu Yudafo a wonni nokware no atɛn wiei no, ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Wo de, mpa kyɛw bi mma ɔman yi, nso mma wɔn ho nkɔmmɔdi ne mpaebɔ so, na nsrɛ mma wɔn, efisɛ merentie wo.”—Yeremia 7:16.

Dɛn nti na Yehowa baraa Yeremia sɛ ɔmmmɔ mpae mma Israelfo no? Ɛda adi sɛ, esiane wɔn nneyɛe bɔne a emu yɛ den a wɔyɛ de tiaa ne Mmara no nti. Ná wɔbɔ ‘korɔn, di awu, sɛe aware, keka ntanhunu, hyew aduhuam ma Baal, di anyame foforo a wonnim wɔn akyi’ petee mu a ɛnyɛ wɔn aniwu. Ne saa nti, Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a wonni gyidi no sɛ: ‘Mɛtow mo mafi m’anim magu, sɛnea metow mo nuanom nyinaa, Efraim asefo nyinaa, migui no.’ Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛrenyɛ papa sɛ, Yeremia anaa obi foforo biara bɛbɔ mpae ama Yehowa adan N’atemmu no.—Yeremia 7:9,15.

Nea ɛne eyi hyia no, ɔsomafo Yohane kyerɛw asɛm bi faa mpae a ɛfata sɛ wɔbɔ Nyankopɔn ho. Nea edi kan no, ɔmaa Kristofo awerɛhyem sɛ: “Yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Afei, ɛdefa mpae a yɛbɛbɔ ama afoforo ho no, Yohane toaa so sɛ: “Sɛ obi hu ne nua sɛ ɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu a, ɔmmɛsrɛ, na [Onyankopɔn] bɛma no nkwa de ama wɔn a wɔyɛ bɔne a ɛnkɔ owu mu no. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛkɔ owu mu; ɛno ho de, menka sɛ ommisa.” (1 Yohane 5:16) Yesu kaa “bɔne a wɔmfa mfiri” nso ho asɛm, ɛno ne bɔne a wɔyɛ tia honhom kronkron no.—Mateo 12:31, 32.

So eyi kyerɛ sɛ wɔn a esiane bɔne a wɔyɛe a wɔannu wɔn ho nti wɔatu wɔn afi Kristofo asafo no mu nyinaa ayɛ bɔne a ‘ɛkɔ owu mu’ a ɛno nti ɛnsɛ sɛ wɔbɔ mpae ma wɔn? Ɛnyɛ ɛno ne asɛm no ankasa efisɛ wɔ nsɛm bi mu no mfomso a ɛte saa no nyɛ bɔne a ɛkɔ owu mu. Nokwasɛm ni, yentumi nkyerɛ ankasa sɛ saa na ɛte. Nhwɛso biako ne Yuda Hene Manase de no. Ɔyɛɛ afɔremuka ahorow maa atoro anyame, ɔhyew n’ankasa mma de bɔɔ afɔre, ɔde ne ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu, na ɔde ahoni a wɔasen kosisii Yehowa asɔrefie hɔ. Nokwasɛm ni, Bible no ka sɛ Manase ne nkurɔfo no yɛɛ ‘bɔne sen amanaman a Yehowa sɛee wɔn Israelfo anim no.’ Eyinom nyinaa a Manase yɛe no nti, Yehowa twee n’aso ma wɔde mpokyerɛ guu no de no kɔɔ Babel.—2 Ahene 21:1-9; 2 Beresosɛm 33:1-11.

Sɛnea na Manase bɔne no sõ no, so na ɛyɛ nea ‘ɛkɔ owu mu’ no bi? Ɛnte saa ankasa, efisɛ kyerɛwtohɔ no kɔ so ka fa ne ho sɛ: “Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ Yehowa ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim. Na ɔbɔɔ no mpae no, otiee ne nkotɔsrɛ, na ɔde no san baa Yerusalem n’ahenni mu. Ɛnna Manase hui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn.”—2 Beresosɛm 33:11-13.

Enti, ɛnsɛ sɛ yɛpɛ ntɛm bua atɛn sɛ esiane sɛ wɔatu obi afi asafo no mu nti na ɛkyerɛ sɛ wayɛ bɔne a ɛkɔ owu mu. Ebegye bere ansa na onipa ko no koma mu tebea ada adi. Nokwarem no, wɔtaa ka sɛ atirimpɔw biako nti a wotu obi ne sɛ ɛbɛma ɔbɔnefo no ani aba ne ho so na wasakra n’adwene na wasan aba ma wɔagye no bio.

Esiane sɛ onipa no nni asafo no mu bio nti, wɔn a wobedi kan ahu nsakrae a wayɛ wɔ ne koma ne ne nneyɛe mu ne wɔn a wɔbɛn no no, te sɛ n’aware mu hokafo anaa n’abusuafo. Wɔn a wohu nsakrae ahorow a ɛte saa no behu sɛ ɔbɔnefo no anyɛ bɔne a ɛkɔ owu mu. Ɛbɛka wɔn ma wɔabɔ mpae ama no ma wasan anya ahoɔden afi Nyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu na Yehowa bɛhwɛ ɔbɔnefo no komam na wadi ne ho dwuma ma ɛne N’apɛde ahyia.—Dwom 44:21; Ɔsɛnkafo 12:14.

Bere a ebinom wɔ hokwan soronko sɛ wɔn na ɛsɛ sɛ wonya adanse a ɛfata na ama wɔagye adi sɛ ɔbɔnefo no anu ne ho ampa nti, eyi renyɛ asafo mũ no nyinaa asɛyɛde. Sɛ wɔte sɛ obi rebɔ mpae ama nea wayɛ bɔne no a, wɔn adwenem bɛyɛ wɔn naa, anaasɛ ɛbɛhaw wɔn, anaa mpo ɛbɛto wɔn hintidua. Esiane saa ntease yi nti, ɛsɛ sɛ wɔn a ɛka wɔn sɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ mpae ma ɔbɔnefo no, yɛ saa wɔ kokoam nkutoo, na wogyae biribiara a aka ma mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu a ɛho asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wɔde Manase bɔne a ɛsõ no kyɛɛ no bere a ɔbrɛɛ ne ho ase maa Yehowa no

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 30]

Reproduced from Illustrirte Pracht - Bibel/Heilige Schrift des Alten und Neuen Testaments, nach der deutschen Uebersetzung D. Martin Luther’s