Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Munnim Nea Ɛbɛba Ɔkyena”

“Munnim Nea Ɛbɛba Ɔkyena”

Asetram Nsɛm

“Munnim Nea Ɛbɛba Ɔkyena”

SƐNEA HERBERT JENNINGS KA KYERƐE

“Ná mifi Tema hyɛn gyinabea rekɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Ghana no, na migyina faa aberante bi a na ɔrepɛ kar akɔ kurom. Mede hokwan no dii no adanse. Ná misusuw sɛ madi no adanse yiye! Nanso bere a yeduu baabi a aberante no besi no, ohuruw fii kar no mu sɔɔ mmirika mu denneennen.”

NEA maka ho asɛm no yɛ ade a ɛtoo me a na ɛkyerɛ sɛ biribi rekɔ so wɔ m’asetram. Ansa na mɛka nea esii no, ma menka nea ɛyɛe a me a meyɛ Canadani bepuee Ghana no ho asɛm nkyerɛ wo.

Ná ɛyɛ December mfinimfini wɔ 1949 mu wɔ baabi a ɛbɛn Toronto, Canada atifi fam. Ná yetuu amoa a emu ware yiye wɔ asase a asukyene ama akyen mu, na ama efie foforo bi anya nsu wiei nkyɛe. Ɔbrɛ ne awɔw nti, nkurɔfo a yɛne wɔn yɛɛ adwuma no bɔɔ kyenku wɔ mmabaa bi a wɔde asɔ gya ho, de twɛnee sɛ kar bɛba abɛfa yɛn. Mpofirim ara na Arnold Lorton, yɛn adwumayɛfo no mu biako fii ase kaa “ɔko ne akosɛm,” “wiase yi awiei” na ɔkaa nsɛm a na mentee bi da koraa ho asɛm. Obiara gyaee kasa mpofirim, yɛyɛɛ basaa na ebinom mpo sɔre tiaa no. Mekae sɛ misusuw me tirim sɛ, ‘Saa akoa yi wɔ akokoduru paa! Obiara a ɔwɔ ha mpɛ sɛ otie nanso onnyae.’ Nanso m’ani gyee nea na ɔreka no ho. Ná Wiase Ko II twaam nkyɛe, na na mentee saa nsɛm no bi da wɔ Christadelphiafo asɔre a na m’abusua ne wɔn abɔ mfe pii no mu. Mitiee no yiye, na metee ne nkyerɛkyerɛmu ahorow no ase.

Ankyɛ na mekɔɔ Arnold nkyɛn kotiee nsɛm pii. Sɛ mekaakae nsɛm a, mihu sɛnea na ɔne ne yere Jean wɔ me a na madi mfe 19 a me ho nkokwawee no ho koma ne ayamye a woyii no adi kyerɛɛ me no. Ná metaa kɔ wɔn fie bere a na minnii kan nhyɛɛ wɔn ase na wɔntoo nsa mfrɛɛ me, ne wɔn kɔbɔ nkɔmmɔ. Wɔteɛɛ m’adwene wɔ abrabɔ pa ho nsɛm a na ɛhaw m’adwene sɛ aberante no ho. Yehyiaa mu wɔ ogya a na yɛabɔ kyenku wɔ ho no akyi asram du no, wɔbɔɔ me asu wɔ October 22, 1950 mu sɛ Yehowa Dansefo, na mede me ho bɔɔ Willowdale Asafo no wɔ North York, a mprempren ɛka Toronto ho no.

Mfɛfo Asomfo a Me ne Wɔn Kɔ So Som

Bere a me papa huu sɛ masi me bo sɛ medi me gyidi foforo no akyi no, ofie asetra bɛyɛɛ den maa me. Na ɛnkyɛe biara na kar bi a na paapa te mu kɔpem kar foforo a na ofirikafo no aboro nsa ma enti ama n’asɛm ayɛ den kakra. Na asetra ayɛ den ama Maame, me nuabarimanom baanu, ne me nuabeanom baanu. Nsɛnnennen a ɛsɔree wɔ Bible mu nokware ho no mu yɛɛ den. Enti sɛnea ɛbɛyɛ na asomdwoe atra me ne m’awofo ntam na m’ase atim wɔ “nokware kwan no” mu no, mihui sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mifi fie.—2 Petro 2:2.

Eduu ahohuru bere awiei wɔ 1951 mu no, na mede me ho abɔ asafo ketewa bi a ɛwɔ Coleman, Alberta. Ná mmerante baanu, Ross Hunt ne Keith Robbins, wɔ hɔ a wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma a ɛne daa akwampae no mu a adagyew nni mu koraa. Wɔboaa me ma mefaa ɔsom adwuma kwan a obi fi ne pɛ mu yɛ no ara so bi. Mebɛkaa daa akwampaefo ho wɔ March 1, 1952 mu.

Mede anigye kaakae nkuranhyɛ a minyae no. Na mewɔ nneɛma pii sua, na ɛha na mifii ase. Akyiri yi bere a mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma mu bɛyɛ afe wɔ Lethbridge Asafo a ɛwɔ Alberta mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔhwɛfo kwantufo a na menhwɛ kwan koraa. Na ɛsɛ sɛ mesom Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwowɔ Canada apuei fam, fi Moncton, New Brunswick, kosi Gaspé, Quebec.

Bere a na madi mfe 24 pɛ a na meyɛ foforo koraa wɔ nokware no mu no, metee nka sɛ memfata koraa, titiriw bere a mede me ho totoo Adansefo a na mɛsom wɔn no ho no. Mifi komam bɔɔ me ho mmɔden wɔ asram a edi anim no mu. Afei anwonwade foforo sii.

Gilead Sukuu ne Gold Coast a Mekɔe

Wɔ September 1955 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me maa mebɛkaa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛto so 26 a na adesuafo afoforo bɛyɛ ɔha na wɔwɔ mu no ho wɔ South Lansing, New York. Asram anum mu ntetee a ɛkɔ akyiri a wɔde maa yɛn no ne nea na mihia titiriw. M’ani gyei kɛse sɛ na meka saa kuw a na wɔyɛ hyew no ho. Saa bere no mu no, biribi foforo kɔɔ so a aboa me yiye wɔ m’asetram de besi nnɛ.

Ná onuawa kumaa bi a wɔfrɛ no Aileen Stubbs ka adesuafo a na wɔreyɛ nhyehyɛe akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma no ho. Nea mihui wɔ Aileen ho ne sɛ na ɔyɛ pintinn, ɔntoto n’adwuma ase, ɔbrɛ ne ho ase, na ɔtew n’anim. Ɛbɛyɛ sɛ memaa ɔbɔɔ hu bere a mede ahopopo kae sɛ mɛware no no. Nanso ɔpenee so! Ɛdenam ntease a yɛn baanu nyae so no, na Aileen bɛkɔ akɔyɛ n’asɛmpatrɛw dwumadi no wɔ Costa Rica na me nso makɔ Gold Coast (mprempren Ghana), a ɛwɔ Afrika Atɔe fam no.

Wɔ May 1956 anɔpa bi no, mekɔɔ Onua Nathan Knorr adwumayɛdan a ɛwɔ abansoro a ɛto so du mu wɔ Brooklyn, New York. Saa bere no na ɔno na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani. Wɔmaa me dwumadi sɛ menkɔyɛ baa dwumadibea somfo a mɛhwɛ asɛmpaka adwuma no so wɔ Gold Coast, Togoland (mprempren Togo), Ivory Coast (mprempren Côte d’Ivoire), Upper Volta (mprempren Burkina Faso), ne The Gambia.

Mekae Onua Knorr nsɛm no te sɛ nea ɔkaa no nnɛra yi ara. Ɔkae sɛ: “Mpere wo ho. To wo bo ase; gye bere fa sua biribi fi anuanom a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ hɔ no nkyɛn. Afei sɛ wote nka sɛ woayɛ krado a, na woafi ase asom sɛ baa dwumadibea somfo. . . . Krataa a ɛkyerɛ sɛ worekɔyɛ adwuma no ni. Sɛ wudu hɔ nnanson akyi a, fi ase.”

Mekae sɛ, ‘nnanson pɛ.’ Na “to wo bo ase” no nso ɛ? Mifii hɔ a na me ho adwiriw me.

Nna kakra a edi hɔ no twaam ntɛmntɛm. M’ani baa me ho so no, na migyina po so hyɛn a wɔde fa nneɛma no anim refi po so akwantu a ebegye me nna 21 no ase wɔ East River a ɛwɔ Asafo ti Brooklyn dwumadibea no anim akɔ Gold Coast.

Me ne Aileen dii nkrataa-kyerɛw denneennen. Yehyiae bio wɔ 1958 mu na yɛwaree wɔ August 23 saa afe no ara mu. Mekɔ so da Yehowa ase sɛ wama me ɔhokafo a ɔsom bo saa.

M’ani agye hokwan a minyae ne mfɛfo asɛmpatrɛwfo ne me nuanom mmarima ne mmea a wofi Afrika boom de som mfe 19 wɔ Asafo baa dwumadibea no ho. Betel abusua a na emufo yɛ kakraa bi no kɔɔ anim koduu bɛyɛ 25 wɔ saa bere no. Na saa bere no yɛ bere a emu yɛ den a nsɛm sisii, na yenyaa nkɔso. Ɛsɛ sɛ meka no pefee. Ne titiriw no na mintumi nnyina wim tebea a na emu yɛ hyew no ano koraa. Na ɛte sɛ nea bere nyinaa na mete fifire, me ho fɔw, na ɛtɔ da a ɛma me ho keka me. Nanso yenyaa anigye ankasa wɔ ɔsom a yɛde mae no mu bere a Ahenni adawurubɔfo dodow a na yɛwɔ Ghana nyaa nkɔanim fi 6,000 wɔ 1956 mu kosii 21,000 wɔ 1975 mu no. Na ɛyɛ anigye kɛse nso sɛ mprempren yehu sɛ Adansefo a wonni adagyew koraa 60,000 na wɔwɔ hɔ.

“Ɔkyena” a na Yɛnhwɛ Kwan

Wɔ bɛyɛ 1970 mu no, mifii ase nyaa yare bi a na yenhu ne yareban. Wɔyɛɛ me yare no mu nhwehwɛmu nyinaa, nanso nea wɔka kyerɛɛ me ara ne sɛ “m’akwahosan ye.” Ɛnde dɛn nti na bere biara mete nka sɛ mente apɔw, mabrɛ, na me ho yeraw me? Nneɛma abien maa wohui, na ɛmaa mebɔɔ hu. Nokwarem no, sɛnea Yakobo kyerɛwee no: “Munnim nea ɛbɛba ɔkyena.”—Yakobo 4:14.

Sɛnkyerɛnne a edi kan no ne aberante a midii no adanse bere a na mede no rekɔ kurom no. Ná minnim koraa sɛ merekasa pii dodo, a na me kasa kɔ ntɛmntɛm na ano kɔ so yɛ den. Bere a yeduu baabi a aberante no besi no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ohuruw fii kar no mu sɔɔ mmirika mu. Ghanafo pii dwo, a wɔmpɛ wɔn ho asɛm, na wɔwɔ nnipa ho koma. Ná ne nneyɛe no nte saa. Metraa ase susuw ho. Mihui sɛ biribi haw me. Nanso mantumi anhu dekode pɔtee no. Nanso na ɛda adi pefee sɛ biribi haw me.

Nea ɛto so abien no, bere a yesusuw ho kɔɔ akyiri bere bi no, Aileen kae sɛ: “Wiɛ, sɛ ɔhaw yi nni honam mu a, ɛnde na ɛbɛyɛ adwene mu.” Enti metɔɔ me bo kyerɛw yare no ho nsɛnkyerɛnne nyinaa, na mede kɔmaa adwenem yaresafo bi. Bere a mekenkanee nea makyerɛw nyinaa wiei no, mmuae a ɔde mae ne sɛ: “Eyi yɛ yare soronko ankasa. Woanya adwenemhaw.”

Me ho dwiriw me! Mfe kakra a edi anim a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ho biribi no, emu kɔɔ so yɛɛ den. Mekɔɔ so pɛɛ ano aduru. Nanso na anidaso nni baabiara. Hwɛ sɛnea na eyi yɛ abasamtu!

Bere nyinaa na yɛn atirimpɔw ne sɛ yebekura hokwan a yɛanya wɔ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ yɛn asetram, na na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Mifi komam bɔɔ mpae pii sɛ: “Yehowa, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ‘mɛtra ase ayɛ eyi.’” (Yakobo 4:15, NW) Nanso anyɛ yiye. Enti bere a yegyee tebea no toom no, yɛyɛɛ nhyehyɛe fii Ghana gyaw yɛn nnamfonom a wɔwɔ hɔ no san kɔɔ Canada wɔ June 1975 mu.

Yehowa Nam Ne Nkurɔfo So Yɛ Yɛn Mmoa

Mibehuu no ntɛm ara sɛ menyɛ nipa soronko koraa, na saa ara nso na me haw no nyɛ nea ɛso bi mmae da. Mebɛtee nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 5:9 no ase yiye sɛ: ‘Munhu sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.’ Bere a mebɛtee eyi ase no, mifii ase huu sɛnea Yehowa boaa yɛn ɛmfa ho nsakrae a ɛhaw adwene yi. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ ‘anuanom fekuw’ no yɛɛ yɛn mmoa wɔ akwan pii so!

Ɛwom sɛ na yenni honam fam asetrade pii de, nanso Yehowa annyaw yɛn. Ɔkaa yɛn nnamfonom a wɔwɔ Ghana no koma maa wɔyɛɛ yɛn mmoa wɔ honam fam ne akwan foforo so. Yɛde awerɛhow gyaw wɔn a na yɛn ani abegye wɔn ho yiye yi hɔ kodii saa “ɔkyena” a na yɛnhwɛ kwan no ho dwuma.

Aileen nuabea Lenora ne ne kunu Alvin Friesen fi ayamye mu gyee yɛn traa wɔn fie, na ne kunu no fi ayamye mu maa yɛn nea yehia wɔ asram pii mu. Adwenemhaw ho yarehwɛfo bi a wagye din de ahotoso hyɛɛ bɔ sɛ: “Wo ho bɛyɛ wo den wɔ asram asia akyi.” Ebia ɔkaa saa na ama manya ahotoso, nanso nea ɔkae no amma mu wɔ mfe asia akyi mpo. Ɛde besi nnɛ no, makɔ so agyina nea wofi nidi mu frɛ no adwenemhaw no ano. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ din a nidi bata ho, nanso sɛnea wɔn a ayɛ wɔn no nim no yiye no, edin a nidi bata ho no mmrɛ yare no ho nsɛnkyerɛnne a ano yɛ den no ase ɔkwan biara so.

Saa bere no, ná Onua Knorr rehu amane dedaw wɔ yare bi a awiei koraa no ekum no wɔ June 1977 mu no ho. Ne nyinaa akyi no, onyaa bere ne ahoɔden de kyerɛw me nkrataa atenten a na ɛma me awerɛkyekye ne afotu. Meda so ara kyerɛ saa nkrataa no ho anisɔ. Ne nsɛm no boaa pii maa mitumi gyinaa apereperedi no ano.

Eduu 1975 awiei no, na ɛsɛ sɛ yɛde bere nyinaa som adwuma hokwan a ɛsom bo no to hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akɔ so ako me yare no. Sɛ owia bɔ a, na ɛhaw m’aniwa. Ɛnne nnyigyei a ano yɛ den tuatua m’aso. Sɛ mihu nnipadɔm bagyabagya a, na mayɛ basaa. Ná egye mmɔdenbɔ kɛse na matumi akɔ Kristofo nhyiam ahorow. Nanso na minim sɛnea honhom fam fekubɔ a ɛte saa no som bo fa. Nea ɛbɛyɛ na matumi agyina ano no, na metaa kɔ Ahenni Asa so bere a dɔm no nyinaa atra ase no na na mifi hɔ ansa na wɔayɛ bagyabagya bere a dwumadi no aba awiei no.

Ná asɛnka a menya mu kyɛfa no nso yɛ asɛnkɛse. Ɛtɔ da bi na midu fie bi anim a, na ɔpon ano dɔn a mɛbɔ no mpo yɛ asɛm. Nanso na minnyae efisɛ na minim sɛ ɔsom adwuma a yɛbɛyɛ no bɛma yɛne wɔn a wotie yɛn no anya nkwa. (1Timoteo 4:16) Wɔ bere bi akyi no, na mitumi di me nkate no so, kɔ ɔpon a edi hɔ ano, na mesɔ hwɛ bio. Ɛdenam ɔsom adwuma no a mekɔɔ so de me ho hyɛɛ mu so no, minyaa honhom fam nkɔso a ɛsɛ, na ɛno boaa me ma mitumi gyinae.

Esiane sɛnea adwenemhaw yɛ koankorɔ nti, mabegye atom sɛ saa yare yi remfi me so ɔkwan biara so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Wɔ 1981 mu no, nsɛm a eye kyɛn so puee wɔ Nyan! * nsɛmma nhoma no mu. Ɛdenam ɛno so no, mifii ase nyaa yare yi ho ntease pa na mahu akwan a etu mpɔn a wɔfa so gyina ano no.

Misua Sɛnea Wogyina Ano

Nneɛma a me yere de bɔɔ afɔre ne nsakrae a ɔyɛe ka ho bi na eyinom nyinaa yɛɛ yiye. Sɛ worehwɛ obi a ne tebea te saa yare a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛte ne nsɛm yi ase:

“Ɛte sɛ nea adwenemhaw ma nipasu sakra mpofirim no. Wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, nea ebi haw no no suban betumi asakra afi obi a ɔwɔ anigye a n’ankasa tumi susuw nneɛma ho, abɛyɛ obi a ɔyɛ mmerɛw, n’asɛm yɛ den, anaa mpo nea ne bo fuw. Sɛ wɔanhu sɛ ɛyɛ yare a, ebetumi ahyɛ afoforo abufuw na wɔayɛ basaa. Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsakra nneɛma mu ntɛm ara, ansa ma wɔafi ase ako atia abasamtu anaa ankonamyɛ biara.”

Me fam de, sɛ mete nka sɛ me ho ye paa a, na ehu aka me. Mifi awosu mu nim sɛ, sɛ obi “yɛ kitikiti” a nea edi hɔ ne sɛ “n’ani so bedwo.” Wɔ me fam no, mepɛ sɛ ‘m’ani so dwo” sen sɛ “mɛyɛ kitikiti,” efisɛ na ɛno tumi ma meka mpa mu na na ɛmma menyɛ nneɛma basabasa. Aileen boa me kɛse denam ma a ɔma m’ani ba me ho so bere a m’ani so ayɛ hyew no, ne denam awerɛkyekye ne mmoa a sɛ mebotow a ɔde ma me no so.

Sɛ yare no ano yɛ den a, asiane kɛse wom sɛ obi bɛtew ne ho afi afoforo ho koraa. Sɛ obi nya adwenemhaw a, obetumi atwe ne ho afi nnipa ho, anaasɛ ɔrenhu sɛnea afoforo te nka ma no bere a yare no asɔre no. Kan no, na ɛyɛ den ma me sɛ megye nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ manya adwene ne nkate mu haw no atom. Mede susuw a misusuw sɛ biribi foforo te sɛ adwuma bi a gyama mantumi anyɛ anaasɛ obi a midii no huammɔ na ɛhaw me no haw me ho. Mpɛn pii no, ɛyɛ a mekae me ho sɛ ‘Biribiara nsakrae wɔ me ho. Ɔhaw no wɔ nipadua no mu, emfi baabiara.’ Nkakrankakra, mayɛ m’adwene yiye.

Bere rekɔ so no, yɛn nyinaa asua sɛ yebedi yɛn ho ne afoforo nokware wɔ me tebea no ho. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda adwempa adi a yɛmma yare no nhyɛ yɛn asetra so.

“Ɔkyena” a Anidaso Wom

Ɛdenam mpaebɔ a efi komam ne apereperedi pii so no, yɛanya Yehowa nhyira ne ne mmoa. Mprempren yɛn baanu nyinaa mfe akɔ anim. Wɔhwɛ m’akwahosan so bere nyinaa na wɔma me nnuru a menom no nkakrankakra, ma enti m’akwahosan ye sɛnea ɛsɛ. Yɛn ani gye ɔsom hokwan biara a yebetumi anya ho. Meda so ara som sɛ asafo mu panyin. Bere nyinaa yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa afoforo wɔ gyidi no mu.

Nokwarem no, sɛnea Yakobo 4:14 ka no: “Munnim nea ɛbɛba ɔkyena.” Ɛno bɛkɔ so ayɛ nokware bere dodow a nneɛma nhyehyɛe yi wɔ hɔ no. Nanso nsɛm a ɛwɔ Yakobo 1:12 no nso yɛ nokware: “Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a [Yehowa, NW] de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.” Momma yɛn nyinaa nnyina pintinn nnɛ na yɛn nsa aka nhyira horow a Yehowa de bɛba ɔkyena no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 35 Hwɛ nsɛm “You Can Cope With Life,” (Wubetumi Agyina Asetra Ano) a ɛwɔ Engiresi Nyan! August 8, 1981; “Ɔkwan a Wubetumi Afa so Ako Atia Adwenemhaw” a ɛwɔ Nyan! April 8, 1982; ne “Attacking Major Depression,” (Adwenemhaw a Emu Yɛ Den a Wobɛko Atia) a ɛwɔ Engiresi Nyan! October 22, 1981 mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me nkutoo a mete ɔdan a midi adwinni wom no mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne me yere, Aileen

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wɔ “Daa Asɛmpa” Nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Tema, Ghana wɔ 1963 mu no ase