Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ma Ne Nkurɔfo Homebea

Yehowa Ma Ne Nkurɔfo Homebea

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Yehowa Ma Ne Nkurɔfo Homebea

SƐ ƆKWANTUNI a wabrɛ hu onwini wɔ homebea wɔ bepɔw bi so a, ɛma n’ani gye yiye. Wɔ Nepal no, wɔfrɛ homebea a ɛtete saa chautara. Wubetumi ahu chautara yi bi wɔ nnyedua bi nkyɛn, baabi a wubetumi atra agye w’ahome. Chautara a obi yɛ no kyerɛ ayamye, na mpɛn pii no wɔntaa nhu ayamyefo a wɔte saa.

Osuahu ahorow a efi Nepal no kyerɛ sɛnea Yehowa Nyankopɔn ayɛ anigye ne honhom fam ɔhome Fibea ama “akwantufo” a wɔabrɛ wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu no.—Dwom 23:2.

• Lil Kumari te Pokhara kuropɔn fɛfɛ a sɛ wugyina hɔ a wuhu Himalaya Mmepɔw a sukyerɛma wɔ so no mu. Nanso esiane sɛ na abusua no sikasɛm haw Lil Kumari nti, ɔtee nka sɛ anidaso asa. Bere a Yehowa Dansefo bi bɛsraa no no, n’ani gyee Bible mu anidaso a ɛyɛ anigye no ho ma enti ntɛm ara ɔkae sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua.

Ɛwom sɛ Lil Kumari ani gyee adesua no ho de, nanso na ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛtoa so esiane abusua mu ɔsɔretia a emu yɛ den nti. Nanso wampa abaw. Ɔkɔɔ Kristofo nhyiam bere nyinaa na ɔde nea na ɔresua no dii dwuma, titiriw nea ɛfa sɛnea ɔyere bɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne kunu ase ho no. Ne saa nti, ne kunu ne ne maame behui sɛ Lil Kumari Bible adesua no reboa abusua mũ no nyinaa.

Mprempren ne kunu ne abusuafo pii resua Onyankopɔn Asɛm no. Wɔ ɔmansin nhyiam bi a wɔyɛe nkyɛe wɔ Pokhara ase no, Lil Kumari ne n’abusuafo 15 na wokotiee dwumadi no. Ɔka sɛ: “Me fie abɛyɛ baabi a ɔhome wɔ efisɛ mprempren yɛn abusua no nyinaa abom wɔ nokware som mu, na manya nokware asomdwoe ankasa.”

• Ɛwom sɛ wɔabara nnipa mu nyiyim wɔ Nepal de, nanso ɛda so ara nya nkurɔfo asetra so tumi kɛse. Ne saa nti nnipa pii ani gye nea Bible ka fa asetra a obi nsen obi a animhwɛ nnim ho no ho. Surya Maya ne n’abusua behui sɛ “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim” no, ɛsakraa wɔn asetra kɛse.—Asomafo no Nnwuma 10:34.

Ná Surya Maya abam abu wɔ atɛnkyea ne nnipa mu nyiyim ne amammerɛ mu atetesɛm a na agye ntini no ho. Sɛ́ ɔbea a ɔpɛ nyamesom no, Surya Maya, de mfe pii abisa n’abosom hɔ mmoa. Nanso wannya ne mpaebɔ no ho mmuae biara. Da koro, bere a na ɔrehwehwɛ mmoa no, ne nena Babita, abeawa a wadi mfe asia no twiw bɛnee no bisaa no sɛ: “Adɛn nti na worehwehwɛ mmoa afi abosom a wontumi nyɛ hwee no nkyɛn?”

Nea ɛbae ne sɛ na Babita maame ne Yehowa Dansefo bi resua Bible no. Babita de anigye too nsa frɛɛ ne nanabea kɔɔ Kristofo nhyiam. Bere a Surya Maya kɔe no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohuu nnipa ahorow ahorow a wɔn nyinaa de anigye rebɔ fekuw a obiara nni ne yɔnko ho adwemmɔne biara. Ntɛm ara na ɔkaa sɛ wɔne no mmɛyɛ ofie Bible adesua. Ɛwom sɛ eyi maa ne mfɛfo poo no de, nanso n’abam ammu; saa ara nso na akenkan ne akyerɛw a na onnim no ansiw ne honhom fam nkɔso kwan.

Mfe awotwe atwam, na nnipa baasia a wofi n’abusua mu, a ne kunu ne ne mma baasa ka ho abɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɛnnɛ, Surya Maya yɛ bere nyinaa somfo, daa kwampaefo, a ɔde anigye reboa afoforo ama wɔasoɛ wɔn nnesoa duruduru wɔ ahomegyebea ankasa a Yehowa nkutoo na obetumi de ama no.