Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Apataa Ahoɔfɛdua

Apataa Ahoɔfɛdua

Apataa ahoɔfɛdua a ne ho yɛ kɔkɔɔ ne fitaa

MPATAA bebree wɔ hɔ a wɔn ho yɛ fɛ paa, nanso saa apataa yi deɛ, ɛsɛ w’ani. Wuhu no a, wobɛfa no hye! Ne ho kɔla-kɔla no ma ne ho yɛ anika paa. Nea ɛma ne ho yɛ nwonwa koraa ne baabi a ɔte; ɔne posena a ne nsa ano wowɔ na ɛte. Ebinom frɛ no posena adamfo efisɛ ɔne no na ɛkɔ ba.

Apataa yi mfɛre ade; ɔpɛ yɛ-ma-yɛnhwɛ. Sɛ obi kɔ po ase na ɔpɛ sɛ otwa no mfonini a, onguan; baabi a ɔte no, daa ɔwɔ hɔ. Enti nnipa bebree tumi kɔ hɔ kotwa no mfonini.

Ne suban yɛ nkurɔfo nwonwa paa. Sɛ wohwɛ baabi a ɔte a, ɛte sɛ obi akɔbɔ n’akuraa wɔ ɔwɔ kurom. Posena a ne ho yɛ hu sei deɛ, ɛyɛ dɛn na apataa yi ne no tena? Nanso ɛnyɛ hɔ koraa na apataa yi hwɛ! Wɔyɛ ayɔnkofo a wɔkɔ nna kra nna. Dɛn na ɛka mmoa mmienu yi bom ma wotumi tena faako?

‘ME NE WO ARA NA EBEWU’

Apataa ahoɔfɛdua a ɔwɔ nsensanee mmienu

Saa apataa yi ne posena deɛ, obi nkɔ nnya bi; wotew wɔn mu a ɛnyɛ yiye. Ɛnyɛ fɛfɛ na ɛyɛ fɛ nti na wafa posena no adamfo na mmom biribi titiriw nti. Nyansahufo kyerɛ sɛ apataa yi nko ara ntumi ntena po ase bere a posena nka ne ho. Ne ho nyɛ hare wɔ po ase enti sɛ posena nka ne ho a aboa bi bɛkye no awe. Esiane sɛ posena bɔ ne ho ban nti, otumi nyin kyɛ; obetumi adi mfe du mpo.

Posena no nti, apataa no ase tumi dɔre. Apataa no to nkosua a, ɔto gu posena no ase. Ɛba saa a, onini ne ɔbere nyinaa hwɛ nkosua no so kɔpem sɛ nkosua no behuane. Sɛ nkosua no huane a, mpataa no nnya wɔn mma hɔ; wɔne wɔn mma nyinaa fa posena no adamfo.

Posena no nso, mfaso bɛn na onya fi ne nnamfo yi hɔ? Sɛnea posena bɔ apataa yi ho ban no, saa ara na apataa no nso bɔ posena no ho ban. Posena tamfo paa ne tantra, nanso tantra suro apataa yi. Enti sɛ apataa yi nni posena no ho a, tantra bɛwe ne nsa no nyinaa ama no awu. Nyansahufo yɛɛ nhwehwɛmu bi. Wɔhyɛɛ da tew apataa no fii posena no ho. Adeɛ ankye koraa na posena no yeraa wɔ nsesa mu. Ɛbɛyɛ sɛ tantra na ɛwee posena no.

Yɛhwɛ mu paa a, ɛbɛyɛ sɛ apataa yi na ɔma posena yi ahoɔden. Biribi wɔ apataa yi mu a ɛboa posena no, enti sɛ opuw a, ɛboa no ma ɔyɛ kɛse. Afei sɛ apataa no nenam posena no nsa nteaanteaa no mu a, ɛma posena no nya mframa pa home.

BAABI A OBIARA SURO NO, ƐHƆ NA ƆGORO

Apataa ahoɔfɛdua a ne ho yɛ kɔkɔɔ

Biribi wɔ apataa no wedeɛ mu a ɛbɔ ne ho ban. Sɛnea ne honam yɛ toro nti, sɛ posena no bɔ no mpo a, entumi no. Apataa no honam nti, posena no hu no sɛ ne nua. Nyansahufo bi kaa sɛ, apataa yi ne posena suban sɛ; ɔyɛ n’ade te sɛ posena.

Abenfo bi kyerɛ sɛ, sɛ apataa no pɛ sɛ ɔfa posena bi adamfo a, odi kan yɛ nneɛma bi de sɔ no hwɛ. Ɔde ne ho twitwiw posena no kakra ansa na ɔne no atena. Apataa no reyɛ saa nyinaa na ɔde ne ho rekyerɛ posena no sɛnea ɛbɛyɛ a posena no ano bɔre no ne ne wedeɛ begye. Ɛwom sɛ posena no bɔ no a ɛka no kakra deɛ, nanso ɛnkyɛ na ɛne ne ho agye, na wɔayɛ nnamfo.

Sɛnea mmoa mmienu yi te wɔn ho ase na wɔde asomdwoe tena no, ɛkyerɛ yɛn biribi kɛse paa. Ɛma yehu sɛ baakoyɛ ho hia. Mmeae bebree wɔ hɔ a nnipa a wofi aman ne mmusua mu tumi ka wɔn ntama bɔ ano yɛ adwuma kama. Yɛadi kan ahu sɛ ansa na apataa ahoɔfɛdua yi bɛfa posena adamfo no, odi kan yɛ biribi. Saa ara na yɛn nso, sɛ yebetumi ne obi ayɛ adwuma abom a, ɛsɛ sɛ yegye bere kakra hu nnipa no yiye ansa na yɛn ani atumi akokwaw n’anim. Yehu no saa a, ɛbɛboa bebree.