Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?

Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?

Nea Bible ka

 Bible nkyerɛ da pɔtee a wɔwoo Yesu, saa ara nso na ɛnka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ yedi n’awoda. McClintock and Strong Cyclopedia nhoma no ka sɛ: “Onyankopɔn nhyɛɛ obiara sɛ onni Buronya. Sɛ wohwɛ Apam Foforo no mu nso a, worenhu Buronya ho asɛm biara.”

 Mmom no, abakɔsɛm ma yehu sɛ Buronya fi abosonsom mu. Bible kyerɛ sɛ, sɛ yɛansom Onyankopɔn sɛnea ɔpɛ a, yɛhyɛ no abufuw.—Exodus 32:5-7.

Buronya amanne ho abakɔsɛm

  1.   Yesu awodadi: “Tete Kristofo no anni [Yesu] awoda efisɛ na wobu awodadi sɛ abosonsomfo amanne.”—The World Book Encyclopedia.

  2.   December 25: Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔwoo Yesu saa da no. Sɛ edu awɔw bere anaa ɛreyɛ abɛn awɔw bere a, na abosonsomfo di afahyɛ ahorow bi. Ɛbɛyɛ sɛ asɔfo mpanyimfo faa saa da yi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne afahyɛ ahorow yi behyia.

  3.   Nneɛma a wɔde kyekyɛ, adidi, ne apontow: Encyclopedia Americana ka sɛ: “Saturnalia yɛ Romafo afahyɛ a na wodi no December mfinimfini mu hɔ. Edu so a, na nkurɔfo didi nom. Afei nso na wɔto pon, kyekyɛ nneɛma, na na wɔhyew kyɛnere. Nneɛma a wɔyɛ wɔ Buronya bere no pii fi saa amanne yi mu.” Encyclopædia Britannica nso kyerɛ sɛ, sɛ edu Saturnalia a, na “obiara nyɛ adwuma.”

  4.   Buronya nkanea: Sɛnea Encyclopedia of Religion kyerɛ no, edu awɔw bere a, na Europefo di afahyɛ bi de pam ahonhommɔne. Ná nkurɔfo de “nkanea ne nhwiren frɔmfrɔm” siesie wɔn fie.

  5.   Mmatannua, nkyeneduru: “Ná Druidfo gye di sɛ tumi bi wɔ mmatannua mu. Ná wɔsom nkyeneduru a daa ɛyɛ frɔmfrɔm no, efisɛ na wogye di sɛ egyina hɔ ma owia a ɛbɛsan apue no.”—The Encyclopedia Americana.

  6.   Buronya dua: “Abosonsomfo a wɔwɔ Europe deɛ, na wɔsom nnua paa. Wɔbɛyɛɛ Kristofo mpo, wɔannyaa mu.” Ɛho nhwɛso ni: “Sɛ edu afahyɛ a wodi wɔ awɔw bere mu no a, na nkurɔfo de Yule dua sisi wɔn fie anaa wɔn apon ano.”​—Encyclopædia Britannica.