NYAN! No. 6 2016 | Bɔ Wo Ho Ban na Woanyareyare
Ɛkame ayɛ sɛ wiase baabiara a wobɛfa no, yare a ɛyɛ hu reteetee nnipa. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban?
Tete nhoma bi a ɛka nyansasɛm ka sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 22:3.
“Nyan!” yi bɛma yɛahu nea yebetumi ayɛ abɔ yɛn ho ban na yɛantaa anyareyare.
ASƐM A ƐDA SO
Bɔ Wo Ho Ban na Woanyareyare
Da biara, wo nipadua ne atamfo bi ko. Worentumi mfa w’ani nhu atamfo no, na anhwɛ a worenhu sɛ biribi wɔ wo nipadua mu, nanso wobetumi akum wo.
ASƐM A ƐDA SO
Nneɛma a Wubetumi Ayɛ Abɔ Wo Ho Ban Afi Yare Ho
Hwɛ nneɛma nnum a ebetumi ama woayare, ne nea wubetumi ayɛ abɔ wo ho ban. Sɛ yare bi tu atese a, wobɛyɛ dɛn abɔ wo ho ban?
WƆBƆE ANAA?
Adɔde Nan
Adɔde wɔ nan nteaanteaa bi a ɛte sɛ ahama. Ɔde fam biribi ho a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛwae. Nyansahufo hu sɛnea ne nan no yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔahu kwan foforo anaa kwampa a wɔbɛfa so de nneɛma afomfam dan ho, ne sɛnea wɔde ntini bɛfam dompe ho.
MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO
Wobɛyɛ Dɛn Abu Wo Kunu Anaa Wo Yere?
Aware deɛ, anigye bɛba mu a, gye sɛ obiara bu ne yɔnko. Saa nokwasɛm yi deɛ, obiara ntumi nnye ho akyinnye. Dɛn na wobɛyɛ ama wo kunu anaa wo yere ahu sɛ wubu no?
ABAKƆSƐM
Desiderius Erasmus
Wɔka ne ho asɛm sɛ, “Sɛnea nkurɔfo agye din nnɛ no, saa ara na ɔno nso gyee din tete no.” Dɛn na ɛma ogyee din saa?
Apataa Ahoɔfɛdua
Apataa ketewa yi ho yɛ fɛ yiye, na n’adamfo paa ne posena. Dɛn na ɛka mmoa mmienu yi bom ma wotumi fa adamfo denneenen saa?
BIBLE NO ADWENE
Wudi Bere So?
Wudi bere so a ɛma wunya din pa, na sɛ wunni bere so nso a, ebetumi asɛe wo din. Dɛn na Bible ka fa saa su pa yi ho? Wobɛyɛ dɛn adi wo bere so?
Afe 2016 Nyan! mu Nsɛm a Yɛahyehyɛ
Afe 2016 deɛ mu nsɛm a yɛahyehyɛ.
Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha
Siesie Wo Dan Mu na Di Wo Ho Ni
Yehowa ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Wo nso wobɛtumi asiesie wo dan mu na woadi wo ho ni. Hwɛ sɛnea wobɛyɛ no!
Dɛn na Bible Ka Fa Buronya Ho?
Sɛ wuhu Buronya amanne nsia ho abakɔsɛm a, ɛbɛyɛ wo nwonwa.

