Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 5 2017 | Atoyerɛnkyɛm Si a—Nea Wobɛyɛ De Agye Wo Ho ne Afoforo

Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm?

Bible ka sɛ: “Onitefo hu mmusu na ɔde ne ho hintaw; ogyimfo a ɔfa mu no nya asotwe.”​—Mmebusɛm 27:12.

“Nyan!” yi bɛma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na atoyerɛnkyɛm asi, bere a asi, ne bere a asi awie.

 

ASƐM A ƐDA SO

Atoyerɛnkyɛm Si a—Nea Wobɛyɛ De Agye Wo Ho ne Afoforo

Nsɛm yi betumi agye wo ne afoforo nkwa.

Nea Woyɛ a Wommɔ Ka—Anyinam Ahoɔden ne Pɛtro

Hwɛ akwan mmiɛnsa a wubetumi afa so de anyinam ahoɔden ne pɛtro ayɛ adwuma nyansam: efie mu, kar a wobɛfa, ne nneɛma foforo a wode yɛ adwuma.

BIBLE NO ADWENE

Akodi

Tete no, Israelfo no dii ako wɔ Onyankopɔn din mu. Wei kyerɛ sɛ ɛnnɛ Onyankopɔn pene akodi so anaa?

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO

Ɛyɛ Papa sɛ Yɛde Yɛn Nkwa Bɛto Asiane Mu Agyigye Yɛn Ani?

Mmerante ne mmabaa pii pɛ sɛ wɔhwɛ sɛ dɛn na wobetumi ayɛ. Enti ɛtɔ mmere bi a wɔde wɔn nkwa to asiane mu de gyigye wɔn ani. Wunyae a anka wobɛyɛ bi anaa?

NSASE NE NNIPA

Kazakhstan Nsrahwɛ

Bere bi a abɛsen kɔ no, na Kazakhfo di atutena, na na wɔtena yurt mu. Sɛ wohwɛ wɔn asetena seesei a, ɔkwan bɛn so na ɛma wuhu wɔn nananom asetena?

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Ɛpo Mu Mmoa Bi Konkuro Te

Sɛnea ɛpo mu mmoa konkuro te nti, etumi bɔ mmoa a ɛhyɛ mu no ho ban.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nkɔ Ɔko?

Wokɔ wiase baabiara a, nkurɔfo nim Yehowa Adansefo sɛ wɔnkɔ ɔko. Hwɛ nea enti a yɛnkɔ ɔko no.

Atoyerɛnkyɛm Si a, Ɔdɔ Ka Yɛn ma Yɛyɛ Ho Biribi

Aman bebree so no, Yehowa Adansefo boa nnipa a wɔkɔ ahohia mu.