Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 5

Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ

Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ

HENANOM NA ƐSƐ SƐ WƆDE AKWANKYERƐ MA?

Mmofra hia mpanyimfo akwankyerɛ ne wɔn afotu. Sɛ woyɛ ɔwofo a, wo na ɛsɛ sɛ wode akwankyerɛ ne afotu ma wo mma. Nanso, mpanyimfo afoforo betumi atu mmofra no fo na wɔaboa wɔn.

ADƐN NTI NA MMOFRA HIA MPANYIMFO AKWANKYERƐ?

Aman pii so no, mmofra ne mpanyimfo ntaa mmɔ. Susuw wei ho hwɛ:

  • Da biara, mmofra de bere pii tena sukuu mu; ɛhɔ nso de, sukuufo dɔɔso koraa sen akyerɛkyerɛfo ne mpanyimfo afoforo.

  • Mmofra binom wɔ hɔ a, wɔbɛpɔn sukuu abedu fie no, na obiara nni fie; wɔn papa ne wɔn maame nyinaa wɔ adwumam.

  • Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, wokɔ United States a, mmofra a wɔadi fi mfe 8 kosi 12 no, sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara nnɔnhwerew bɛyɛ nsia na wɔde hwɛ TV, tie nnwom, anaa wɔde bɔ video game. *

Nhoma bi ka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ mmabun repɛ afotu ne akwankyerɛ a, sɛ anka wobebisa wɔn awofo anaa wɔn akyerɛkyerɛfo anaa mpanyimfo afoforo no, wokobisa . . . wɔn atipɛnfo mmom.”​—Hold On to Your Kids.

SƐNEA WODE AKWANKYERƐ BƐMA WO MMA

Nya wo mma no ho adagyew.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Tete abofra wɔ ɔkwan a ɛfata so; sɛ onyin a, ɔremfi ho.”​—Mmebusɛm 22:6.

Sɛ mmofra hia akwankyerɛ ne mmoa bi a, ɛyɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn awofo de bɛma wɔn. Nea ɛte ne sɛ, abenfo ka sɛ mmabun ani gye wɔn awofo afotu ho sen wɔn atipɛnfo de. Ɔbenfo Laurence Steinberg kaa wɔ nhoma bi mu sɛ: “Sɛ mmofra renyin a, wɔn awofo na wotumi nya wɔn nneyɛe ne wɔn suban so nkɛntɛnso sen obiara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mmabun nnye nea wɔn awofo ka ntom, anaa wɔne wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho mpo a, wɔbɛpɛ sɛ wohu wɔn awofo no adwene na wotie nea wɔwɔ ka.”​—You and Your Adolescent.

Esiane sɛ mmofra ani gye ho sɛ wobetie wɔn awofo asɛm nti, yɛ nea wubetumi biara fa akwankyerɛ ma wɔn. Nya bere ma wo mma, na ma wonhu w’adwene wɔ nneɛma ho, sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho, nea ɛho hia wo, ne nneɛma a woasua wɔ abrabɔ mu.

Ma onnya ɔpanyin bi a obesuasua no.

BIBLE MU AFOTUSƐM: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”​—Mmebusɛm 13:20.

Wunim ɔpanyin bi a wobɛpɛ sɛ wo ba suasua no anaa? Sɛ saa a, yɛ nhyehyɛe ma ɔne wo ba no mmɔ. Nanso wei nkyerɛ sɛ wubegyaw w’asɛde nyinaa agu no so. Ɔpanyin a wunim sɛ ɔne wo ba bɔ a ɔrensɛe no no, obetumi aboa wo ma woatete wo ba no. Bible ma yehu sɛ bere a na Timoteo anyin awie mpo no, ɔne ɔsomafo Paul bɔe, na wɔn baanu nyinaa nyaa saa adamfofa no so mfaso.​—Filipifo 2:20, 22.

Kan no, na mmusua taa bom tena faako, nanso nnɛ ɛnte saa. Wobɛhwɛ na nananom, wɔfanom, sewaanom, ne abusuafo afoforo atu akɔtena baabi foforo. Sɛ saa na ɛte wɔ w’abusua mu a, bɔ mmɔden yɛ nhyehyɛe ma wo mma ne mpanyimfo a wɔn suban yɛ wo fɛ mmɔ.

^ nky. 9 Saa nhwehwɛmu no ma ɛbɛdaa adi sɛ, yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara nnɔnhwerew bɛyɛ nkron na mmabun de hwɛ TV, tie nnwom, anaa wɔde bɔ video game. Akontaabu a ɛfa mmofra ne mmabun ho yi, bere a wɔde sua ade wɔ intanɛt so wɔ sukuu mu anaa fie no nka ho.