Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 2 2019 | Nneɛma Nsia a Ehia Sɛ Mmofra Sua

Nneɛma Nsia a Ehia Sɛ Mmofra Sua

Sɛ wo ba nyin bɛyɛ ɔpanyin a, sɛn na wobɛpɛ sɛ nkurɔfo hu no?

  • Obi a Ɔwɔ Ahosodi

  • Obi a Ɔbrɛ Ne Ho Ase

  • Obi a Otumi Gyina Tebea Biara Ano

  • Obi a Otumi Di N’asɛde Ho Dwuma

  • Obi a Ɔyɛ N’ade Sɛ Ɔpanyin

  • Obi a Ɔyɛ Ɔnokwafo

Sɛ wugyaa mmofra saa ara a, wɔn ankasa ntumi nna su ahorow yi adi. Wohia wo mmoa.

Yɛbɛhwɛ nneɛma nsia a ɛho hia sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma wɔ nhoma yi mu; ɛbɛboa wɔn ama wɔanyin ayɛ mpanyin pa.

 

Ahosodi So Wɔ Mfaso

Adɛn nti na ahosodi ho hia, na yɛbɛyɛ dɛn anya bi?

Sɛnea Ɔbɛbrɛ Ne Ho Ase

Sɛ woboa wo ba ma ohu sɛnea ɔbɛbrɛ ne ho ase seesei a ɔda so yɛ abofra no a, onyin a ɛbɛboa no.

Sɛnea Obegyina Tebea Biara Ano

Mmofra sua sɛ wobegyina tebea biara ano a, ɛboa ma sɛ daakye wohyia nsɛnnennen a, wotumi gyina ano

Sɛnea Obedi N’asɛde Ho Dwuma

Mfe bɛn na obi di a otumi di n’asɛde ho dwuma; mmofraase anaa bere a wanyin?

Wohia Mpanyimfo Akwankyerɛ

Mmofra hia akwankyerɛ pa wɔ asetena mu, nanso ɛhe na wobenya akwankyerɛ pa afi?

Ehia Sɛ Wɔbɔ Bra Pa

Sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma ma wɔbɔ bra pa a, wobenya so mfaso daakye.

Awofo Betumi Anya Mmoa Pii Afi Bible Mu

Awofo nso hia akwankyerɛ pa a wɔde bɛbɔ wɔn bra. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, kɔ jw.org/tw.