Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WIASE YI AYƐ BISIBASAA

2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban

2 | Bɔ Wo Sika Ne W’agyapade Ho Ban

NEA ENTI A ƐHO HIA

Da biara nnipa bebree brɛ ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano. Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ nneɛma bɔne bi te sɛ atoyerɛnkyɛm ne nea ɛkeka ho si a, ɛsɛe asɛm no koraa. Adɛn ntia?

  • Sɛ nneɛma bi te sɛ akokoakoko, atuturasɛm anaa atoyerɛnkyɛm si baabi a, ɛma hɔ asetena yɛ den, aduan ho yɛ den, na ɛdan bo kɔ soro.

  • Ɛma nkurɔfo bebree adwuma fi wɔn nsa, na wɔn a wonya bi yɛ no nso, akatua no nnu baabiara.

  • Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, etumi sɛe nkurɔfo nnwuma, wɔn afie ne wɔn agyapade. Ɛba saa a, ɛma nnipa bebree di hia.

Nea Ɛsɛ Sɛ Wuhu

  • Sɛ wohwɛ wo sikasɛm yiye a, da hiada anaa da a biribi bɔne besi no, wo ho nkyere wo.

  • Sika ne agyapade a yɛwɔ no, ɛntena hɔ afebɔɔ. Sɛnea ɛsom bo no so betumi atew, anaa ebetumi afi yɛn nsa.

  • Nneɛma bi wɔ hɔ a sika ntumi ntɔ. Ebi ne anigye, ɛne baakoyɛ a ɛwɔ abusua mu no.

Nea Wubetumi Ayɛ No Nnɛ

Bible ka sɛ: “Sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.”—1 Timoteo 6:8.

Nnipa de, nneɛma a yɛpɛ no dɔɔso, nanso nea yehia ankasa no yɛ kakraa bi. Enti sɛ yɛtew nneɛma a yɛpɛ no so, na yɛde yɛn adwene si nea yehia wɔ asetena mu da biara no so a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Wei ho hia, titiriw bere a yɛn adwuma afi yɛn nsa anaa yɛn sikasɛm nkɔ yiye no.

Sɛ yɛn ani betumi asɔ nea yɛwɔ a, ebia ɛho behia sɛ yegyae akɛsesɛm. Afei sika kakraa a ɛbɛba abedi yɛn nsam no, yɛbɛhwɛ so yiye. Sɛ wudi boro sika a wunya a, ɛbɛma wo ho akyere wo.