Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Kyakyatoɔ

Kyakyatoɔ

Ebinom ka sɛ kyakyatoɔ deɛ asɛm biara nni ho, na afoforɔ nso ka sɛ ɛyɛ hu paa.

Mfomso wɔ kyakyatoɔ ho?

NEA NKURƆFO KA

Nnipa pii susu sɛ, sɛ aban pene kyakyatoɔ so nko ara a, ɛnneɛ asɛm biara nni ho. Kyakya bi te sɛ loto yɛ biribi a mmara ma kwan na ɛtɔ da mpo a aban ankasa di mu akoten. Wɔde sika a wɔnya no bi yɛ mpɔntudwuma.

NEA BIBLE KA

Bible nhyɛ da nka kyakyatoɔ ho asɛm, nanso nsɛm pii wom a ɛboa ma yɛhu Onyankopɔn adwene wɔ ho.

Nea ɛwɔ kyakyatoɔ biara mu ne sɛ obi bɛdi nkurɔfo sika. Wei ne Bible mu asɛm yi nhyia: “Monhwɛ yie wɔ anibereɛ biara ho.” (Luka 12:15) Nokwasɛm ne sɛ anibere ne adufudepɛ na ɛma nkurɔfo to kyakya. Nnwumakuw a wodi kyakyatoɔ mu akoten tumi twa sika puduo bi to hɔ sɛ amanfoɔ nto nni. Ɛba saa a, wɔn a wɔrepɛ wɔn ho anya prapra wɔn ho sika nyinaa de hyem. Nanso sika a obi bɛhwere deɛ, nnwumakuw yi mmɔ so koraa. Enti wotumi hu pefee sɛ kyakyatoɔ hyɛ adufudepɛ ho nkuran.

Pɛsɛmenkomenya na ɛpiapia nkurɔfo ma wɔto kyakya: Obiara pɛ sɛ ne yɔnko hwere ne sika na ne nyinaa bɛdi ne hɔ. Nanso Bible tu yɛn fo sɛ: “Obiara nnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma ɔno nko ara, na mmom ne yɔnko nso deɛ.” (1 Korintofoɔ 10:24) Afei Mmara Nsɛm Du no ka sɛ: “Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.” (Exodus 20:17) Sɛ obi to kyakya a, ɔkwan bi so no, ne mpae ara ne sɛ afoforɔ bɛbɔ ka na wafa ho ayɛ yie.

Nnipa bi wɔ adwene sɛ wɔto kyakya di a, wɔn kra na adi aboa wɔn, nanso Bible mfoa so. Tete no, Israelfo bi a wɔn gyidi awu fii Onyankopɔn akyi ‘too pono maa Akrayɛ nyame.’ Enti wohwɛ a na Onyankopɔn ani bɛgye ɔsom a wɔde ma “Akrayɛ nyame” no ho? Dabi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛyɛ m’ani so bɔne na mokɔɔ so yɛeɛ, na deɛ m’ani nnye ho na moyiiɛ.”​—Yesaia 65:11, 12.

Ɛwom, aman pii so no aban no de sika a wonya fi kyakyatoɔ mu boa nwomasua ne mpɔntudwuma. Nanso ɛno nsesa hwee, efisɛ ɛnyɛ nea wɔde sika no yɛ ne asɛm no, na mmom baabi a sika no fi. Asɛm no ara ne sɛ kyakyatoɔ hyɛ pɛsɛmenkomenya ne anibere ho nkuran. Ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ wɔbɛtumi anya wɔn ho a wɔmmrɛ.

“Mma w’ani mmmere wo yɔnko biribiara.”​—Exodus 20:17.

Obi to kyakya a, nsunsuanso bɔne bɛn na ɛbɛtumi anya wɔ ne so?

NEA BIBLE KA

Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no hwe sɔhwɛ ne fidie ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.” (1 Timoteo 6:9) Anibere ne adufudepɛ na ɛma obi to kyakya. Adufudepɛ nyɛ; ɛka su a Bible se yɛnkyi no ho.​—Efesofoɔ 5:3.

Kyakyatoɔ ma obi nya adwene sɛ ɔbɛtumi ayɛ ɔdefoɔ prɛko pɛ. Adwene a ɛte saa ne sikanibere na ɛnam. Na Bible ka sɛ “bɔne nyinaa nhini” ne sikanibere. Sɛ sika gye obi adwene a, ɛgya no kɔdaanna na ɛtumi sɛe gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu. Bible ka sɛ nnipa a wɔte saa ‘de yea bebree wowɔ wɔn ho nyinaa.’​—1 Timoteo 6:10.

Adufudepɛfoɔ ani nsɔ nea wɔwɔ, enti wɔn ani nnye. Wo deɛ susu asɛm yi ho hwɛ: “Deɛ ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na deɛ ɔpɛ adedodoɔ nso, ahonyadeɛ mmee no.”​—Ɔsɛnkafoɔ 5:10.

Kyakyatoɔ de nnipa bebree ayɛ nkoa, na wɔgye wɔn ho a ɛnnye. Kyakyatoɔ atu atese wɔ wiase nyinaa. Wohwɛ United States sɛɛ a, wɔkyerɛ sɛ nnipa mpempem pii ato kyakya ara ma aka wɔn hɔ.

Abebusɛm bi ka sɛ: “Agyapadeɛ a wɔde anibereɛ nya no, n’awieeɛ renyɛ nhyira.” (Mmebusɛm 20:21) Ebinom ato kyakya ara ma ɛka amene wɔn sɛɛ twom. Ama ebinom adwuma afi wɔn nsa, na ebinom nso awareɛ asɛe na atete nnamfo ntam. Nanso sɛ obi de Bible afotuo bɔ ne bra a, ɛbɛtumi aboa no ma wade ne ho afi ɔhaw yi nyinaa ho na n’ani agye.

“Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefoɔ no hwe sɔhwɛ ne fidie ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.”1 Timoteo 6:9.