Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 19

Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?

Yehowa Adansefo Yɛ Nokware Kristofo Anaa?

Yɛn Yehowa Adansefo de, yegye di sɛ yɛyɛ nokware Kristofo. Adɛn ntia? Wo de, ma yensusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho nhwɛ, na wubehu nea enti a yɛreka saa. Dɛn na yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina so? Adɛn nti na yɛafa edin Yehowa Adansefo ato yɛn so? Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

1. Dɛn na Yehowa Adansefo de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina so?

Yesu kaa sɛ: “[Onyankopɔn] asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Sɛnea Yesu yɛe no, Yehowa Adansefo nso de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm so. Wohwɛ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu a, wubehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Afe 1870 mu hɔ baabi no, nkurɔfo bi a na wɔbom sua Bible no de sii wɔn ani so sɛ, wɔbɛtɔ wɔn bo ase ahwehwɛ Bible no mu ahu nea ɛkyerɛkyerɛ ankasa. Nea wohui no bi wɔ hɔ a, na ɛnyɛ saa na nsɔrensɔre no kyerɛkyerɛ. Nanso wɔyɛe sɛ nea Bible aka no na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ begyina so. Wɔamfa anso hɔ ara. Nokwasɛm a wohui wɔ Bible mu no, wofii ase kaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. a

2. Adɛn nti na yɛafa edin Yehowa Adansefo ato yɛn so?

Yehowa frɛ wɔn a wɔsom no no n’adansefo, efisɛ wɔka ne ho nokwasɛm kyerɛ afoforo. (Hebrifo 11:4–12:1) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, tete no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mone m’adansefo.” (Kenkan Yesaia 43:10.) Yesu nso, Bible no frɛ no “Ɔdansefo Nokwafo no.” (Adiyisɛm 1:5) Ɛno nti, afe 1931 mu no, yɛfaa edin Yehowa Adansefo too yɛn so. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ saa din no da yɛn so.

3. Ɔdɔ a Yesu daa no adi no, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de suasua?

Ná Yesu dɔ n’asuafo no ara ma na wɔte sɛ n’abusuafo. (Kenkan Marko 3:35.) Saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa nso te. Wɔyɛ abusua baako. Ɛno nti, sɛ Yehowa Danseni bi hu ne yɔnko Yehowa Danseni a, ɔfrɛ no ne nua. (Filemon 1, 2) Afei nso, ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnnɔ anuanom nyinaa’ no, yedi so. (1 Petro 2:17) Yehowa Adansefo yɛ nneɛma pii de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn nuanom. Ebi ne sɛ, sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ aman ahorow so ho kyere wɔn a, yɛboa wɔn.

SUA PII KA HO

Ɔfã yi bɛboa wo ama woahu Yehowa Adansefo abakɔsɛm ho nsɛm pii. Ɛbɛma woahu adanse afoforo a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo.

Nokware Kristofo de wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Bible no so, na wɔka nea wosua ho asɛm kyerɛ afoforo

4. Yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina Bible so

Yehowa ka too hɔ sɛ, bere bi bɛba a yɛbɛte Bible no ase yiye. Monkenkan Daniel 12:4 ne ase hɔ asɛm no. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Kyerɛwsɛm yi ma yehu sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so hwehwɛ Bible no mu a, dɛn na ‘ɛbɛdɔɔso’?

Ná nkurɔfo bi bom sua Bible. Wɔn mu baako ne Charles Russell. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu ɔkwan a na wɔfa so sua Onyankopɔn Asɛm no. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Sɛn na na Charles Russell ne wɔn a na ɔne wɔn bom sua Bible no yɛ Bible no mu nhwehwɛmu?

Wunim biribi?

Ɛwom ara a, ntease a yɛwɔ wɔ Bible mu asɛm bi ho no, yetumi sesa no. Adɛn ntia? Wo de, susuw ho hwɛ. Sɛ anim retetew, na sɛ owia no reyi ne ti a, nkakrankakra ɛma yehu ade yiye. Saa ara nso na Onyankopɔn ma yɛte n’Asɛm ase nkakrankakra. (Kenkan Mmebusɛm 4:18.) Enti ɛwom, Bible no nsesa, nanso sɛ yɛte Bible no ase yiye, na ɛho hia sɛ yɛsesa yɛn nkyerɛkyerɛ bi a, yɛyɛ saa.

5. Edin a ɛda yɛn so no, ɛho adwuma na yɛyɛ

Adɛn nti na yɛfaa edin Yehowa Adansefo too yɛn so? Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Adɛn nti na edin Yehowa Adansefo no fata yɛn?

Adɛn nti na Yehowa ayi nnipa bi sɛ wɔnyɛ n’adansefo? Asɛm no ne sɛ, atosɛm a wɔaka afa ne ho no dɔɔso, enti wayi ebinom sɛ n’adansefo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nkurɔfo ahu sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn no. Wo de, hwɛ atosɛm yi mu mmienu.

Ɔsom ahorow bi kyerɛkyerɛ wɔn nkurɔfo sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ wɔde ahoni ne nneɛma a ɛtete saa som no. Nanso wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 26:1. Mokenkan wie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Wohwɛ kyerɛwsɛm yi mu a, ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛfa ahoni so som no anaa? Sɛ obi yɛ saa a, ɔte nka sɛn?

Asɔfo bi kyerɛkyerɛ sɛ Yesu ara ne Onyankopɔn. Nanso wo de, hwɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 20:17. Mokenkan wie a, munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Ɛyɛ nokware sɛ Yesu ara ne Onyankopɔn anaa? Dɛn na Bible no ka?

  • Wohwɛ sɛnea Yehowa asoma n’Adansefo sɛ wɔnkɔka ɔne ne Ba no ho nokwasɛm nkyerɛ nkurɔfo a, ɛma wote nka sɛn?

6. Yɛdodɔ yɛn ho

Bible no de Kristofo toto nipadua akwaa ahorow no ho. Ɛka sɛ, sɛnea akwaa ahorow no bom yɛ adwuma no, ɛsɛ sɛ Kristofo nso yɛ baako. Monkenkan 1 Korintofo 12:25, 26. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi yɛ Kristoni mapa, na sɛ ohu sɛ ne nua Kristoni rehu amane a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

  • Dɛn na woahu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho?

Sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔman bi so rehu amane a, wɔn nuanom Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no yɛ ntɛm boa wɔn. Sɛ wopɛ sɛ wuhu wei ho nhwɛso a, hwɛ VIDEO yi. Muwie a, munsusuw asɛmmisa yi ho.

  • Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, Yehowa Adansefo boa wɔn a wɔn ho akã no. Adɛn nti na saa a wɔyɛ no kyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ?

Nokware Kristofo boa wɔn a wɔn ho akyere wɔn de kyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn

EBINOM KA SƐ: “Yehowa Adansefo asɔre no de, ɛbae nkyɛe.”

  • Bere bɛn na Yehowa fii ase frɛɛ wɔn a wɔsom no no sɛ n’adansefo?

NEA YƐASUA

Yehowa Adansefo yɛ nokware Kristofo. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ abusua baako. Yɛde yɛn nkyerɛkyerɛ gyina Bible no so, na yɛma nkurɔfo hu Yehowa ho nokwasɛm.

Ntimu

  • Adɛn nti na yɛfaa edin Yehowa Adansefo too yɛn so?

  • Dɛn na yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho?

  • Wugye di sɛ Yehowa Adansefo yɛ nokware Kristofo?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Yehowa Adansefo ama nkurɔfo ahu sɛ nkyerɛkyerɛ bi yɛ atoro. Hwɛ ɛho nhwɛso baako.

Onyankopɔn Nkurɔfo Hyɛ Ne Din Anuonyam (7:08)

Wowɔ Yehowa Adansefo ho nsɛm bi a ɛkyere w’adwene anaa? Hwɛ saa ɔfã yi, na wubenya ho mmuae.

“Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho” (ɛwɔ jw.org)

Ná ɔbarima bi a ne din de Stephen mpɛ aborɔfo asɛm, na na otumi yɛ wɔn basabasa. Nanso ohuu biribi wɔ Yehowa Adansefo ho a ɛboaa no ma ɔsesae. Kenkan saa asɛm yi na wubehu.

“Ná M’abrabɔ Sɛe Ara na Ɛresɛe” (Ɔwɛn-Aban, July 1, 2015)

a Nhoma titiriw a Yehowa nkurɔfo de kyerɛkyerɛ Bible mu nokwasɛm mu ne Ɔwɛn-Aban no. Afe 1879 mu na yefii ase tintimii.