Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Aware—Yɛnkɔ Nsan

Aware—Yɛnkɔ Nsan

Kristofo aware a ɛkɔ yiye no, ɛhyɛ Yehowa anuonyam, na ɛma awarefo no ani gye. (Mr 10:9) Sɛ Kristoni aware begyina na anigye aba mu a, ɛnde sɛ ɔrepɛ obi a ɔbɛware no a, ɛsɛ sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma.

Ansa na wo ne obi bɛyɛ aware nhyehyɛe no, hwɛ hu sɛ ‘wonyɛ abofra bio.’ Nea wei kyerɛ ne sɛ, bere a nna ho akɔnnɔ tumi hyɛ obi so paa no, hwɛ hu sɛ woatwam hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a akɔnnɔ no rempiapia wo mma wunsisi gyinae a ɛremmoa wo. (1Ko 7:36) Bere a woda so di sigya yi, hyɛ wo ne Onyankopɔn adamfofa mu den, na bɔ mmɔden sɛ wubenya suban a ɛfata Kristofo. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wode wo sigyadi no reyɛ adepa, na akyiri yi sɛ woware a, ɛbɛma woatumi ayɛ wo fam de ama aware no asɔ.

Ansa na wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛware obi no, to wo bo ase paa hu no yiye, kyerɛ sɛ, hu “komam nipa a ahintaw” no. (1Pe 3:4) Onipa a wopɛ sɛ woware no no, sɛ wuhu biribi a ɛhaw adwene paa wɔ ne ho a, ɛne no nka ho asɛm. Afei nso kae sɛ, sɛ yɛne yɛn yɔnko nipa ntam bɛyɛ kama a, nea ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn ne nea yɛbɛyɛ ama no, na ɛnyɛ nea yebenya afi ne hɔ. Saa na aware nso te. Nea wobɛyɛ ama wo kunu anaa wo yere na ɛsɛ sɛ ehia wo, na ɛnyɛ nea wubenya afi ne hɔ. (Flp 2:3, 4) Sɛ wode Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma ansa na woaware a, woware wie a ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛtoa so de ayɛ adwuma, na ɛbɛma anigye aba w’aware mu.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NHYƐASE A WƆTO MA AWAREƆFÃ 3: “SĒSĒ HWƐ.” WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Bere a onuawa no fii ase ne Shane nantewee no, na nneɛma kɔ sɛn?

  • Eduu baabi no, dɛn na obehu faa Shane ho?

  • Dɛn na n’awofo yɛ de boaa no, na gyinae pa bɛn na afei osii?