Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 44-48

Nhwehwɛ “Nneɛma Akɛse”

Nhwehwɛ “Nneɛma Akɛse”

45:2-5

Wohwɛ a na Baruk yɛ ahemfie panyin a wasua nhoma kɔ akyiri. Ɛwom, na ɔsom Yehowa na ɔde nokwaredi boaa Yeremia, nanso eduu baabi no, ne gyidi hinhimii. Ofii ase hwehwɛɛ “nneɛma akɛse.” Ebia na ɔpɛ dibea kɛse wɔ ahemfie hɔ anaasɛ ɔpɛ ahonyade pii. Ná Yerusalem rebɛsɛe. Enti sɛ obenya ne ti adidi mu a, na ɛsɛ sɛ ɔsesa n’adwene.