Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Wɔ Wɔn Ankasa Bible Anaa?

Yehowa Adansefo Wɔ Wɔn Ankasa Bible Anaa?

 Yehowa Adansefo resua Bible a, wɔde Bible ahorow ahorow a nkurɔfo ayɛ na esua. Nanso sɛ Bible a wɔato din Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no bi wɔ yɛn kasa mu de a, ɛno paa na yɛde sua ade, efisɛ Onyankopɔn din wɔ saa Bible no mu, wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ, na emu nso da hɔ paa.

  •   Onyankopɔn din wom. Ebinom yɛ Bible a, wɔmfa ɛho anuonyam mma Bible no Wura. Bible baako sei, nnipa bɛboro 70 a wɔboa maa wɔyɛe no, wohwɛ mu a, wubehu wɔn nyinaa din wom. Nanso, saa Bible koro no ara, wɔayi Bible no Wura a ɔne Yehowa Nyankopɔn no din afi mu koraa!

     Nanso Onyankopɔn din mpempem pii a nkurɔfo ayiyi afi Bible mu no, wɔn a wɔyɛɛ Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no de ahyehyɛ nea ɛhyɛ pɛpɛɛpɛ te sɛ bere a wodii kan kyerɛw Bible no ara. Wɔn a wɔyɛɛ saa Bible no deɛ, ɔbaako mpo din nnim.

  •   Wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ. Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na ne nkyerɛase yɛ pɛpɛɛpɛ te sɛ nea Onyankopɔn ma wodii kan kyerɛwee no. Ɛho nhwɛso baako ni. Bible bi kyerɛ Mateo 7:13 ase sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu, efisɛ ɔpon a ɛkɔ Ɔbonsam gya mu no sõ, na ɔkwan a ɛkɔ hɔ no, ɛso fa nyɛ den.” Nanso wohwɛ Bible a wodii kan kyerɛwee no a, ɛnka sɛ “Ɔbonsam gya mu,” mmom ɛka sɛ “ɔsɛe mu.” Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔyɛɛ saa Bible no de “Ɔbonsam gya mu” hyɛɛ mu efisɛ wogye di sɛ wɔbɛhyew abɔnefo wɔ Ɔbonsam gya mu afebɔɔ. Nanso ɛnyɛ saa na Bible ka koraa. Ɛno nti, Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no kyerɛ Mateo 7:13 ase pɛpɛɛpɛ sɛnea Bible a wodii kan kyerɛwee no te. Ɛka sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu, efisɛ ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no kɔ ɔsɛe mu.”

  •   Emu da hɔ paa. Sɛ yɛka sɛ wɔakyerɛ biribi ase yiye a, ɛsɛ sɛ ɛne nea wɔhwɛɛ so kyerɛɛ ase no hyia pɛpɛɛpɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ emu da hɔ, na ntease ba mu. Wo deɛ, yɛnhwɛ wei ho nhwɛso baako. Wohwɛ Romafo 12:11 a, Kristoni ɔsomafo Paul kaa asɛm bi wɔ hɔ. Sɛ yɛkyerɛ ase traa a, ɛkyerɛ sɛ “wobɛma honhom no ahuru.” Twi mu no, ntease biara nni saa asɛm no mu, enti Wiase Foforo Nkyerɛase no akyerɛ ase ama emu ada hɔ. Ɛka kyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ hyew honhom mu.’

 Wiase Foforo Nkyerɛase no, Onyankopɔn din wom, wɔakyerɛ ase pɛpɛɛpɛ, na emu nso da hɔ paa. Nea ɛka ho bio a ɛma ɛda mu fua ne sɛ, yɛde ma nkurɔfo a yennye sika biara. Ɛno nti, nnipa mpempem pii tumi kenkan Bible no wɔ wɔn kurom kasa mu. Wɔn a anka wonni sika a wɔde bɛtɔ Bible no, wɔn mpo nya bi kenkan.