Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NA NNEƐMA BƆNE TO NNIPA PA?

Nneɛma Bɔne Adɔɔso!

Nneɛma Bɔne Adɔɔso!

Ná Smita * yɛ ɔbea bi a ɔpɛ nnipa na odwen afoforo ho. Ná ɔte Dhaka, Bangladesh, na na wadi mfe 35. Ná obiara nim sɛ ɔyɛ ɔbea warefo a ɔbɔ ne ho mmɔden na n’ani gye ne ho. Afei nso, na ɔde Onyankopɔn ho ade a wasua no kyerɛkyerɛ afoforo. Nanso, mpofirim ara na yare bi bɔɔ no; nnawɔtwe mpo annu na tim, owui!

James ne ne yere yɛ awarefo a na wonnya nnii mfe 40. Ná wɔte New York, na na nkurɔfo bɔ wɔn din pa te sɛ Smita. Bere bi, wɔkɔsraa wɔn nnamfo wɔ Amerika atɔe fam. Wɔkɔe a, wɔamma bio. Wɔkɔɔ hɔ no, wokonyaa kar akwanhyia wuwui. Wɔn wu no maa wɔn adɔfo ne wɔn adwumamfo tee nka sɛ wɔahwere ade paa.

Baabi a wobɛfa biara, bɔne ne amanehunu nko ara. Ɔko nnim asraafo nnim ɔmanfo; ekunkum wɔn nyinaa. Nkurɔfo te wɔn baabi redwen wɔn ho nso a, na nsɛmmɔnedifo ne awudifo akɔtow ahyɛ wɔn so. Akwanhyia rekum ebinom, na yare nso redi ebinom nya. Ɔpanyin oo, abofra oo, woyɛ hena oo, woyɛ hena oo, obiara mfa ne ho nni. Atoyerɛnkyɛm nso si a, ɛnsa mu; etumi ka obiara. Ɔtan hunu ne ntɛnkyea abu so. Ebia wo mpo, nneɛma yi bi ato wo da.

Enti, sɛ obi bisa nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi a, odi bisa:

  • Adɛn na nneɛma bɔne to nnipa pa?

  • Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne sisi?

  • Nnipa na ɛde bɔne ba, anaa ɛno ara na ɛba?

  • Sɛ ɛnnɛ obi hu amane a, ɛkyerɛ sɛ wawu akɔ aba na ɔretua ne bɔne so ka sɛnea Karma kyerɛ no anaa?

  • Sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn bi wɔ hɔ a, adɛn nti na ɔmmɔ nnipa pa ho ban mfi nneɛma bɔne ho?

  • Enti da bi bɛba a bɔne ne amanehunu befi hɔ?

Ansa na yebetumi ayi saa nsɛm yi ano no, ɛsɛ sɛ yedi kan nya nsɛm mmienu yi ho mmuae: Dɛn nti koraa na nneɛma bɔne sisi? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ ho?

^ nky. 3 Wɔasesa din ahorow no.