ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NA NNEƐMA BƆNE TO NNIPA PA?

Nneɛma Bɔne To Nnipa Pa—Adɛn Ntia?

Nneɛma Bɔne To Nnipa Pa—Adɛn Ntia?

Yehowa Nyankopɔn * na ɔbɔɔ biribiara, na ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ. Ɛno nti, nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ nea ebesi biara, papa oo, bɔne oo, ɛyɛ Onyankopɔn. Nanso, hwɛ nea Bible ka fa nokware Nyankopɔn no ho:

  • “Yehowa teɛ wɔ n’akwan nyinaa mu.”Dwom 145:17.

  • “[Onyankopɔn akwan] nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.”Deuteronomium 32:4.

  • “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.”Yakobo 5:11.

Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma bɔne ba. Sɛ ɛnte saa a, ɛnde ɔno na ɔhyɛ akyi piapia nkurɔfo ma wodi bɔne anaa? Dabi. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ, “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’” Adɛn ntia? “Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Onyankopɔn nsɔ obiara nhwɛ, kyerɛ sɛ, onnyigye nnipa nkɔ bɔne mu. Onyankopɔn, ɛnyɛ ɔno na ɔde nneɛma bɔne ba, na ɔnhyɛ nkurɔfo nkuran nso sɛ wɔnyɛ bɔne. Ɛnde, dɛn na ɛma nneɛma bɔne sisi?

ASIANE HO YƐ TORO NTI BAABI A OBI WƆ NA ƐBƐKYERƐ

Bible ma yehu ade biako nti a nnipa hu amane. Ɛka sɛ: “Asiane to [nnipa] nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛ asiane anaa akwanhyia bi si a, baabi a obi wɔ saa bere no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛbɛka no anaa ɛnka no. Bɛyɛ mfe 2,000 ni, Yesu Kristo kaa asiane bi a ɛtoo nnipa 18 bi ho asɛm; ɔdan bu guu wɔn so kunkum wɔn. (Luka 13:1-5) Ɛnyɛ bɔne bi a wɔyɛe nti na wohyiaa saa asiane no. Nea ɛwom ara ne sɛ ɔdan no bui no, na wɔwɔ hɔ. January 2010 yi ara nso, asasewosow kɛse bi sii wɔ Haiti. Ɛhɔ aban no kyerɛ a, nnipa bɛboro 300,000 na wowuwui. Asasewosow no kum nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa frae. Yare nso tumi bɔ yɛn mu biara a yɛn ani nna.

Adɛn nti na Onyankopɔn mmɔ nnipa pa ho ban mfi asiane ho?

Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Nneɛma bɔne a esisii no, anka Onyankopɔn ntumi nsiw kwan? Anka ɔrentumi mmɔ nnipa pa a wowom no ho ban?’ Sɛ Onyankopɔn yɛɛ ho biribi a, anka ɛbɛkyerɛ sɛ ansa na ade bɔne biara besi no, na onim dedaw. Ampa, Onyankopɔn pɛ sɛ ohu nea ebesi daakye a, obetumi ahu, nanso asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa ne sɛ: Tumi a ɔde hu daakye asɛm no, bere nyinaa na ɔde di dwuma anaa?Yesaia 42:9.

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Nyankopɔn wɔ ɔsoro; nea ɛsɔ n’ani biara ɔyɛ.” (Dwom 115:3) Biribiara  nsõ Yehowa yɛ, nanso ɛnyɛ sɛ ɔwɔ tumi nti biribiara a na ɔreyɛ. Obetumi ahu nea ebesi daakye, nanso ɔpɛ a na ɔhwɛ. Nhwɛso bi ni: Bere a abɔnefosɛm dɔɔso wɔ tete Sodom ne Gomora no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ tete agya Abraham sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ sɛ osu ne nteɛteɛm a mate no te saa ampa, na sɛ ɛnte saa a mehu.” (Genesis 18:20, 21) Bere a nneɛma bɔne rekɔ so wɔ saa nkurow no mu no, Yehowa amfa ne tumi anni dwuma anim-anim ara amfa anhwɛ baabi a abɔnefosɛm no akodu. Ɛno kyerɛ sɛ, nea Yehowa pɛ sɛ ohu no, ɛno nko ara na ɔhwɛ. (Genesis 22:12) Nanso ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn tɔ sin anaa ne tumi sua. Mmom, esiane sɛ Onyankopɔn ‘adeyɛ yɛ pɛ’ nti, sɛ ɔde tumi a ɛma ohu daakye asɛm no bedi dwuma a, gye sɛ ɛne n’atirimpɔw hyia. Ɔmfa ne tumi nhyɛ obiara sɛ ɔnyɛ biribi. * (Deuteronomium 32:4) Enti, dɛn na yɛreka akosi? Ɛno ara ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn de tumi a ɛma ohu daakye asɛm no yɛ adwuma; ɔhwɛ hu sɛ ɛfata ansa na ɔde adi dwuma.

Adɛn nti na Onyankopɔn mmɔ nnipa pa ho ban mfi nsɛmmɔnedifo ho?

EFI NNIPA?

Nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so no, ne fã bi fi nnipa. Bible ma yehu nea ɛma nnipa yɛ bɔne. Ɛka sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada. Afei sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne; na bɔne no nso nyin a, ɛwo owu.” (Yakobo 1:14, 15) Sɛ obi di n’akɔnnɔ akyi a, ebetumi akɔfa nsunsuanso bɔne abrɛ no. (Romafo 7:21-23) Nsɛm a asisi pɛn ama yɛahu sɛnea nnipa adi nsɛmmɔne a ɛyɛ asefem ma akɔfa amanehunu pii aba. Afei nso, nnipabɔnefo tumi de wɔn subammɔne no san afoforo. Enti, bɔne kɔ ara na ɛrekɔ so.Mmebusɛm 1:10-16.

Nnipa adi nsɛmmɔne a ɛyɛ asefem ma akɔfa amanehunu pii aba

Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de ne ho gye mu hyɛ nnipa ma wɔyɛ adepa anaa? Susuw sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no ho hwɛ. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔbɔɔ nnipa wɔ ne suban so. Enti nnipa wɔ Onyankopɔn su no bi. (Genesis 1:26) Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔde wɔn pɛ maa wɔn, enti wotumi paw nea wɔpɛ. Ɛno nti, yetumi si gyinae sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛayɛ nea ɛsɔ n’ani daa. (Deuteronomium 30:19, 20) Sɛ Onyankopɔn hyɛ nnipa ma wɔyɛ biribi a, ɛbɛkyerɛ sɛ wonni hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ bio. Anka nnipa bɛyɛ sɛ mfiri; mfiri de, nea wɔahyehyɛ sɛ ɛnyɛ ara na ɛyɛ. Sɛ nkrabea (a ebinom frɛ no Kismet no) na ɛkyerɛ nea yɛbɛyɛ a, ɛno nso anka yɛbɛyɛ sɛ mfiri. Yɛn ani sɔ sɛ Onyankopɔn di yɛn ni, na ɔma yɛn kwan  ma yɛpaw nea yɛpɛ. Nanso, nea yɛaka yi nkyerɛ sɛ nsunsuanso a efi nnipa mfomso ne wɔn gyinaesi bɔne mu ba no bɛtena adesamma so daa.

KARMA KA HO BI NA YEHU AMANE ANAA?

Asɛm a ɛwɔ nhoma yi anim no, sɛ wubisa Hinduni anaa Buddhani bi a, ebia nea ɔbɛka ara ne sɛ: “Karma mmara nti na nneɛma bɔne to nnipa pa. Wɔawu akɔ aba na wɔretua wɔn bɔne so ka.” *

Yɛreka Karma ho asɛm yi, sɛ yehu nea Bible ka fa owu ho a, ɛbɛboa yɛn. Eden turom na nnipa asetena hyɛɛ ase, na ɛhɔ na Ɔbɔadeɛ no ka kyerɛɛ onipa a odi kan, Adam, sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ Adam anyɛ asoɔden antia Onyankopɔn a, anka ɔbɛtena ase daa. Onyankopɔn mmara a obuu so na ɛkɔfaa owu bae. Bere a akyiri yi ɔwoo mma no, “owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12) Enti yebetumi aka sɛ “bɔne akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Bible san kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea wawu no, wɔabu no bem afi ne bɔne ho.” (Romafo 6:7) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ obi wu a, ne bɔne ho asodi biara nna ne so bio.

Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii ka sɛ Karma nti na nnipa hu amane. Obi a ogye saa asɛm no di no, sɛ ɔno anaa afoforo hu amane a, ɛnhaw no pii. Nanso, asɛm no ne sɛ, obi wɔ saa gyidi no a, ɛmma no anidaso biara sɛ nneɛma bɔne begyae. Wɔn a wogye Karma di no ka sɛ, obi wu a wɔsan wo no bio, na ɔkɔ ba, kɔ ba saa ara; sɛ obenya ne ho atetew a, gye sɛ ɔbɔ bra pa na onya nimdeɛ soronko bi. Nanso, saa nsɛm yi ne nea Bible ka nhyia koraa. *

NEA WAKƆFA ABA!

Wunim sɛ amane a nnipa hu no, ne kɛse fi “wiase sodifo” Satan Ɔbonsam?Yohane 14:30

Nanso, ɛnyɛ nnipa na ɛkɔfaa nsɛmmɔnedi bae. Bere bi, na Satan Ɔbonsam yɛ Onyankopɔn bɔfo a odi nokware. Nanso, “wannyina nokware no mu,” na ɔde bɔne baa wiase. (Yohane 8:44) Ɔmaa nnipa tew atua wɔ Eden turo mu. (Genesis 3:1-5) Yesu Kristo frɛɛ Satan “ɔbɔnefo no” ne “wiase sodifo.” (Mateo 6:13; Yohane 14:30) Nnipa dodow no ara akodi Satan akyi, enti wɔmfa Yehowa asɛm nyɛ hwee. (1 Yohane 2:15, 16) Yohane nhoma a edi kan ti 5, nkyekyɛm 19 ka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” Abɔfo binom nso akodi Satan akyi abɛyɛ abɔfo bɔne. Bible ka sɛ Satan ne n’adaemone redaadaa “asase sofo nyinaa,” na ɛsan ka sɛ wɔn nti, ‘asase nnue.’ (Adiyisɛm 12:9, 12) Enti nea wakɔfa nsɛmmɔnedi aba ne Satan Ɔbonsam; ɔno paa na ɛsɛ sɛ yɛde ho sobo bɔ no.

Ɛda adi pefee sɛ nneɛma bɔne a ɛto nnipa no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ba; ɛnyɛ ɔno nso na ɔma nnipa hu amane. Mmom wahyɛ bɔ sɛ obeyi nneɛma bɔne afi hɔ. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ saa asɛm no mu.

^ nky. 3 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ama nsɛmmɔnedi kɔ so a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 11. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a Karma mmara no fi bae a, hwɛ nhomawa a wɔato din Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? no kratafa 8-12. Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 18 Tebea a awufo wom ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma wɔn no, sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ho a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 6 ne 7.