ƆWƐN-ABAN September 2013 | Adɛn ne Amanehunu Bebrebe yi? Ebegyae Da Bɛn?

Dɛn na Bible ka fa amanehunu ho, na da bɛn na ebegyae?

ASƐM A ƐDA SO

Nnipa Pii a Wɔte Wɔn Baabi Redwen Wɔn Ho Wuwu Kwa!

Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii hu amane kwa. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma ɛba saa anaa?

ASƐM A ƐDA SO

Adɛn Ne Amanehunu Bebrebe Yi?

Wokenkan nhoma yi a wubehu nneɛma anum a akɔfa amanehunu aba nnɛ ne baabi a anidaso wɔ.

ASƐM A ƐDA SO

Amanehunu Begyae Nnansa Yi Ara!

Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi nneɛma a ɛde amanehunu ba nyinaa afi hɔ. Sɛn na ɔbɛyɛ no, na bere bɛn na ɔbɛyɛ?

ASETENAM NSƐM

Ahia Me Nanso Meyɛ Ɔdefo Onyankopɔn Mu

Alexander Ursu de n’ani hui sɛ biribiara antumi ansɛe Onyankopɔn som wɔ kan Soviet Union hɔ. Kenkan n’anom asɛm a ɛyɛ anika yi.

“Babel Abantenten”—Ɛno na Ɛkɔfaa Kasa Nyinaa Bae Anaa?

Dɛn ne Babel Abantenten no? Ɛhe paa na nnipa kasa fi bae?

BƐN ONYANKOPƆN

“Onyankopɔn Dɔ Nea Ɔtew N’anim Ma”

Hwɛ nea enti ɛho hia paa sɛ worekyɛ ade a, ebefi wo komam.

MOMFA NKYERƐKYERƐ MO MMA

Onyankopɔn Werɛ Tumi How—Dɛn na Yɛbɛyɛ Ama N’ani Agye?

Wunim sɛ wubetumi ama Yehowa werɛ ahow anaa n’ani agye? Kenkan na hu sɛnea Adam ne Hawa maa Yehowa werɛ howee.

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Yehowa Nyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware, enti sɛ awarefo de n’afotu a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn ani agye.

Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Wɛbsaet Ha

Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?

Ɔkwan a nsɔre-nsɔre bebree fa so nya sika no, yɛnyɛ saa.