Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?

Adwuma a Yehowa Adansefo Yɛ Wɔ Wiase Nyinaa No, Wɔyɛ Dɛn Nya Ho Sika?

 Adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no, yɛn Yehowa Adansefo ankasa na yefi yɛn komam yi sika de yɛ. a Baabi a yehyiam som no, yɛde nnaka sisi hɔ na sɛ obi pɛ a, ɔde sika atom. Sɛ wokɔ jw.org (ɔfã a yɛato din “Boa Wiase Nyinaa Adwuma No”) nso a, wubehu akwan foforo nso a obi betumi afa so ayi biribi de aboa. Sɛ wopɛ sɛ wuyi biribi boa adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no oo, ɛka a yɛn asafo ahorow no bɔ oo, anaa mpo wopɛ sɛ woboa ne mmienu nyinaa a, wokɔ hɔ a, yɛakyerɛ akwan a wobɛfa so ayɛ saa.

 Yehowa Adansefo nnyigye ntotoso du du anaa taet. Wontwa sika pɔtee a ɛsɛ sɛ obiara tua. Saa ara nso na wɔnka nkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wogye wɔn akatua a, kyenkyen ara a wɔmfa ne fã bi mmra. (2 Korintofo 9:7) Yennyigye kɔlɛhyen, na sɛ obi reba yɛn nhyiam nso a, yennye no sika. Yɛn mpanyimfo no, biribiara nni hɔ a wɔyɛ a wogye ho sika. Ayi oo, ayeforo oo, asubɔ oo, ɔsom mu dwumadi foforo biara oo, emu biara nni hɔ a wogye ho sika. Sɛ yɛrepɛ sika a, yɛnyɛ Kofi-ne-Ama, yɛmmɔ afɔre, yentwa akwabran-tow, ne nea ɛkeka ho, na yɛnsrɛsrɛ sika nso. Sɛ obi yi biribi boa a, yɛmfa ne din nto gua da. (Mateo 6:2-4) Yɛmmɔ aguadi ho dawuru wɔ yɛn wɛbsaet so ne yɛn nhoma ahorow mu.

 Bosome biara, Yehowa Adansefo asafo ahorow no bu wɔn sika ho akontaa. Wowie a, wɔde to gua wɔ wɔn nhyiam ase ma obiara te bi; sɛ ɔhɔho bi mpo wɔ hɔ a, ɔte bi. Wɔtaa hwehwɛ asafo biara sikasɛm mu hwɛ sɛ sika a nkurɔfo yi no, wɔde reyɛ adwuma yiye anaa.—2 Korintofo 8:20, 21.

Sɛnea Wubetumi Ayi Biribi Aboa

  •   Ntoboa nnaka: Sɛ wokɔ yɛn Ahenni Asa so, anaa Nhyiam Asa so, anaa baabi a yehyiam biara a, wubetumi de sika anaa kyɛk ato ntoboa nnaka a esisi hɔ no mu.

  •   Ntoboa a Woyi No Intanɛt So: Aman pii so no, wubetumi akɔ jw.org, ɔfã a yɛato din “Donate to Jehovah’s Witnesses” na woayi ntoboa wɔ hɔ. Wubetumi de krɛdit kaad, dɛbit kaad, bank transfɛɛ, ne abɛɛfo kwan afoforo ayi ntoboa wɔ hɔ. b Yehowa Adansefo binom ‘yi biribi sie’ anaa wotwa sika bi to hɔ a wɔde yi ntoboa. Nea wɔyɛ ne sɛ, wɔyɛ ho nhyehyɛe to hɔ sɛ bosome biara wɔmfa akwan a yɛakyerɛ no bi so ntew saa sika no mfi wɔn sika mu.—1 Korintofo 16:2.

  •   Akyɛde: Akwan a wɔfa so yi ntoboa no, ebi wɔ hɔ a, ehia sɛ wotena ase susuw ho yɛ ho nhyehyɛe anaa woma mmaranimfo boa wo. Woyɛ nhyehyɛe saa a, ebetumi ama aban atew ɛtow a wutua wɔ wo man mu no so. Nhyehyɛe a obi betumi ayɛ na ɔde akyɛde bi aboa bere a ɔda so te ase anaa ne wu akyi no, nnipa pii abisa ho asɛm, na mmuae a wonyae no aboa wɔn ama wɔasisi gyinae pa. Sɛ wopɛ sɛ wofa akwan a edidi so yi mu biara so yi ntoboa a, yɛsrɛ wo, wo ne Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ wo man mu no nni nkitaho:

    •   sika a ɛda sikakorabea

    •   nsiakyibaa ne pɛnhyen sika

    •   adan ne nsaase

    •   adwuma mu kyɛfa ne sika a wɔde bɔ bosea (stocks and bonds)

    •   krataa a obi yɛ de kyɛ n’agyapade ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so (wills and trusts)

 Sɛ wopɛ sɛ wuhu akwan foforo a wobɛfa so ayi ntoboa wɔ wo man mu a, kɔ jw.org na kɔ ɔfã a yɛato din “Donate to Jehovah’s Witnesses” no.

a Ebinom wɔ hɔ a, wɔnyɛ Yehowa Adansefo nanso wɔn ani gye ho sɛ wobeyi biribi de aboa yɛn adwuma no.

b Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Sɛnea Yɛbɛfa Abɛɛfo Afiri so Ayi Ntoboa.