Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afei De, Manya Ahotɔ A Edi Mũ!

Afei De, Manya Ahotɔ A Edi Mũ!

Afiasehwɛfo biako de serew ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Mo de, obiara mpɛ mo, enti ɛha yi ara na mobɛtena.” Ɛyɛɛ dɛn na Russiafo abusua a yɛpɛ adwuma ne asomdwoe yi kopuee afiase wɔ North Korea wɔ 1950 mu bere a na Wiase Ko II no atwam bɛyɛ mfe anum?

MEHWƐ me nkrataa mu a, wɔwoo me 1924. Wɔwoo me wɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Shmakovka a ɛwɔ Russia Apuei fam pɛɛ, na ɛne China bɔ hye.

Baabi a wɔwoo me: Akuraa bi a wɔfrɛ no Shmakovka, ɛwɔ Primorskiy Kray, Russia Apuei fam pɛɛ

Da bi, akobɔfo bi bɛfaa me papa ne me nuanom mmarima mpanyimfo kɔe, na Maame anhu wɔn bio. Ɛkaa ɔne mmofra bebree wɔ fie hɔ, na na nea yebedi koraa ho yɛ den. Ɔdomfoɔ bi a ɔte bɛn yɛn kae sɛ ɔde yɛn, mmofra no bɛkɔ Russia Ortodɔks asɔre no nnyankafie akɔka sɛ Maame aguan agyaw yɛn.

Maame penee nea owura no kae no so, anyɛ saa a anka ɔkɔm bekum me ne me nuanom mmofra a aka no. Seesei a madi boro mfe 80 yi, mahu sɛ anka Maame amfa yɛn ankɔ nnyankafie hɔ a, anka enye. Ebia ɛno na egyee yɛn nkwa. Nanso nea Maame yɛe no da so haw me.

Bere a me ne Ivan waree, afe 1941

Afe 1941 mu no, mitu kɔtenaa Korea, na mewaree Russiani ɔyamyefo bi a wɔfrɛ no Ivan. Yɛwoo yɛn babea Olya wɔ Seoul, Korea wɔ afe 1942 mu. Yɛn babarima Kolya nso, yɛwoo no afe 1945 mu, na yɛwoo ne nuabarima Zhora afe 1948 mu. Yebuee sotɔɔ maa me kunu tenaa ano, na me nso mepompam nneɛma wɔ fie. Esiane sɛ Japanfo na na wɔte Seoul nti, ɛwom sɛ na yɛka Russia kasa wɔ fie de, nanso yɛn mma no suaa Japan kasa. Ansa na 1950 reba no, na asomdwoe wɔ Sovietfo, Amerikafo ne Koreafo a wɔwɔ Seoul no ntam. Ná wɔn nyinaa tɔ nneɛma wɔ yɛn sotɔɔ mu.

North Koreafo Kyeree Yɛn

Nneɛma sesaa prɛko pɛ wɔ afe 1950 mu. North Korea asraafo faa Seoul kurow no. Yɛantumi anguan, enti yɛne afoforo a wofi aman foforo so a yɛnyɛ asraafo no, wɔkyeree yɛn nyinaa. Nneduafo no, na ebinom yɛ Britain, Russia, Amerika ne France akofo a wɔakyere wɔn, na wɔde yɛn nyinaa kyinkyin North Korea mmeaemmeae; wɔyɛɛ yɛn saa mfe abiɛsa ne fã. Baabi a yɛde yɛn ti to a ɛyɛ yiye biara, na wɔma yɛsoɛ hɔ, na na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na atopae a wɔretoto no bi anka yɛn.

Afie a na yɛkɔsoɛ mu no bi wɔ hɔ a, na ɛwɔ gya a etumi ma dan mu yɛ hyew awɔwbere mu, na ɛtɔ da a na wɔma yɛn aduan a ɛbɛso yɛn. Nanso mpɛn pii no, na atoko nko ara na wɔde ma yɛn di, na na yɛda adangow mu ma awɔw de yɛn. Ná aduan ho yɛ den na na wɔnte wɔn ani nso nhwɛ yɛn yiye, enti ɛmaa nnipa no bebree wuwui. Sɛ mihu sɛ biribi haw mmofra no a, na me ho yeraw me. Saa afe no, awɔw baa North Korea ntɛm. Mekae sɛ, sɛ saa bere no du a, metena gya ho anadwo mũ nyinaa tõ abo de ka mmofra no ho hyew.

Sɛ edu ahohoro bere a, na Koreafo no bi kyerɛ yɛn nnuaba ne nhaban a nnipa tumi di,  enti yɛte yɛn ho gu wuram kɔpɛ nhaban, nnuaba bi te sɛ bobe, ne mmire. Biribiara kyerɛ sɛ na kurom hɔfo no ntan yɛn, na mmom na yɛn asɛm yɛ wɔn mmɔbɔ. Ná yɛn aduan nso yɛn, enti misuae sɛ mɛkyere mpɔtorɔ de ayɛ aduan. Ná me mma no taa srɛsrɛ mpɔtorɔ, na sɛ mete a, ɛhaw me paa.

Da bi wɔ October mu no, wɔkaa yɛn nyinaa sii kwan so sɛ yɛnnantew nkɔ Manp’o. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ayarefo ne mmofra no de, wɔde wɔn begu nteaseɛnam mu. Ná Olya ne ne papa nam fam di dɔm no mu. Me ne mmofra nkumaa no twɛnee ara sɛ nteaseɛnam no bɛba. Nteaseɛnam no bae.

Wɔhyehyɛɛ nneduafo a wɔyare no guu nteaseɛnam no mu te sɛ sardine. Ná ani yɛ nyan! Ná Zhora hyɛ m’akyi ketekete, enti meyɛe sɛ merepɛ baabi de Kolya ahyɛ wɔ nteaseɛnam no bi mu, nanso ɔde su kae sɛ: “Mama, Mama, me ne wo bɛfa fam! Mesrɛ wo, nnyaw me hɔ!”

Kolya de ne nsa biako soo m’atade mu denneennen tuu mmirika dii m’akyi. Wɔbɔɔ nneduafo no bebree tuo, na awerɛhosɛm yi kɔɔ so nna pii. Kwaakwaadabi tu dii akyi sosɔw nnipa funu a egugu hɔ no. Me ne me kunu ne Olya ne mmofra a aka no nyinaa san hyiae. Yesui na yɛyɛɛ yɛn ho atuu. Saa anadwo no misii pɛ tõõ abo. Esiane sɛ afei de, na mede reka me mma no nyinaa ho hyew nti, na me koma atɔ me yam.

Afe 1953 no, na yɛbɛn baabi a North Korea ne South Korea bɔ hye, na ɛhɔ de, nneɛma yɛɛ yiye kakra. Wɔmaa yɛn ntade ne mpaboa foforo, na wɔmaa yɛn paanoo ne tɔfe mpo. Ankyɛ na wogyaa Britainfo a wɔwɔ yɛn mu no, na afei wogyaa Fransefo no nso. Yɛn de, na wonnye yɛn ntom sɛ yefi ɔman biara mu. Nneduafo no nyinaa kɔe ma ɛkaa yɛn nkutoo. Yesui araa ma na yentumi nnidi mpo. Saa bere no na Korea afiasehwɛfo no kaa asɛm yayaayaw a mede fii m’asɛm yi ase no kyerɛɛ yɛn.

 Yɛhyɛɛ Ɔbra Ase Bio Wɔ United States

Ankyɛ na biribi a yɛnhwɛ kwan sii; wɔde yɛn twa kɔɔ South Korea. Amerika asraafo mpanyimfo bisabisaa yɛn nsɛm, na ɛno akyi no, wɔmaa yɛn kwan sɛ yebetumi akɔtena United States. Yɛfaa po so hyɛn kɔɔ San Francisco, California, na ɛhɔ na adɔe kuw bi boaa yɛn. Akyiri yi yetu kɔtenaa Virginia, na amannifo bi a wɔwɔ hɔ boaa yɛn ma yegyinaa yɛn nan so bio. Afei yetu kɔtenaa Maryland kɔhyɛɛ ɔbra ase bio wɔ hɔ.

Me ne me kunu ne yɛn mma baanu, afe 1954

Nneɛma nketenkete bi te sɛ afiri a wɔde prapra dan mu mpo yɛɛ ade foforo maa yɛn. Esiane sɛ na yɛakɔtena obi man so nti, yɛyeree yɛn ho yɛɛ adwuma. Nanso ade a mihui a ɛmaa me werɛ howee paa ne sɛ wɔn a na nneɛma rekɔ yiye ma wɔn no bi didii wɔn a wɔaba foforo no ho. Yekodui no, ankyɛ na yehyiaa Russia Ortɔdɔks sɔfo bi, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Ɔman a moaba mu seesei yi de, moanya paa. Sɛ mopɛ sɛ mokɔ mo anim a, ɛnsɛ sɛ mo ne mo kuromfo bɔ.” Me ho dwiriw me papa. Enti ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛboa afoforo?

Afe 1970 mu no, Bernie Battleman a na ɔyɛ Yehowa Dansefo no baa yɛn fie bɛkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ yɛn. Ná onsuro ade, na na ɔyɛ penpen te sɛ yɛn. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ kyɛe. Esiane sɛ minyinii wɔ Ortɔdɔks asɔre no nnyankafie nti, na asɔre no nkyerɛkyerɛ nyinaa gu me tirim. Nanso manso dae da sɛ menya m’ankasa me Bible! Bernie brɛɛ yɛn biako na ɔkae sɛ: “Medɔ mo nti na mabrɛ mo Bible yi.” Ɔde Ben nso kyiaa yɛn. Ben yɛ Belarusni Ɔdansefo bi a ɔte Russia kasa.

Ben ne ne yere tɔɔ wɔn bo ase de Bible no buaa me nsɛmmisa. Me de, na minim sɛ Adansefo no kyinkyim kyerɛw kronkron no. Ade a ɛhyɛɛ me abufuw koraa ne sɛ na wɔn nhoma ahorow no ka sɛ Maria woo mma foforo kaa Yesu ho, nanso na m’asɔre nkyerɛ me saa.

Mefrɛɛ m’adamfo bi a ofi Poland, na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ Mateo 13:55, 56 wɔ ne Poland Bible mu. Bere a ɔkenkan hɔ kyerɛɛ me no, me ho dwiriw me sɛ metee sɛ ampa na Yesu wɔ nuanom nkumaa! M’adamfo no nso frɛɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ Mmarahyɛ Baguafie Nhomakorabea a ɛwɔ Washington, D.C. no sɛ ɔno nso nhwɛ saa kyerɛwsɛm no wɔ Bible nkyerɛase a ɛwowɔ hɔ nyinaa mu. Ɔkae sɛ  ne nyinaa ka asɛm koro no ara sɛ: Ná Yesu wɔ nuanom mmarima ne mmea!

Ná mewɔ nsɛmmisa bebree. Ebi ne sɛ: Adɛn nti na mmofra wu? Adɛn nti na aman ne wɔn ho reko? Adɛn nti na nnipa a wɔka kasa biako mpo nte wɔn ho ase? Sɛnea wɔde Bible maa me mmuae no maa me koma tɔɔ me yam. Mihui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa behu amane. Bere a misuae sɛ mɛsan ahu adɔfo a wɔawuwu wɔ akodi pii mu no, m’ani gye boroo so. Nkakrankakra, mibehui sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa.

Da koro, na migyina m’ahoni anim resrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me babarima a wakɔko wɔ Vietnam aba ama n’adwene atu afra no. Ɛhɔ ara na mekaee sɛ Onyankopɔn teasefo Yehowa na ɛsɛ sɛ mebɔ no mpae, na ɛnyɛ ahoni. Miyiyii ahoni no, na mihui sɛ wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ kwa; ɛnka hwee. Metɔɔ ahoni no wɔ asɔre, nanso saa anadwo no ara mesɛee ne nyinaa.

Ná ɛyɛ den sɛ megyae asɔre a makɔ fi me mmofraase no. Nanso na nea masua afi Bible mu no som bo ma me sen biribiara. Afe biako akyi no, me ne me kunu ne me babea kɔɔ Russia Ortodɔks sɔfo no nkyɛn. Merekɔ no mede nhoma a makyerɛkyerɛw Bible nsɛmmisa bi agu mu de kyerɛw nsɛm bi ahyehyɛ ase kɔe. Merekenkan kyerɛwsɛm no, ɔsɔfo no wosow ne ti kae sɛ, “Moayera.” Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ mma yennsi ne fie hɔ bio.

Asɛm a esii yi kaa me babea Olya a ɔpɛ mfeefeemu na biribi tɔ ne tirim a na aka no paa. Ɔno nso fii ase hwehwɛɛ Bible mu kɔɔ akyiri, na ankyɛ na ofii ase ne me kɔɔ Adansefo no nhyiam ahorow. Mebɔɔ asu 1972, na afe a edi hɔ no, Olya nso bɔɔ asu.

Asɛm a na Yɛn Abusua De Yɛ Adwuma

Migyina me mfikyifuw mu wɔ Maryland, U.S.A., bɛyɛ afe 1990

Asɛm a na yɛtaa ka ne sɛ, Nea mmoa adi no, wonni nkɔ; nea aka na yɛrebɔ ho ban. Saa asɛm no nti sɛ yehu biribi foforo na yegye tom sɛ eye a, ntɛm ara na yɛaso mu. Bere a me ne me babea no benyaa Onyankopɔn ho dɔ no, yɛn ani gyee ho paa sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo afie akɔka nea yɛresua no bi akyerɛ wɔn. Ade biako a na ɛwɔ me ho ne sɛ na meyɛ penpen dodo, enti ɛtɔ mmere bi na merekasa a, gye sɛ obi ba mu bɛteɛteɛ no. Nanso eduu baabi no, nnipa a wofi mmaa nyinaa a wɔn nso pɛ asetena pa no, mihuu sɛnea mɛkasa akyerɛ wɔn.

Mfe bi akyi no, na me ne me babea no taa ka sɛ nneɛma mu gow wɔ Russia a, yɛbɛkɔ hɔ akɔboa nnipa a wɔte sɛ yɛn ama wɔasua Onyankopɔn ho ade. Ampa ara efi afe 1990 rekɔ no, nneɛma mu gowee, na Olya de saa asɛm no yɛɛ adwuma. Otu kɔɔ Russia, na ɔde mfe 14 yɛɛ bere nyinaa som adwuma wɔ hɔ. Ɔne nnipa bebree suaa Bible, na ɔboa ma wɔkyerɛɛ Bible nhoma ase fii Borɔfo kasa mu kɔɔ Russia kasa mu wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea a ɛwɔ Russia no.

Seesei maka mpa mu, nanso me mma no mma biribiara nhia me. Meda Onyankopɔn ase sɛ m’amanehunu nyinaa akyi no, wama manya ahotɔ a edi mũ. Mahu sɛ oguanhwɛfo Dawid nsɛm a ɛwɔ Nnwom nhoma mu no yɛ nokware: “[Onyankopɔn] de me kɔ homebea a nsu pii wɔ. Odwudwo me kra. Ɔde me fa ɔkwantrenee so, ne din nti.”—Dwom 23:2, 3. *

^ nky. 29 Bere a wogu so rekyerɛw Maria Kilin anom asɛm yi aba Ɔwɛn-Aban mu no, owui March 1, 2010.