Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mmere Mu​—Nnwontofo ne Nneɛma a Wɔde Bɔ Dwom

Bible Mmere Mu​—Nnwontofo ne Nneɛma a Wɔde Bɔ Dwom

Bible Mmere Mu​—Nnwontofo ne Nneɛma a Wɔde Bɔ Dwom

“Monhyɛn abɛn mfa nyi [Onyankopɔn] ayɛ. Momfa sanku ne sankuten nyi no ayɛ. Momfa mpintin ne asaw nyi no ayɛ. Momfa asanku ne abɛn nyi no ayɛ. Momfa nnawuta nnyigyei dɛdɛ nyi no ayɛ. Momfa nnawuta mmobom nyi no ayɛ.”—DWOM 150:3-5.

EFI tete na wɔde nnwonto ne nnwontofo adi dwuma kɛse wɔ Yehowa Nyankopɔn som mu. Enti bere a Yehowa faa anwonwakwan so gyee Israelfo wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, Mose nuabea Miriam dii mmea no anim too nkonimdi dwom na wɔsawee. Wɔresaw nyinaa na wɔrebɔ mpintin. Nea esii no ma yehu sɛ na nnwom ho hia Israelfo no paa, efisɛ afei ara na na wɔanya wɔn ho atetew afi Egypt asraafo no nsam, nanso na mmea no bebree kurakura nnwonto nneɛma a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ. (Exodus 15:20) Akyiri yi, Ɔhene Dawid yɛɛ nhyehyɛe maa nnwontofo mpempem pii de nnwinnade bɔɔ dwom bere a na wɔresom wɔ ntamadan no mu no. Saa nhyehyɛe no toaa so wɔ asɔrefie a ne ba Solomon sii no mu.—1 Beresosɛm 23:5.

Dɛn na wɔde yɛɛ nnwinnade yi? Ná ɛte dɛn? Ná ne nnyigyei te dɛn? Bere bɛn na na wɔde di dwuma?

Nnwonto Nneɛma Ahorow

Nnwonto nneɛma a Bible ka ho asɛm no, nneɛma a na wɔde yɛ no bi ni: dua pa, aboa nhoma a awo, dade, dompe ne aboa abɛn. Ná wɔde asonse sɛm ebi mu. Wɔde asaawa ne aboa nsono na ɛyɛɛ ɛho nhama. Ɛnnɛ, nnwinnade no mu dodow no ara bi nni hɔ bio, nanso ne mfonini wɔ hɔ.

Nnwonto nneɛma a Bible ka ho asɛm no, yebetumi akyekyɛ mu abiɛsa: nea wɔbɔ wɔ ahama so te sɛ sanku ne sankuten (1), ɛnna sankuwa (2); nea wɔhyɛn te sɛ abɛn (3), torobɛnto (4), atɛntɛbɛn a nkurɔfo ani gye ho paa no (5); nea wɔboro mu te sɛ mpintin (6), nnɔnnɔmma (7), nnawuta (8), adɔmma (9). Ná nnwontofo bɔ nnwinnade no de gyigye anwensɛm ne nnwom ho na nkurɔfo de saw. (1 Samuel 18:6, 7) Nea na ɛho hia kɛse ne sɛ, na wɔde nnwonto no som Onyankopɔn a ɔde nnwonto akyɛde no maa wɔn no. (1 Beresosɛm 15:16) Ma yensusuw nnwinnade no mu biara ho kakra.

Nnwonto Nneɛma a Wɔbɔ Wɔ Ahama So Sanku ne sankuten yɛ nnwinnade a emu yɛ hare a ne kura nyɛ den, na na wɔde dua na ɛyɛ na nhama hyehyɛ mu. Dawid bɔɔ sanku de dwudwoo Ɔhene Saul a na ne kra abotow no. (1 Samuel 16:23) Bere a na wɔrehyira Solomon asɔrefie no so no, nnwontofo no bɔɔ saa nnwinnade yi, na anigye bere foforo te sɛ afahyɛ nso, na wɔbɔ.—2 Beresosɛm 5:12; 9:11.

Sankuwa no te sɛ sanku, na mmom ɛsono sɛnea wɔanwene no. Nhama kakraa bi na ɛwɔ n’adaka no so, na wɔbɔ a egyigye gu adaka no mu. Ebetumi aba sɛ na ɛso nhama no gyigye dɛdɛɛdɛ te sɛ guitar a ɛwɔ hɔ nnɛ no. Wɔde asaawa a wɔanwene anaa aboa nsono na ɛyɛɛ ɛso nhama no.

Nnwonto Nneɛma a Wɔhyɛn Wɔtaa ka nnwonto nneɛma yi ho asɛm wɔ Bible mu. Nea akyɛ paa no biako ne Yudafo abɛn bi a wɔfrɛ no shofar a na wɔde odwennini abɛn na ɛyɛ no. Odwennini abɛn a wɔatu mu tokuru yi gyigye denneennen ma wɔte no akyirikyiri. Sɛ Israelfo no kɔ ɔko a, na wɔhyɛn shofar no de boaboa asraafo ano, na sɛ wɔpɛ sɛ ɔman no yɛ biribi a, ɛno na na wɔhyɛn de bɔ wɔn nkae.—Atemmufo 3:27; 7:22.

Nnwonto nneɛma a na wɔhyɛn no biako nso ne dade torobɛnto. Nhoma bi a wohui sɛ ɛka Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee ho no kyerɛ sɛ na nnwontofo tumi de saa nnwinnade yi bɔ nnyigyei ahorow ahorow ma ɛyɛ nwonwa. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa dwetɛ nyɛ ntorobɛnto abien a wɔde bedi dwuma wɔ ntamadan no mu. (Numeri 10:2-7) Akyiri yi a wɔrebue Solomon asɔrefie no ano no, nnipa 120 hyɛn ntorobɛnto wɔ dwumadi no ase. (2 Beresosɛm 5:12, 13) Ná adwumfo tumi yɛ ntorobɛnto nketewa ne akɛse. Sɛ wosusuw fi ti kosi ti a, ebi tenten bɛboro sɛntimita 91 (anammɔn 3).

Abɛn biako a na Israelfo no ani gye ho paa ne atɛntɛbɛn. Ne dɛ no maa wɔn a na wɔkɔ abusua nhyiam, apontow ne ayeforohyia no dii ahurusi kɛse. (1 Ahene 1:40; Yesaia 30:29) Ná nnwontofo bɔ atɛntɛbɛn nso wɔ ayi ase de gyam nea wawu no (hwɛ kratafa 14).—Mateo 9:23, Akuapem Twi Bible.

Nea Wɔboro Mu Sɛ Israelfo redi afahyɛ a, na wɔde nnwonto nneɛma ahorow ahorow a wɔboro mu di dwuma. Sɛnea na egyigye no tumi kanyan nkurɔfo paa. Wɔde aboa nhoma a awo na na ɛyere mpintin, na sɛ odwontofo no anaa nea ɔresaw no de ne nsa bom a, na egyigye te sɛ kyene. Sɛ odwontofo no wosow mpintin no a, adɔmma a ɛsensen ho no wosow dɛdɛɛdɛ.

Nnwonto nneɛma a wɔboro mu no biako nso ne nea wɔfrɛ no nnɔnnɔmma no. Wɔde dade yɛ no kɔntɔnkrɔn, na ɛwɔ nsa; nnade no bi beabea mu, na nnade nketenkete nso sensɛn nea ɛbeabea mu no so. Sɛ wɔwosow nnɔnnɔmma a, egyigye dɛdɛɛdɛ.

Nnawuta de, kɔbere mfrafrae na na wɔde yɛ, na ne nnyigyei ano yɛ den mpo kyɛn nnɔnnɔmma. Nnawuta te sɛ mpaawa, ebi yɛ nketewa na ebi yɛ akɛse. Akɛse no, na wɔde bom ma egyigye denneennen. Nnawuta nketewa no de, na wotumi de wɔn nsateaa abien bɔ no dɛdɛɛdɛ. Ná nketewa ne akɛse no nyinaa ano yɛ den, nanso ɛsono sɛnea ebiara gyigye.—Dwom 150:5.

Wodi Tetefo no Anammɔn Akyi

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo kɔ asafo nhyiam a, wɔde nnwom fi ase na wɔde nnwom awie. Sɛ wɔkɔ nhyiam akɛse nso a, apaawa so nnwom a wɔbɔ ma wɔto di akyi no, nneɛma a wɔde abɔ no bi yɛ nnɛɛmmafo nnwinnade a wɔde ahama ayɛ, nea wɔhyɛn, ne nea wɔboro mu.

Sɛnea Adansefo no de nnwom ka wɔn som ho no kyerɛ sɛ wodi tete Israelfo ne tete Kristofo no anammɔn akyi. (Efesofo 5:19) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no suasua Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete mmere no, na wɔnwene nsɛm de to dwom yi Yehowa ayɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

(Ɛnyɛ sɛnea nnwinnade no akɛse te ni)

(Hwɛ nhoma no mu)