Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ W’anim Tee na “W’anammɔn Kwan Nyɛ Toromtorom”

Hwɛ W’anim Tee na “W’anammɔn Kwan Nyɛ Toromtorom”

ONYANKOPƆN nkurɔfo fii Babilon bɛyɛ mfe 537 ansa na Kristo reba. Bere a wɔrekɔ no, na Yehowa pɛ sɛ wonya kwan pa fa so kɔ Yerusalem. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munsiesie ɔman no kwan. Muntu ngu so, muntu dɔte ngu so nyɛ ɔtempɔn no. Munyiyi ɛso abo nyinaa.” (Yes. 62:10) Bere a Yudafo no tee asɛm no, wususuw sɛ wɔyɛɛ wɔn ade sɛn? Ebia wɔn mu binom dii wɔn nuanom anim kosiesiee kwan no. Baabi a ayɛ mmonkyemmɔnka ne apɔwapɔw nyinaa wosiesiee ma ɛyɛɛ toromtorom. Eyi boaa wɔn nuanom a wodi wɔn akyi reba no.

Yebetumi de eyi atoto yɛn som ho. Seesei akɔyɛ sɛ nea yɛnam kwan bi so pɛ sɛ yedu yɛn botae ho. Yehowa mpɛ sɛ n’asomfo suntisunti anaa wɔwatiriw hwe ase wɔ kwan no so. Ɔde Bible tu yɛn fo sɛ: “W’anammɔn kwan nyɛ toromtorom, na ma w’akwan nyinaa nsi pi.” (Mmeb. 4:26) Mpanyin ne mmofra nyinaa behu sɛ nyansa wɔ afotusɛm yi mu.

SI GYINAE PA FA SIESIE KWAN NO

Ebia woate sɛ nkurɔfo reka sɛ: ‘Ababaa yi deɛ ne ti di boa no paa,’ anaa ‘Aberante yi aben paa.’ Ɛyɛ nokware, mmabun wɔ ahoɔden, wɔn adwene kyere nsɛm ntɛmntɛm, na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim. Bible kae a ɛmmoa sɛ “mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden.” (Mmeb. 20:29) Enti sɛ aberante anaa ababaa de ne nimdeɛ anaa n’ahoɔden som Yehowa a, hokwan pii bebue ama no, na emu anigye remmɔ no da.

Wiase a yɛwɔ yi, nnipa pɛ mogya-mono, enti sɛ wonya aberante anaa ababaa a waben wɔ biribi mu a, wonnsi no fam koraa. Sɛ yɛn nua kumaa bi bɔ mmɔden wɔ sukuu mu a, ebia akyerɛkyerɛfo anaa ne mfɛfo sukuufo betutu agu n’asom sɛ ɔntoa so nkɔ sukuupɔn na asi no yiye. Anaa hwɛ yɛn nua kumaa bi a ɔbɔ mmɔden wɔ agodie te sɛ bɔɔlbɔ anaa mmirikatu mu. Nnipa bi bɛpɛ sɛ wɔdaadaa no ma ɔde ne ho hyɛ mu fee. Biribi saa ato wo pɛn, anaa  wunim obi a biribi saa ato no? Dɛn na ɛbɛboa Kristoni ma wasi gyinae pa?

Bible betumi aboa wo ma woahu ɔkwan pa a wobɛfa so. Ɔsɛnkafo 12:1 ka sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem.” Ɔkwan bɛn na wo anaa ɔbabun bi bɛfa so ‘akae yɛn Bɔfo Kɛse no’?

Gye bere susuw Eric * asɛm yi ho hwɛ. Ɔwɔ Afrika Atɔe fam, na na ɔpɛ bɔɔlbɔ paa. Enti woyii no sɛ ɔmmɔ bɔɔl mma ne man. Saa bere no na wadi mfe 15, na na obenya hokwan akɔ Europa ma wɔatete no bɔɔlbɔ mu. Ebia edidi mu ara obenya hokwan abɔ bɔɔl ama bɔɔlbɔ kuw a agye din. Nanso saa bere no ara mu na Yehowa Adansefo ne Eric fii ase suaa Bible. Ɛnde, afotu a ese ‘yɛnkae yɛn Bɔfo Kɛse’ no ba asɛm no mu sɛn? Na sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a, dɛn na wo anaa w’adamfo betumi asua afi asɛm no mu?

Bere a Eric gu so resua Bible no, ohui sɛ yɛn Bɔfo no beyi adesamma haw nyinaa afi hɔ. Ɛnde, dɛn na ɔbɛyɛ? Ohui sɛ ehia sɛ ɔde ne bere ne n’ahoɔden yɛ nea Onyankopɔn pɛ. Ogye toom sɛ eyi yɛ nokwasɛm a ɔrentumi mmu n’ani ngu so, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde bɔɔlbɔ no bɛso ho ara. Mmom ɔbɔɔ asu, na ɔyeree ne ho nyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu. Ɛwom ara na wɔpaw no asafo mu somfo, na akyiri yi onyaa hokwan kɔɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no bi.

Sɛ Eric dii bɔɔl akyi a, anka ebia obenya ne ho na wagye din. Nanso ɔkaee Bible mu asɛm yi: “Ɔdefo ahonyade ne ne kurow a ɛyɛ den, ɛte sɛ ɔfasu a ɛyɛ den wɔ n’ani so.” (Mmeb. 18:11) Enti sɛ obi adwene yɛ no sɛ sika na ɛbɛma n’asom adwo no a, na ɔredaadaa ne ho. Bio nso wɔn a wobiri wɔn mogya ani hwehwɛ sika no ‘de yaw bebree wowɔ wɔn ho nyinaa.’—1 Tim. 6:9, 10.

Anigyesɛm ne sɛ mmerante ne mmabaa bebree de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na wɔahu sɛ ɛyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam. Tie Eric anom asɛm: “Sɛ Yehowa asomfo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no yɛ bɔɔlbɔ kuw a, anka mɛka sɛ ɛyɛ kuw a ɛsõ na emu yɛ anigye paa. Kuw a ɛsɛ sɛ medɔm ara ni, na meda Yehowa ase sɛ wama mahu ɔkwan baako pɛ a ɛma obi ani gye na odi yiye wɔ asetenam.”

Wo nso ɛ? Wunnye ntom sɛ, sɛ wode wo ho hyɛ akwampae adwuma no mu a, “w’akwan” bɛyɛ toromtorom wɔ Yehowa anim? Wunnye ntom sɛ eyi na ɛsɛ sɛ wode si w’ani so sen sɛ wobɛma wiase mu nneɛma akɛse akɛse atwetwe wo?—Hwɛ adaka a wɔato din “ Manya Biribi a Sukuupɔn Ntumi Mfa Mma Me.”

MMA BIRIBIARA NNSIW WO KWAN

Bere bi onua bi ne ne yere kɔsrasraa United States Betel, na wohui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no ani agye paa sɛ wɔanya hokwan resom Yehowa wɔ Betel. Akyiri yi ɔbaa no kae sɛ ohui sɛ ɔne ne kunu adwudwo wɔn ho dodo. Enti wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ nsakrae na wɔanya bere ne ahoɔden de ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu.

Na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae pii wɔ wɔn asetenam, nanso eduu baabi no, na ɛyɛ wɔn sɛ gyama wɔahããhãã wɔn ani dodo. Afei, da bi a wɔreyɛ daa asɛm no, wogyee bere susuw kyerɛwsɛm no ho. Na ɛyɛ Yohane 8:31. Yesu asɛm a ɛwɔ hɔ se: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa.” Bere a wosusuw ho wiei no, wɔkae sɛ: “Nea yɛwɔ biara yɛde bɛbɔ afɔre ama yɛn asetena ayɛ wɛ; eyi nyɛ ade a ɛboro so.” Enti wɔtɔn wɔn fie kɛse bi, na woyii nneɛma bi a ayɛ wɔn so nnesoa no gui, na wotu kɔɔ asafo bi mu kɔboaa wɔn. Seesei a yɛrekasa yi wɔyɛ akwampaefo, na wɔsan boa ma wosisi Ahenni Asa, na edu amantam nhyiam so a, wotu wɔn ho ma. Eyi nyinaa ka wɔn sɛn? Wɔkae sɛ: “Yɛatwitwa nneɛma so ma yɛn asetena ayɛ wɛ, na nea esi yɛn ani so ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa ahyehyɛde no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ. Anokwa, eyi ama yɛn ani agye; ɛyɛ a na yɛn ho adwiriw yɛn mpo.”

HWƐ W’ANIM TEE, MMA BIRIBIARA NTWETWE WO

Solomon kyerɛw sɛ: “Ma w’aniwa nhwɛ tẽẽ na gyen w’ani hwɛ w’anim tẽẽ.” (Mmeb. 4:25) Yɛte sɛ drɔbani a osi sitia anim; ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn anim tee. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara twetwe yɛn na yeyi yɛn adwene fi honhom fam nneɛma so.

Nneɛma bɛn na wopɛ sɛ wutumi yɛ wɔ Yehowa som mu? Sɛ wutumi yɛ bere nyinaa som adwuma no a, anka ɛyɛ asɛmpa. Ebia asafo bi wɔ mo mpɔtam  hɔ a wɔn asasesin sõ, nanso wonni adawurubɔfo pii. Wubetumi akɔboa wɔn anaa? Ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na asafo bi wɔ adawurubɔfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden, nanso mpanyimfo ne asomfo a ɛwɔ hɔ sua. Sɛ wuhu no saa a, wubetumi akɔboa wɔn anaa? Wubetumi ne ɔmansin sohwɛfo asusuw ho. Sɛ nso wopɛ sɛ wutu kwan kɔ akyiri kakra kɔboa asafo bi a wohia mmoa a, wubetumi abisa ho asɛm. *

Ma yɛnsan nkɔ asɛm a na yɛresusuw ho wɔ Yesaia 62:10 no so. Ebia Yudafo no bi yɛɛ adwumaden de siesiee kwan no maa Onyankopɔn nkurɔfo faa so kɔɔ wɔn kurom dwoodwoo. Sɛ wo nso wode botae bi asi w’ani so na worebɔ mmɔden sɛ wubedu ho a, mpa abaw. Onyankopɔn bɛboa wo ma woatumi ayɛ nea esi w’ani so no. Srɛ Yehowa daa sɛ ɔmma wo nyansa na woatumi ayi akwanside biara afi w’akwan mu. Afei wubehu sɛ ɔbɛboa wo ma ‘w’anammɔn kwan ayɛ toromtorom.’—Mmeb. 4:26.

^ nky. 8 Wɔasesa din no.

^ nky. 18 Hwɛ nhoma a wɔato din Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kratafa 111-112.