Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ka Ogye Ho Asɛm Kyerɛ Nnommum’

‘Ka Ogye Ho Asɛm Kyerɛ Nnommum’

‘Ka Ogye Ho Asɛm Kyerɛ Nnommum’

BERE a Yesu hyɛɛ n’asɛnka adwuma ase no, ɔkae sɛ n’adwuma no fã bi ne sɛ ‘ɔbɛka ogye ho asɛm akyerɛ nnommum.’ (Luka 4:18) Nokware Kristofo suasua wɔn Wura, enti wɔn nso wɔka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ “nnipa ahorow nyinaa” ma nnommum nya honhom fam ogye ma wɔn abrabɔ di mũ.—1 Timoteo 2:4.

Ɛnnɛ, saa adwuma yi fã bi ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ nnommum ankasa anaa nnipa a wɔayɛ bɔne ma wɔde wɔn agu afiase na wɔpɛ sɛ wohu Nyankopɔn no. Kenkan asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo ayɛ no afiase wɔ Ukraine ne Europa aman foforo so no ho asɛm a ɛhyɛ nkuran yi, na w’ani begye.

Wɔn a Wɔnom Nnubɔne Abɛyɛ Kristofo

Serhii * adi mfe 38, nanso ɔde emu mfe 20 ada afiase. Ɛhɔ mpo na owiee sukuu. Ɔka n’asɛm sɛ: “Mfe kakra ni a midii awu ma wɔde me bɛtoo afiase, na meda so da ha. Wɔ afiase ha no, na mipoopoo m’ani kyerɛ nkurɔfo ma enti na nneduafo no bi suro me.” Eyi ma ɔtee nka sɛ wanya ahofadi anaa? Dabi. Nnubɔne ne nsã ne tawa de Serhii yɛɛ akoa mfe pii.

Nea ɛbae ne sɛ ne yɔnko deduani bi kaa Bible mu asɛm kyerɛɛ no. Ɛyɛɛ sɛ nea hann bi atɔ no so. Asram kakraa bi mu no, ogyaee nnubɔnenom bɛkaa asɛmpa no bi na ɔbɔɔ asu. Seesei Serhii nni adagyew koraa wɔ afiase hɔ. Ɔyɛ Yehowa somfo a ɔde ne bere nyinaa reka asɛmpa no. Waboa nneduafo baason ama wɔasakra abɛyɛ ne nuanom a ɔne wɔn resom Nyankopɔn. Wɔayi emu baasia, nanso Serhii da so ara da afiase. Eyi nhaw no efisɛ ɔpɛ sɛ ɔboa ebinom nso ma wobehu Nyankopɔn.—Asomafo Nnwuma 20:35.

Wɔn a Serhii ne wɔn suaa Bible no mu biako ne Victor. Victor yɛ obi a na ɔtɔn nnubɔne san nom bi. Bere a woyii Victor fii afiase no, ɔkɔɔ n’anim wɔ Nyankopɔn som mu ma otumi kɔɔ Asomfo Nteetee Sukuu no bi mpo wɔ Ukraine. Seesei ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw a ɔka asɛmpa no wɔ Moldova. Victor asɛm a ɔka ni: “Midii mfe 8 na mehyɛɛ ase nom sigaret, midii mfe 12 na mebɛyɛɛ kɔwensani, midii mfe 14 na mehyɛɛ ase nom nnubɔne. Ná mepɛ sɛ mesesa m’abrabɔ, nanso meyɛɛ bi ara anyɛ yiye. Afei wɔ afe 1995 mu, bere a na me ne me yere refa adwene sɛ yebetu afi m’ayɔnkofo ahuhufo no nkyɛn no, wudini bi a okunkum nnipa basabasa de sekan wɔɔ me yere kum no. M’asɛm yɛɛ mmɔbɔ papaapa. Ná metaa bisa sɛ: ‘Enti seesei me yere wɔ he? Sɛ obi wu a ɔkɔ he?’ Nanso mannya mmuae biara. Menom nnubɔne pii de kataa m’awerɛhow so. Nnubɔne ho adwuma a na meyɛ no nti na wɔkyeree me kɔtoo afiase mfe anum no. Ɛhɔ na Serhii kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu kyerɛɛ me. Meyɛe ara sɛ megyae nnubɔnenom nanso ankosi hwee. Mmom Bible a misuae no nkutoo na afei de ama magyae nom. Tumi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu paa!”—Hebrifo 4:12.

Awudifo ne Akorɔmfo Werɛmfo Sesa

Vasyl annom nnubɔne da, nanso biribi foforo de no yɛɛ akoa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná mede me nsa ne ma nan nyinaa boro nkurɔfo. Migyae a na ennyae. Misuaa sɛnea mɛboro nkurɔfo nanso wɔn ho baabiara mpira.” Ná Vasyl de ne patapaasɛm no wia nkurɔfo nneɛma. “Wɔde me too mu mprɛnsa, ma enti me yere gyaa me aware. Nea etwa to a wɔde me too mu mfe anum no, mekenkanee Yehowa Adansefo nhoma. Ɛkaa me maa mekenkan Bible, nanso mannyae me koma so ade no—akokoakoko no.

“Nanso bere a mekenkan Bible asram asia no, biribi sesãe wɔ me mu. Sɛ meboro obi mpo a na ɛnyɛ me dɛ bio. Enti mehyɛɛ ase hwɛɛ m’abrabɔ mu de totoo Yesaia 2:4 ho, na mihui sɛ sɛ mansesa m’adwene a mɛda afiase awu. Enti metoo ntɔkwaw no ho biribiara gui na mehyɛɛ ase sɛ meresesa me suban. Ná ɛnna fam, nanso metraa ase dinn dwenee nsɛm ho bɔɔ ho mpae no, mede nkakrankakra gyaee me subammɔne no. Ɛtɔ da bi a na misu srɛ Yehowa sɛ ɔmma me ahoɔden a mede begyae ntɔkwako no. Awiei koraa no, ɛyɛɛ yiye.

“Woyii me fii afiase no, me ne me yere san ka boom bio. Seesei meyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw. Ɛma minya adagyew ne me yere kɔ asɛnka na ɛma minya kwan di m’asɛde ho dwuma wɔ asafo no mu nso.”

Ná Mykola ne ne nnamfo yɛ akorɔmfo werɛmfo a na wɔbɔ korɔn wɔ sikakorabea pii a ɛwɔ Ukraine no mu. Ɛno nti wɔde no kɔtoo afiase mfe du. Ansa na wɔde no rekɔtom no, na wakɔ asɔre pɛnkoro pɛ—a adwene a ɔde kɔe ne sɛ ɔrekɔpɛ ɔkwan a ɔbɛfa so akowia asɔre no sika. Anyɛ yiye amma Mykola, nanso ɛhɔ a ɔkɔe no maa ogye dii sɛ ɛbɛyɛ sɛ asɔfo, kyɛnerɛ ne nyamesom dapɔnna ho nsɛm a ne kan yɛ anihaw na ayɛ Bible mu ma. Ɔka sɛ: “Manhu nea ɛkãã me ma mifii ase kenkan Bible. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, ná ɛnte sɛ nea m’adwene yɛ me no!” Ɔkae sɛ obi ne no mmesua Bible, na ɔbɔɔ asu wɔ afe 1999 mu. Seesei ɔyɛ asafo mu somfo a ɔbrɛ ne ho ase, na sɛ wohwɛ no a, worenka sɛ ɔno ne korɔmfo werɛmfo a na owia sika wɔ sikakorabea no!

Wobuaa Vladimir kumfɔ. Bere a ɔretwɛn ama wɔakokum no no, ɔbɔɔ Nyankopɔn mpae na ɔhyɛɛ bɔ sɛ, sɛ wɔde ne ho kyɛ no a, ɔbɛsom no. Ɛbere no ara mu na wɔsesaa mmara no, enti wɔannya ankum no na mmom wɔkae sɛ ɔnkɔda afiase afebɔɔ. Ɛnam sɛ na Vladimir ahyɛ bɔ nti, ofii ase hwehwɛɛ nokware som. Ɔnam nkrataakyerɛw so suaa Bible maa Adventist asɔre bi maa no abodin krataa, nanso ne bo antɔ ne yam.

Nanso bere a Vladimir kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ afiase hɔ nhomakorabea mu no, ɔkyerɛw krataa kɔɔ Yehowa Adansefo Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Ukraine sɛ obi mmɛsra no. Bere a anuanom a wɔbɛn hɔ kɔsraa no no, na ɔno ara ayɛ ne ho Ɔdansefo reka asɛmpa no wɔ afiase hɔ. Anuanom no boaa no ma ɔfatae sɛ ɔka Ahenni no ho asɛmpa. Seesei Vladimir ne adawurubɔfo baason a wɔn nso da afiase hɔ no retwɛn sɛ wɔbɛbɔ wɔn asu. Nanso asɛm kakra wɔ hɔ. Wɔn a wɔde wɔn agu afiase afebɔɔ no, obiara ne ne som muni na ɛda dan biako mu. Enti wɔn a Vladimir ne wɔn da dan biako mu no nyinaa ne no wɔ som biako mu. Enti hena na wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ no? Wɔka bi kyerɛ afiase awɛmfo no na wɔkyerɛw nkrataa nso.

Nazar tu fii Ukraine kɔɔ Czech Republic, na ɛhɔ na ɔde ne ho kɔbɔɔ akorɔmfo kuw bi. Ɛno nti ɔkɔdaa mu mfe abiɛsa ne fã. Bere a ɔda afiase no, Yehowa Adansefo bi a wofi Karlovy Vary bɛsraa no, ogyee wɔn suaa nokware no, na ɔsesaa ne suban koraa. Awɛmfo no biako hui sɛ Nazar asesa no, ɔka kyerɛɛ nnipa a Nazar ne wɔn te dan biako mu no sɛ: “Sɛ mo nyinaa mubetumi ayɛ sɛ Ukraineni no a, anka nea ɛbɛba ara ne sɛ mɛkɔ akɔpɛ adwuma foforo ayɛ.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Yehowa Adansefo yi aben ampa. Obi di bɔne ma yɛde no to afiase, nanso obefi ha no na wayɛ nipa pa.” Seesei wayi Nazar aba fie. Wasua duadwumfo adwuma, aware, na ɔne ne yere nyinaa atu wɔn ho asi hɔ reka asɛmpa no. Ɔde aseda kɛse ma Adansefo no sɛ wɔbaa ne nkyɛn wɔ afiase!

Adwuma no Asɔ Ani

Ɛnyɛ nneduafo no nko ara na wɔn ani asɔ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no. Afiase a ɛwowɔ Poland no biako nanmusini, Miroslaw Kowalski kae sɛ: “Yɛn ani sɔ wɔn nsrahwɛ no paa. Nneduafo no bi huu amane wɔn mmofrabere mu. Ebia na wɔne wɔn anni no sɛ nnipa. . . . Mmoa [a Adansefo no de ama] no som bo yiye efisɛ yenni nnipa ne akyerɛkyerɛfo dodow a ɛsɛ.”

Afiase a ɛwɔ Poland no biako bi mu panyin kyerɛw kɔɔ Betel adwumayɛbea kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntrɛw adwuma a wɔyɛ wɔ ne hɔ no mu. Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ Ɔwɛn-Aban ananmusifo taa ba ha a, ebetumi aboa nneduafo no ama wɔanya suban pa a ɛbɛma wɔne nkurɔfo atra asomdwoe mu, na ɛbɛtew ntɔkwaw a wotwa wɔn ho ko no so.”

Ukraine koowaa krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ, adwennwene hyɛɛ deduani bi so maa anka ɔrekum ne ho nanso Yehowa Adansefo boaa no. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ: “Seesei owura no de nkakrankakra renya anidaso. Odi afiase mmara so na nneduafo a aka no hwɛ no sua no.”

Ɛnyɛ Afiase Hɔ Nko na Wonya so Mfaso

Ɛnyɛ afiase hɔ nko na wonya Yehowa Adansefo adwuma no so mfaso. Sɛ woyi nneduafo no fi afiase mpo a Adansefo no boa wɔn. Brigitte ne Renate yɛ Kristofo mmea baanu a wɔayɛ adwuma yi mfe pii de aboa mmea a wɔyɛ nneduafo. Germany koowaa krataa, Main-Echo Aschaffenburg, ka Kristofo baanu yi ho asɛm sɛ: “Sɛ woyi nneduafo a wɔyɛ mmea no kɔ fie mpo a wɔsan kɔsra wɔn asram abiɛsa kosi anum hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa botae pa bi nsi wɔn ani so wɔ abrabɔ mu. . . . Aban mpanyimfo agye wɔn atom sɛ nnipa a wɔatu wɔn ho asi hɔ reboa nneduafo a wɔayi wɔn no. . . . Nkitahodi pa da wɔne afiase mpanyimfo no nso ntam.” Saa adwuma yi aboa nnipa pii a kan na wɔyɛ nneduafo no ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa.

Afiase mpanyimfo no mpo nya Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no so mfaso. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ná Roman yɛ ɔsraani panyin wɔ Ukraine afiase bi a ɔno na ɔhwɛ sɛ nneduafo no adwenem da hɔ anaa. Bere a Adansefo kɔsraa no wɔ fie no, ɔpenee so sɛ obesua Bible. Afei obehui sɛ sɛɛ wɔmma Adansefo no kwan mma wɔnkɔ nneduafo no nkyɛn wɔ baabi a ɔyɛ adwuma no. Enti ɔka kyerɛɛ afiase panyin no sɛ ɔpɛ sɛ ɔde Bible nso yɛ nneduafo no ho adwuma. Ɔpenee n’abisade no so, na nneduafo bɛyɛ du ani begyee asɛm no ho. Ná Roman taa ka Bible mu nsɛm pii a ɔresua no bi kyerɛ nneduafo no, na nea ɔyɛe no sow aba pa bebree. Bere a woyii wɔn no, ebinom toaa so kɔɔ wɔn anim bɛyɛɛ Kristofo a wɔabɔ asu. Onyankopɔn Asɛm mu tumi a Roman hui nti, ɔfaa n’adesua no aniberesɛm. Ogyaee sraadi no toaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no so. Seesei ɔne obi a wakɔda afiase pɛn na ɛbom yɛ asɛnka adwuma no.

Deduani bi kyerɛwee sɛ: “Ɛha de, Bible ne Bible ho nhoma ne Bible adesua na ɛwowaw yɛn.” Nsɛm yi ma yehu sɛ afiase binom wɔ hɔ a wohia Bible ho nhoma paa. Asafo bi a ɛwɔ Ukraine ka Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔkɔyɛ wɔ afiase no ho asɛm sɛ: “Ɛhɔ mpanyimfo no ani asɔ nhoma a yɛde ma wɔn no. Yɛde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu biara 60 na ɛma wɔn.” Asafo bi nso kyerɛw sɛ: “Yɛyɛ adwuma wɔ afiase bi a ɛwɔ nhomakorabea nketewa 20. Yɛde nhoma a yɛtaa de kɔ asɛnka no bi gu nhomakorabea biara. Woka ne nyinaa bom a nhoma no dodow yɛ nnaka 20.” Baabi mpo de, awɛmfo no de yɛn nsɛmma nhoma no hyehyɛ ade mu kama wɔ nhomakorabea hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a nneduafo no betumi akan nea ɛbɛba biara.

Wɔ afe 2002 mu no, Betel adwumayɛbea a ɛwɔ Ukraine no buee Dwumadibea a ɛhwɛ nneduafo ho nsɛm so. Ɛde besi nnɛ no, wɔne afiase mmiako mmiako 120 na adi nkitaho, na wɔde ahyɛ asafo binom nsa ma wɔreyɛ mu adwuma. Ɔsram biara wɔn nsa ka nkrataa bɛyɛ 50 fi nneduafo hɔ a wɔn mu dodow no ara pɛ sɛ wɔbrɛ wɔn nhoma anaasɛ wɔne wɔn besua Bible. Wɔde nhoma ne nsɛmma nhoma ne nhomawa kɔma wɔn kosi sɛ anuanom a ɛbɛn hɔ no bɛkɔ hɔ.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Monkae wɔn a wɔagu wɔn mpokyerɛ no.” (Hebrifo 13:3) Wɔn a wɔn gyidi nti na wogu afiase no ho asɛm na na ɔreka. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo dwene wɔn a wɔde wɔn agu afiase no ho, wɔkɔsra wɔn na ‘wɔka ogye ho asɛm kyerɛ nnommum.’—Luka 4:18.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔasesa din no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Afiase ban a ɛwɔ L’viv, Ukraine

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mykola

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Vasyl ne ne yere Iryna

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Victor